Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -

Hiob 21 - New Revised Asante Twi Bible


Hiob mmuaeɛ

1 Na Hiob gyee so sɛ:

2 Tie na montie me kasa, na yei nyɛ mo awerɛkyekyerɛ.

3 Monnyaa me mma me nso menkasa, na mekasa mewie a, afei moadi fɛw.

4 Me deɛ, onipa na medi abooboo mekyerɛ no anaa? Na adɛn nti na me home rente me?

5 Monnane mo ani nhwɛ me, na mo ho nnwiri mo, na momfa mo nsa ntuatua mo ano.

6 Sɛ mekae a, mebɔ binim, na nketenkete kuta me honam.

7 Adɛn nti na abɔnefoɔ nya nkwa, wɔnyini kyɛ, na wɔyɛ ahoɔdenfoɔ akɛseɛ nso?

8 Wɔn mma si wɔn anim pintinn ka wɔn ho, aane, mekyerɛ wɔn asefoɔ.

9 Wɔn afie mu dwo, ehu biara nni mu, na Nyankopɔn ntea bi nni wɔn so.

10 Ne nantwinini wo, na ɔnyɛ krawa, ne nantwibereɛ yɛ awoyie, na ɔmpɔn.

11 Wɔyi wɔn ntɔtɔfefewa adi sɛ nnwankuo, na wɔn mmotafowa nso hurihuri.

12 Wɔn nne di atweneka ne sankubɔ mu, na wɔn ani gye abɛnhyɛne ho.

13 Wɔhwere wɔn nna nnepa mu, na wɔsiane kɔ Asamando ntɛm so.

14 Nanso wɔka kyerɛɛ Onyankopɔn sɛ: Firi yɛn so, na yɛnhwehwɛ w’akwan ho nimdeɛ.

15 Ɛdeɛn ne Otumfoɔ no a yɛnsom no, na sɛ yɛbɔ no mpaeɛ a, mfasoɔ bɛn na yɛbɛnya?

16 Nanso hwɛ, ɛnyɛ wɔn ara wɔn nsam na wɔn nnepa wɔ, abɔnefoɔ agyinatuo mpare me!

17 Mprɛ ahe na abɔnefoɔ kanea dum, na wɔn mmusuo nso ka wɔn, na Onyankopɔn kyekyɛ awerɛhoɔ n’abufuo mu?

18 Wɔte sɛ nkyɛnkyɛmma, mframa ano, ne ntɛtɛ a ahum soa korɔ.

19 Moka sɛ: Onyankopɔn kora n’amumuyɛ adeɛ ma ne mma; ma no ntua ɔno ara ne ka na ɔnhunu.

20 Ma n’ani nhunu ne mmusuo, na ɔnnom Otumfoɔ no abufuhyeɛ no bi.

21 Na efie a ɔgya no n’akyire no mfa ne ho hwee bio, berɛ a n’abosome dodoɔ to atwa no.

22 Obi bɛkyerɛ Onyankopɔn nhunumu anaa? Ɔno a ɔbu ɔsorofoɔ no atɛn no.

23 Obi wɔ ahoɔden pintinn nanso ɔwu, berɛ a ne ho tɔ no, na n’aso mu dwo no.

24 Nufosuo ahyɛ ne nhina amaama, na ne nnompe mu hon yɛ sɔɔsɔɔ.

25 Na ɔfoforɔ nso de ne kra awerɛhoɔ wu a wanni nnepa no bie.

26 Faako ara dɔteɛ mu na wɔdeda, na mmoaa kata wɔn so.

27 Hwɛ, menim mo adwene ne adwemmɔne a mowɔ no me ho no,

28 sɛ moka sɛ: Ɛhe na bakoma no fie wɔ? Na ɛhe na ntomadan a abɔnefoɔ tenaa mu no wɔ?

29 Mommisaa wɔn a wɔfa ɔkwan no soɔ, na wɔn nsɛnkyerɛnneɛ nso, monkarii?

30 Na wɔakora onipa bɔne de kɔsi sɛeɛ da, wɔde wɔn kɔ aweretɔ da.

31 Hwan na ɔbɛka n’anim, n’abrabɔ ho? Na deɛ wayɛ no, hwan na ɔbɛtua no ɛso ka?

32 Na ɔno deɛ, wɔkɔgya no damena mu, na wɔwɛn ne damena so ara.

33 Bonhwa mu dɔtetoa yɛ no dɛ, na nnipa nyinaa twe wɔn ho di n’akyi, na n’anim nso wɔnnim wɔn dodoɔ.

34 Na adɛn na mokyekyere me werɛ kwa, na mo mmuaeɛ yɛ nkontompo ara yi?

The Bible Society of Ghana, 2012

Bible Society of Ghana
Lean sinn:



Sanasan