Hiob 16 - New Revised Asante Twi BibleHiob su frɛ Onyankopɔn 1 Na Hiob gyee so sɛ: 2 Mate saa nsɛm a ɛte sɛɛ bebree; mo nyinaa moyɛ gyamserefoɔ. 3 Nsɛnhuuhuu yi awieeɛ nie? Anaasɛ ɛdeɛn na ɛhwanyan wo ma wobua? 4 Sɛ mowɔ me tebea mu a, anka me nso mɛkasa sɛ mo, anka mɛhɔre nsɛm magu mo so, na mawoso me ti magu mo so; 5 aane, anka mede m’ano bɛhyɛ mo den, na m’anomu duema ama mo yea aboto. 6 Sɛ mekasa a, me yea no mmoto, na sɛ megyae nso a, ɛdeɛn na ɛfiri me ho korɔ? 7 Na afei deɛ, Onyankopɔn ahodwo me; woama me ho nnipa nyinaa agu; 8 woapompono me ama no adane adanseɛ, na me fɔn asɔre atia me atoto m’ano wɔ m’anim. 9 Wasunsuane me n’abufuo mu, na ɔtaa me; ɔtwɛre ne se gu me so. M’ahohiahiafoɔ no pɔkyere n’ani hwɛ me. 10 Wɔhaahaa wɔn anomu tia me, wɔde ahohorabɔ bobɔ m’aso mu, wɔn nyinaa boaboa wɔn ano tia me. 11 Onyankopɔn ayi me ahyɛ abusufoɔ nsa, na wasum me ato abɔnefoɔ nsam. 12 Anka medi yie, na ɔbubuu me. Ɔsɔɔ me kɔn na ɔbubuu me pasaa, na ɔde me sii hɔ yɛɛ ne botaeɛ; 13 n’agyan dii me so ntwaguo, ɔpaee me sawa mu, na wannodo ho, ɔhwiee me bɔnwoma guu fam; 14 Ɔbubuu me mprɛ bebree, ɔto baa me so sɛ ɔdɔmmanin. 15 Mepam ayitoma mekataa me wedeɛ so, na mede m’ahoɔden too mfuturo mu. 16 Esu nti m’ani abere kɔkɔkɔkɔ, na owuo sunsum da m’anisuatɛtɛ so. 17 Nanso amim biara nni me nsam, na me mpaebɔ ho te. 18 O! Asase, nkata me mogya so, na mma me sufrɛ nnnya homebea! 19 Seesei mpo, hwɛ, ɔsoro na me danseni wɔ, na me dimafoɔ wɔ deɛ ɛkorɔn. 20 Me nnamfo mpo di me ho fɛw, nanso Onyankopɔn na m’ani porepore nisuo ma no. 21 Sɛ ɔnni mma onipa wɔ Nyankopɔn anim, sɛdeɛ onipa ba di ma ne yɔnko no. 22 Na mfeɛ a ɛwɔ ano no bɛdu na makɔ kwan a merensane memma. |
The Bible Society of Ghana, 2012