Hiob 14 - New Revised Asante Twi BibleHiob di onipa mmɔborɔyɛ ho abooboo 1 Onipa a ɔbaa awo no, ne nna yɛ tiaa bi, na ɔhaw ma. 2 Ɔpue sɛ nhwiren, na wɔtwa. Ɔdwane sɛ sunsum, na ɔnnyina. 3 Na yei so na woabue w’ani, na wode me rekɔ atemmuo mu w’anim? 4 Hwan na ɔbɛnya ɔhoteni, wɔn a wɔn ho akum no mu? Obiara nni hɔ. 5 Sɛ wɔahyɛ me nna ato hɔ, na n’abosome dodoɔ wɔ wo tirim, na woatwa hyeɛ a ɔrensiane ho ama no a, 6 ɛnneɛ yi w’ani firi ne so na ɔnhome nkɔsi sɛ ɔbɛwie ne da sɛ ɔpaani. 7 Na dua mpo, anidasoɔ wɔ hɔ ma no, sɛ wɔtwa a, ɛbɛfefɛ, na ne nnubaa remmɔ no: 8 Sɛ ne nhini kyenkyen ɛfam, na ne dunsini wu dɔteɛ mu a, 9 nsuo hwa nti ɛfefɛ, na ɛyiyi mman sɛ dua a wɔatɛ. 10 Na ɔdasani deɛ, ɔwu, na ɔbea hɔ, na onipa gyaa mu, na ɔwɔ he? 11 Na sɛdeɛ nsuo firi ɔtadeɛ mu na ɛdɔ mpumpunadeɛ, na asuo nso mem na ɛweɛ no, 12 saa ara na onipa kɔda hɔ, na ɔnsɔreɛ. Ɔsoro nnya ntwaa mu yi, wɔrennyane, na wɔrempusu wɔn mfiri wɔn nna mu. 13 O, sɛ wode me resie Asamando ɛ, sɛ wode me rehunta akɔsi sɛ w’abufuo bɛsane akorɔ ɛ, sɛ wohyɛ me da na wokae me ɛ! 14 Sɛ onipa wu a, ɔbɛtena ase bio anaa? Anka m’akodie nna nyinaa mɛtwɛn akɔsi sɛ me nsakyera bɛba. 15 Anka wobɛfrɛ, na me nso magye wo so, anka w’ani bɛgyina wo nsa ano adwuma no. 16 Nanso afei deɛ, wokan m’anammɔn, na wonyi w’ani mfiri me bɔne so. 17 Wɔasɔ me mmarato ano de ahyɛ kotokuo mu, na woakyekyere me bɔne ano. 18 Ampa ara bepɔ mpo hwe ase yera, na ɔbotan nso twe firi n’afa. 19 Na sɛdeɛ aboɔ nso, nsuo hono no, na ne yire pra fam dɔteɛ kɔ, saa ara na ɔdasani anidasoɔ nso woma no yera. 20 Wotintim ne so ma no twam kɔ, wosakyera n’anim na wosum no kɔ. 21 Ne mma nya animuonyam mpo a, ɔnnim, wɔbrɛ wɔn ase nso a, ɔnhunu mma wɔn. 22 Ɔno ara ne honam yea nko na ɔteɛ, na ne kra di ɔno ara ne ho abooboo. |
The Bible Society of Ghana, 2012