Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -

Hiob 20 - New Revised Asante Twi Bible


Sofar kasa sɛ: Abɔnefoɔ yiedie nkyɛ

1 Ɛnna Naamani Sofar buaa sɛ:

2 Me ho pere me nti, m’adwene yɛ me sɛ memmua.

3 Mate atenetene a asopa me, nanso honhom firi me nhunumu mu bua me.

4 Wonnim yei a ɛfiri tete, ɛfirii sɛ wɔde nnipa sii asase soɔ no,

5 sɛ abɔnefoɔ ahurisidie nkyɛ, na nyaatwomfoɔ anigyeɛ yɛ berɛ tiaa bi?

6 Sɛ ne kɛseyɛ korɔn kɔpem ɔsoro, na ne tiri kɔka mununkum a,

7 ɔbɛyera koraa sɛ ne sɛbeɛ; wɔn a wɔhu no no bɛbisa sɛ: Ɔwɔ he?

8 Ɔbɛtu akɔ sɛ daeɛ, na wɔrenhu no, na wɔbɛpamo no akɔ sɛ anadwo adehunu.

9 Aniwa a ahu no renhu no bio, na ne tenabea renhu no bio.

10 Ne mma bɛpata mmɔborɔfoɔ, na ne nsa adane n’ahodeɛ ama.

11 Ne mmeranteberɛ mu ahoɔden hyɛɛ ne nnompe mama, na afei ɛne no abɛda dɔteɛ mu.

12 Sɛ adebɔne yɛɛ n’anomu fremfrem, na ɔde siee ne tɛkyerɛma ase,

13 na ɔdii adɔna na wannyaa mu, na ɔmaa no kaa ne dodom a,

14 afei deɛ n’aduane asakyera ne nsono mu, nhuritia borɔ wɔ ne yam.

15 Wamene adedodoɔ, na ɔbɛfe bio, Onyankopɔn bɛtu afiri ne yam.

16 Ɔbɛfefe ahuritia borɔ, na ɔprammire tɛkyerɛma bɛku no.

17 N’ani rennye nsuwansuwa ho, ɛwoɔ ne nufosuo ani sradeɛ asuasu nsubɔntene ho.

18 Ɔbɛdane deɛ wabrɛ ho ama, na ɔremmene, n’adeɛ a wanya no, ɔrenni ho ahurisie, sɛdeɛ ne dodoɔ teɛ no.

19 Ɛfiri sɛ wapɛkyɛ mmɔborɔfoɔ apo wɔn, na wafa efie a ɛnyɛ ɔno na ɔsiiɛ.

20 Ɛnam sɛ ne yafunu ammee da nti, ɔrenkora deɛ n’ani gye ho no biara.

21 Wannidi annya bi da, enti n’ahonyadeɛ rentena hɔ.

22 N’adedodoɔ mayɛ mu ne ho bɛhiahia no, amanehunufoɔ nyinaa nsa bɛba ne so.

23 Ɔbɛma n’abufuhyeɛ aba ne so ama no de ahyɛ n’afuru ma, na ɔbɛma no atɔ agu ne so de ayɛ n’aduane.

24 Ɔdwane firi dadeɛ akodeɛ ano a, kɔbere mfrafraeɛ agyan bɛwɔ no ahwire ne mu;

25 ɔtu firi ne honam mu na agyan no firi ne bɔnwoma mu a, owuo ho hu bɛtɔ ne so.

26 Wɔde sum nyinaa asie n’akoradeɛ, ogya a obi mfite mu bɛhye no, ɛbɛhye deɛ aka ne ntomadan mu.

27 Ɔsoro bɛyi n’amumuyɛ adi, na asase bɛsɔre atia no.

28 Wɔbɛsoa ne fie ahonyadeɛ akɔ, wɔbɛtwe akɔ, n’abufuo da no.

29 Yei ne onipa ɔbɔnefoɔ kyɛfa a ɛfiri Nyankopɔn nkyɛn, ne n’agyapadeɛ a Onyankopɔn ahyɛ ama no no.

The Bible Society of Ghana, 2012

Bible Society of Ghana
Lean sinn:



Sanasan