Hiob 22 - New Revised Asante Twi BibleElifas, ahonu ho afotuo 1 Ɛnna Temanni Elifas buaa sɛ: 2 Ɔdasani bi bɛtumi adi mu wɔ Onyankopɔn anim anaa? Hwɛ, onimdefoɔ mpo, ɔdi mu wɔ n’ankasa n’ani so. 3 Otumfoɔ nya ho biribi sɛ wotene, anaasɛ ɔnya mfasoɔ sɛ w’akwan di mu? 4 Wo suro nti na ɔbɛka w’anim, na ɔde wo akɔ atemmuo mu anaa? 5 Ɛnyɛ sɛ wo bɔne dɔɔso? Na w’amumuyɛ nni awieeɛ. 6 Sɛ woagye wo nuanom awowa ɔkwa, na woapa adagyafoɔ ho ntoma. 7 Woamma opititɔfoɔ nsuo annom, na woakame deɛ ɔdi kɔm aduane. 8 Na onipa a ne basa mu yɛ den no, ɔno na asase wɔ no, na deɛ ɔwɔ animuonyam no na ɔtena soɔ. 9 Woama mmaa akunafoɔ de nsapan kɔ, na nwisiaa abasa nso, wɔabubu. 10 Enti na afidie atwa wo ho ahyia, na nketenkete yi wo hu mpofirim. 11 Anaasɛ wonhunu sum ne nsuo pii a akata wo soɔ? 12 Ɛnyɛ ɔsoro korɔn mu na Onyankopɔn wɔ? Na hwɛ nsoromma a ɛwɔ sorosoro no sɛdeɛ ɛkorɔn fa! 13 Na woka sɛ: Ɛdeɛn na Onyankopɔn nim? Esum kabii akyiri nohoa na ɔbɛbu atɛn? 14 Mununkum yɛ no nkataho, na ɔnhunu adeɛ, na ɔsoro kɔntɔnkrɔn so na ɔnanteɛ. 15 Wobɛfa tete tempɔn no a mma busufoɔ nantee soɔ no so anaa? 16 Wɔn a wɔpraa wɔn kɔeɛ ansa na ɛberɛ reduro, na wɔn nnyinasoɔ sene kɔɔ sɛ asuo no. 17 Wɔn na wɔka kyerɛɛ Onyankopɔn sɛ: Firi yɛn so! Na ɛdeɛn nso na Otumfoɔ bɛyɛ wɔn? 18 Nanso ɔde nnepa hyehyɛɛ wɔn afie amaama na abɔnefoɔ agyinatuo mpare me! 19 Ateneneefoɔ hunu, na wɔn ani gye; na deɛ ɔdi bem no di wɔn ho fɛw, 20 ka sɛ: Ampa ara, wɔn a wɔsɔre tiaa yɛn no ayera, na wɔn nnikaeɛ no, ogya ahye! 21 Fa wo ho bɔ Nyankopɔn ho ɛ, na wo ho nnwo wo; yei mu na adepa bɛba ama woɔ. 22 Gye n’anomu mmara, na fa ne nsɛm sie w’akomam. 23 Sɛ wosane kɔ Otumfoɔ nkyɛn a, wɔde wo bɛsi hɔ, sɛ woyi wo ntomadan mu abusudeɛ kɔ akyirikyiri a, — 24 fa sika amapa gu mfuturo mu, na Ofir sika nso, fa gu asubɔnten mu mmoseaa mu. 25 Na Otumfoɔ bɛyɛ wo sika amapa bebree ne dwetɛ a wɔahɔre ama woɔ. 26 Ɛno na wo ho bɛsɛpɛ wo Otumfoɔ ho, na woama w’ani so akyerɛ Onyankopɔn. 27 Wobɛsrɛ no, na watie wo, na w’aboadeɛ ka no, woatua. 28 Wobɛbɔ wo tirim, na ɛbɛgyina ama wo, na hann bɛhyerɛn w’akwan so. 29 Sɛ wɔbrɛ wo ase a, ɛno deɛ, ahomasoɔ ntira. Ɛfiri sɛ ɔhobrɛaseni deɛ, ɔbɛma no adi yie. 30 Sɛ deɛ ɔnnii bem mpo, ɔbɛgye no a, ɛnneɛ w’ahoteɛ so na wɔbɛgye wo. |
The Bible Society of Ghana, 2012