Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -

Hiob 24 - New Revised Asante Twi Bible


Adɛn nti na Onyankopɔn ntea abɔnefoɔ ntɛm so

1 Adɛn nti na Otumfoɔ nhyɛ berɛ ntua abɔnefoɔ ka, na wɔn a wɔni no no nhunu saa berɛ no?

2 Ebinom deɛ wɔtwe ɛhyeɛ, wɔfom mmoakuo fa yɛne wɔn.

3 Wɔka nwisiaa afunumu kɔ, wɔgye akunafoɔ nantwie awowa.

4 Wɔsum ahiafoɔ firi ɔkwan so; asase so amanehunufoɔ bom hunta.

5 Hwɛ, sɛ anwea pradada so mfunumu firi adie no, saa ara na wɔkɔ wɔn dwumadie so kɔpɛ aduane, ɛserɛ so na wɔnya aduane ma mmɔfra.

6 Mfuo so na wɔtwa mmoa aduane, na wɔdi ɔbɔnefoɔ bobe turo mu mpɛpɛ.

7 Wɔde adagya na ɛda, wɔnni ntoma, na wɔnni nkataho awɔ mu.

8 Mmepɔ so sutorɔ fɔ wɔn, na ɛnam sɛ wɔnni dwanekɔbea nti, wɔyɛ ɔbotan atuu.

9 Wɔte agyanka firi nufoɔ ano, na wɔgye mmɔborɔni hɔ awowa.

10 Wɔma wɔnenam adagya a wɔnni ntoma, na wɔde ɛkɔm soasoa ayuo afiafi.

11 Wɔkyi ngo wɔn afasuo mu, wɔtiatia nsa-kyi-amena so, nso wɔdi sukɔm.

12 Nkuro mu nso na mmarima apinisie fire, na wɔn a wɔapira wɔn akra su frɛ, nanso Onyankopɔn mfa n’ani nkari amumuyɛsɛm no.

13 Ebinom ayɛ hann anim atuatefoɔ, wɔnhwɛ n’akwan, na wɔntena n’atempɔn mu.

14 Nhema na owudini sɔreɛ, ɔkum ɔmanehunufoɔ ne ohiani, na anadwo ɔyɛ sɛ owifoɔ.

15 Na ɔwaresɛefoɔ ani twɛn sum berɛ, ɔka sɛ: Ani biara renhu me. Na ɔde nkataho kata n’anim.

16 Esum mu na wɔhwirehwire adan mu; wɔto wɔn ho pono mu awia, wɔnnim hann.

17 Na wɔn nyinaa, esum kabii yɛ wɔn sɛ anɔpa, ɛfiri sɛ wɔne esum kabii mu ahuyideɛ yɛ nnamfo.

18 Ne ho yɛ hare wɔ nsuo ani; wɔadome ne kyɛfa asase so, ɔnnane n’ani nkɔ bobe nturo kwan so.

19 Ɔhyeɛ ne ahuhuro na ɛnane sukyerɛmma nsuo, saa ara nso na Asamando pra wɔn a wɔyɛ bɔne kɔ.

20 Ɔyafunu a ɛwoo no no werɛ firi no, mmoaa fefe no. Wɔnkae no koraa bio, na wɔbɛbubu amumuyɛ sɛ dua.

21 Ɔdidii obonini a ɔnwoɔ mpo ho, na wanyɛ ɔbaa kunafoɔ yie.

22 Nanso Onyankopɔn de ne tumi yi atumfoɔ firi hɔ; wɔtumi nya asetena pa deɛ, nanso wɔnni nkwa ho anidasoɔ biara.

23 Ɔma wɔtena hɔ dwoodwoo, na wɔde wɔn ho to ɛno so, nanso na n’ani hwɛ wɔn akwan.

24 Wɔduru deɛ ɛkorɔn, nso kakraa bi pɛ, na wɔnni hɔ; wɔgyaa mu na wɔsie wɔn sɛ nnipa nyinaa, na wɔtwitwa wɔn sɛ ayuo mmɛtem.

25 Sɛ ɛnte saa a, hwan na ɔbɛyi me ɔtorofoɔ, na wakyerɛ sɛ m’asɛm no nni mu?

The Bible Society of Ghana, 2012

Bible Society of Ghana
Lean sinn:



Sanasan