Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -

Hiob 23 - New Revised Asante Twi Bible


Hiob srɛ sɛ Onyankopɔn mma no nnyina n’atemmuo adwa anim

1 Na Hiob gyee so sɛ:

2 Ɛnnɛ na m’abooboodie mu ayɛ den, na me pira ayɛ den asene m’apinisie.

3 O, sɛ anka menya mehunu deɛ mɛhunu no, na mekɔduru ne tenaberɛ ɛ!

4 Anka mɛsiesie n’anim asɛnnie, na mɛbisabisa no nsɛm ara yie.

5 Anka mɛhunu nsɛm a ɔde bɛbua me, na mahunu deɛ ɔbɛka akyerɛ me no mu.

6 Tumi dodoɔ na ɔde ne me bɛham anaa? Dabi, aso nko na ɔbɛyɛ ama me.

7 Ɛhɔ na ɔteefoɔ ne no bɛyiyi no, na mafiri me temmufoɔ nsam korakora.

8 Hwɛ, mekɔ m’anim, nso ɔnni hɔ, ne m’akyi, nso menhu no.

9 Na ɔyɛ n’adeɛ benkum a, m’ani mmɔ no so, ɔmane nifa a, menhu no.

10 Na ɔnim kwan a mefa soɔ. Ɔsɔ me hwɛ a, mɛfiri mu sɛ sika mapa a wɔde afa ogya mu.

11 N’anammɔn mu na me nan tintimiiɛ, mahwɛ ne kwan, na mammane.

12 N’anomu mmara, mamfiri ho, makora n’anomu nsɛm sene deɛ ɛhia me.

13 Nso ɔno deɛ, ɔnsakyera da, na hwan na ɔbɛsane no? Na deɛ ɔpɛ, na ɔyɛ.

14 Deɛ wahyɛ ama me na ɔbɛma no aba, na adeɛ a ɛte seyie pii na ɛwɔ ne tirim.

15 Enti ehu ka me n’anim, medwene me tirim, na me ho popo wɔ ne ho.

16 Na Onyankopɔn ama m’akoma abubu, na Otumfoɔ ayi me hu,

17 ɛfiri sɛ manyera esum no mu, na wankata esum kabii no so m’anim.

The Bible Society of Ghana, 2012

Bible Society of Ghana
Lean sinn:



Sanasan