Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -

Hiob 15 - New Revised Asante Twi Bible


Elifas ka Hiob anim, na ɔkyerɛ abɔnefoɔ mmusuo

1 Ɛnna Temanni Elifas buaa sɛ:

2 Onyansafoɔ de nimdeɛ huuhuu bɛbua, na ɔde apueeɛ mframa ahyɛ n’afuru ma anaa?

3 Ɔde nsɛm a ɛmfra bɛyi atɛn ne nsɛnkeka a mfasoɔ nni mu anaa?

4 Nso woto nyamesuro twene, na wosi Nyankopɔn anim nsusuiɛ ho kwan.

5 Na w’ano nsɛm kyerɛ wo bɔne, na woafa aniteɛ tɛkyerɛma.

6 Wo ara w’ano na ɛbu wo fɔ, na ɛnyɛ me, aane, wo ara ankasa w’ano na ɛdi adanseɛ tia woɔ.

7 Wone deɛ ɔdi kan a wɔwoo no onipa, na wɔnyinsɛn wo ansa na wɔreyɛ nkokoɔ?

8 Wokɔtiee Nyankopɔn agyinatuo, na woasi nyansa ano afa?

9 Ɛdeɛn na wonim a yɛnnim, na wohunu mu a ɛnni yɛn nkyɛn?

10 Hwɛ, wafu dwono ne akɔkoraa wɔ yɛn mu, deɛ ɔsene w’agya panin mpo.

11 Nyankopɔn awerɛkyekyerɛ ne n’asɛm a wɔne woka no brɛɛ no sua w’ani so anaa?

12 Adɛn na w’akoma twe wo korɔ, na adɛn na w’ani pa anyinam,

13 na wodane wo honhom tia Onyankopɔn na woma nsɛnkeka firi w’anomu?

14 Hwan ne ɔdasani a ne ho bɛteɛ ne deɛ ɔbaa awo no a ɔtene?

15 Hwɛ, n’akronkronfoɔ so mpo ɔmfa ne ho nto, na ɔsoro ho nso nte n’ani so:

16 Na nkantom deɛ ne ho yɛ nwunu na waporɔ, onipa a ɔnom amumuyɛ sɛ nsuo!

17 Mɛkyerɛ wo, na tie me; na deɛ mahunu yi, mɛka akyerɛ wo.

18 Deɛ anyansafoɔ aka akyerɛ na wɔansi so firi wɔn agyanom berɛ soɔ;

19 wɔn nko na wɔde asase no maa wɔn, na ɔhɔhoɔ biara antwam wɔn mu.

20 Ɔbɔnefoɔ ho yera no, ne nna nyinaa, na wɔde mfeɛ a wɔakan asie otirimuɔdenfoɔ.

21 Ehu nkateɛ gyegye n’aso mu, asomdwoeɛ mpo mu na ɔsɛefoɔ ba ne soɔ.

22 Ɔnnye nni sɛ ɔbɛsane afiri sum mu, na wɔayi no ama afena.

23 Ɔkyini hwehwɛ aduane, ka sɛ: Ɛhe na ɛwɔ? Ɔnim sɛ esum da abɛn no.

24 Ahohiahia ne ahokyere yi no hu, ɛtintim no sɛ ɔhene a wasiesie ne ho ama ɔko a ɛyɛ hu.

25 Ɛfiri sɛ watene ne nsa atia Onyankopɔn, na wate Otumfoɔ so atua.

26 Ɔde kɔn a asene ato aba ne so, ne n’akyɛm akyi apɔapɔ a emu yɛ duro no;

27 ɛfiri sɛ wama ne sradeɛ akata n’anim, na wama ne mfe mu adɔre sradeɛ,

28 na wakɔtena nkuro a aguo so, afie a obi nte mu na wɔahyɛ sɛ ɛnyɛ afituo mu:

29 Ɔrennya ne ho, na n’adedodoɔ nso rennyina, na ne nnɔbaeɛ renkonkom mma fam;

30 Ɔremfiri sum mu mfi, ogyaframa bɛma ne nnuaban adwan, na n’anomu mframa bɛpra ne nhyerɛne akɔ;

31 mma no mmfa ne ho nnto ahuhudeɛ so nnnaadaa ne ho, na ahuhudeɛ ara na ɛbɛyɛ n’akatua.

32 Ne da nnya nnuruiɛ no na akatua no bɛba, na ne duban renyɛ frɔmfrɔm;

33 ɔbɛpore n’asia abunu sɛ obobe deɛ, na wawoso ne nhyerɛne agu sɛ ngodua deɛ;

34 na abɔnefoɔ fekuo bɛyɛ abonini, na ogya bɛhye adanmudegyeɛ ntomadan.

35 Wɔnyinsɛn ɔhaw, na wɔwo mmusuo, na wɔn yafunu siesie nnaadaa.

The Bible Society of Ghana, 2012

Bible Society of Ghana
Lean sinn:



Sanasan