Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -

Hiob 18 - New Revised Asante Twi Bible


Bildad kasa sɛ abɔnefoɔ bɛsɛe

1 Ɛnna Suhini Bildad buaa sɛ:

2 Mobɛkɔ nsɛnkeka so akɔsi da bɛn? Monnwene ho, na ɛno akyiri no, yɛakasa.

3 Adɛn na wɔbu yɛn sɛ anantwie, na yɛyɛ mo ani so sɛ tibɔnkɔso anaa?

4 Wo a wotete wo ho w’abufuo mu. Wo nti na wɔbɛgya asase, na wɔatu ɔbotan afiri ne sibea anaa?

5 Nanso ɔbɔnefoɔ kanea bɛdum, na ne gyaframa renhyerɛn.

6 Hann bɛduru sum, ne ntomadan mu, na ne kanea adum wɔ ne so;

7 n’ahoɔden anammɔn ano bɛmoa, na n’agyinatuo ahwe no ase.

8 Na ɔno ara ne nan bɛka no ato atena mu, na wanante mfidie so.

9 Nsɛmma bɛsɔ ne nantin, na nkyehoma akyekyere no.

10 Wɔde kantankoraa bɛhunta fam ama no, na wɔasum no fidie ɔkwan so.

11 Ehu bɛkuta no mmaa nyinaa ahyia, na ati no n’anammɔn mu.

12 Ɛkɔm bɛsɛe n’ahoɔden, na mmusuo rebɛma no asunti.

13 Ɛbɛdi ne honam akwaa, aane, owuo abakan bɛdi n’akwaa.

14 Wɔbɛtu n’anidasoɔ afiri ne ntomadan mu, na wɔde no akɔ ahudeɛ mu hene no nkyɛn.

15 Deɛ ɛnyɛ ne dea bɛtena ne ntomadan mu, wɔbɛbɔ sɔfe apete ne tenabea.

16 Ne nhini bɛwuwu wɔ aseɛ, na ne mman adwinnwan wɔ soro.

17 Ne nkaeɛ bɛsɛe afiri asase so, na ɔrennya din asase ani.

18 Wɔbɛsum no afiri hann mu akɔ sum mu, na wɔapam no afiri wiase.

19 Ɔrennya mma anaa mmanana ne man mu, n’aseni biara renka n’atenaeɛ.

20 Ne da bɛyɛ wɔn a wɔwɔ atɔeɛ ahodwiri, sɛdeɛ ehu kutaa wɔn a wɔwɔ apueeɛ no.

21 Ampa ara sɛdeɛ amumuyɛfoɔ tenabea teɛ ne no, ne deɛ ɔnnim Onyankopɔn no nso kyɛfa nie.

The Bible Society of Ghana, 2012

Bible Society of Ghana
Lean sinn:



Sanasan