Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -

Hiob 13 - New Revised Asante Twi Bible


Hiob bɔ ne nnamfo Nyankopɔn tenenee ho kɔkɔ

1 Hwɛ, m’ani ahunu ne nyinaa, m’aso nso ate, na ate aseɛ;

2 deɛ monim no, me nso menim. Mentɔ mu wɔ mo mu.

3 Me deɛ, mepɛ sɛ anka me ne Otumfoɔ no mmom bɛkasa, na mehwehwɛ sɛ me ne Onyankopɔn bɛyiyi nsɛm ano.

4 Na mo deɛ, moyɛ atorofoɔ mapa, ayaresafoɔ ahuhufoɔ ne mo nyinaa.

5 Sɛ momua mo ano mmom koraa a, anka ɛyɛ mo nyansa.

6 Montie me nkurobɔ, na monyɛ aso mma m’anoyie.

7 Mobɛka deɛ ɛntene ama Onyankopɔn, na mode nnaadaa aka ama no anaa?

8 Mobɛgye ne ti, anaasɛ mobɛham ama Onyankopɔn?

9 Ɔhwehwɛ mo mu a, ɛbɛsi yie, anaasɛ mobɛdaadaa no sɛdeɛ wɔdaadaa ɔdasani?

10 Sɛ mohwɛ nnipa anim kokoa mu a, ɔbɛka mo anim ampa.

11 Ne kɛseyɛ rentu mo akoma, na ne ho hu mma mo so?

12 Mo kasammebuo yɛ nso mmebusɛm, mo anoyie yɛ dɔteɛ anoyie.

13 Mommua mo ano mfiri me so, na me ara menkasa, na deɛ ɛbɛba me soɔ mmra.

14 Adɛn nti na memfa me honam mentua me se ano, na memfa me kra mento me nsam?

15 Sɛ ɔreku me mpo a, mehwɛ ɔno ara; mede me nsɛm bɛto n’anim.

16 Yei ara nso na ɛbɛyɛ me nkwagyeɛ, ɛfiri sɛ ɔbɔnefoɔ remma n’anim.

17 Montie, montie deɛ mewɔ meka, na m’asɛm nkyerɛaseɛ nhyɛne mo aso mu.

18 Hwɛ, masiesie m’asɛm mato hɔ, menim sɛ me na mɛdi bem.

19 Hwan ne deɛ ɔne me bɛham? Ɛnneɛ anka mɛyɛ komm na magyaa mu.

20 Ao! AWURADE, sɛ woreyɛ adeɛ mmienu yi pɛ ama me a, ɛno na meremfa me ho menhunta mfiri w’anim:

21 Yi wo nsa firi me so kɔ akyirikyiri, na mma wo ho hu nnkuta me;

22 ɛno na frɛ me, na me nso mɛgye so, anaasɛ mɛkasa, na woabua me.

23 Me bɔne ne me mfomsoɔ yɛ ahe ara? Ma menhunu me mmarato ne me bɔne.

24 Adɛn nti na wode w’ani hunta, na wobu me wo tamfo?

25 Wobɛyi ahahan a mframa de rekorɔ ahi, na wobɛti nkraadua a adwan?

26 Na wotwerɛɛ me ho nsɛm yaya, na woma medi me mmeranteberɛ mu bɔne so adeɛ.

27 Wode me nan hyehyɛ ɛpa mu, na wowɛn m’akwan nyinaa, wotwa m’anammɔn ho hyeɛ.

28 Na onipa deɛ, ɔporɔ sɛ dufɔkyeɛ, sɛ ntoma a nweweboaa redie.

The Bible Society of Ghana, 2012

Bible Society of Ghana
Lean sinn:



Sanasan