Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -

Hiob 19 - New Revised Asante Twi Bible


Hiob nim sɛ Onyankopɔn bɛgye no

1 Na Hiob gyee so sɛ:

2 Mobɛha me kra akɔsi da bɛn, na mode nsɛm abubu me pasaa?

3 Mprɛdu nie a moasopa me, mo ani nwu mpo sɛ moho me werɛ?

4 Na mpo, sɛ ampa sɛ mafom a, me so na mfomsoɔ no da.

5 Sɛ ampa sɛ moma mo ho so tia me, na moyi me m’ahohora ho atɛn a,

6 ɛnneɛ monhunu sɛ Onyankopɔn na wakyea me kwan ama me, na ɔde n’asau atwa me ho ahyia.

7 Hwɛ, ayayadeɛ nti, meteam, nso wɔnnye me so. Mesu mefrɛ mmoa, nanso ɔgyeɛ biara mma.

8 Ɔde ban atwa me kwan mu, na mentumi mensene, na me kwan so aduru sum.

9 Wayi m’animuonyam afiri me so, na wahotiri me tiri so abotire.

10 Wabubu me afa nyinaa a menni hɔ bio, na watu m’anidasoɔ ase sɛ dua.

11 Wama n’abufuo afram me so, na ɔbu me sɛ n’atamfo mu baako.

12 N’asafo ahodoɔ bɔɔ mu bae, na wɔbɔɔ wɔn akwan wɔ me so, na wɔkyeree nsraban twaa me ntomadan ho hyiae.

13 Wayi me nuanom afiri me ho kɔ akyirikyiri, na wɔn a wɔni me adanedane me ahɔhoɔ koraa;

14 m’abusuafoɔ atwe wɔn ho kɔ, na wɔn a meni wɔn werɛ afiri me;

15 wɔn a wɔbɛtena me fie ne me mmaawa bu me sɛ ɔhɔhoɔ, madane wɔn ani so ɔnanani;

16 mefrɛ m’akoa, na ɔmmua me, mede m’ano mepa no kyɛw mpo.

17 Me yere mpo kyiri me home, na me yafumma mpo mpɛ m’ahomeguo.

18 Ntɔtɔfefewa mpo bu me animtia, mese meresɔre a, wɔkasa tia me.

19 Me ho yɛ me nnamfo pa nyinaa nwunu, na m’adɔfo adane wɔn ani atia me.

20 Me nnompe femfam me wedeɛ ne me nam ho, na me se ho wedeɛ nko na mede afiri mu afire.

21 Monhu me mmɔbɔ, monhu me mmɔbɔ, me yɔnkonom, na Nyankopɔn nsa aka me.

22 Adɛn nti na moti me sɛ Onyankopɔn, na me nam nso mmee mo?

23 O, sɛ anka wɔretwerɛ me nsɛm ɛ! Sɛ wɔde rehyɛ nwoma mu ɛ!

24 Sɛ wɔde dadeɛ adetwerɛdeɛ ne sumpii rekurukyire ɔbotan mu na atena hɔ daa ɛ!

25 Na me deɛ, menim sɛ me gyefoɔ te ase, na awieeɛ no ɔbɛdi m’asɛm ama me wɔ asase so.

26 Na wɔasɛe me wedeɛ seyie akyiri no, na mɛfiri me honam mu afi ahunu Onyankopɔn;

27 Ɔno na me ara mɛhwɛ no mafa, na m’aniwa bɛhunu, na ɛnyɛ ɔhɔhoɔ bi. Me sawa resa wɔ me mu.

28 Sɛ mose: Sɛdeɛ yɛbɛsi apamo no afa! Ne, yɛahunu asɛm no ase wɔ ne hɔ, a,

29 monsuro afena, ɛfiri sɛ abufuhyeɛ de afena asotwe ba, na moahunu sɛ atemmuo wɔ hɔ.

The Bible Society of Ghana, 2012

Bible Society of Ghana
Lean sinn:



Sanasan