Hiob 12 - New Revised Asante Twi BibleHiob ma mmuaeɛ 1 Na Hiob gyee so sɛ: 2 Yoo! Mone ɔman no nne, na mowu a, nyansa bɛwu. 3 Me nso, mewɔ nteaseɛ sɛ mo ara, me deɛ, mentɔ mu mo anim. Na hwan na ɔnnim nnoɔma a ɛte sɛɛ yi? 4 Deɛ ne yɔnko sere no ne me, deɛ ɔsu frɛɛ Onyankopɔn na ɔgyee no soɔ, wɔsere ɔteneneeni a ɔdi mu no. 5 Deɛ ɔte hɔ dwoodwoo no tirim deɛ, animtiabuo na ɛfata amanehunu, ɛne deɛ wasiesie ama wɔn a wɔn nan watirie. 6 Amimfoɔ ntomadan si hɔ dwoodwoo, na wɔn a wɔhuru Nyankopɔn boɔ te hɔ komm, wɔn a wɔkura wɔn nyame wɔ wɔn nsam no. 7 Na yei deɛ, bisa mmoa ɛ, na wɔnkyerɛ wo, ne ɔsoro nnomaa nso, na wɔnka nkyerɛ wo. 8 Anaasɛ bisa asase hwɛ, na ɛnkyerɛ wo, na ɛpo mu mpataa nka nkyerɛ wo. 9 Hwan na ɔrenhunu yei nyinaa mu sɛ AWURADE nsa na ɛyɛɛ yeinom? 10 Ne nsam na ɔteasefoɔ biara kra wɔ, ne adasamma nyinaa ahonhom. 11 Ɛnyɛ aso na ɛsɔ nsɛm hwɛ, na dodom nso ka aduane hwɛ? 12 Nkɔkoraayɛ mu na nyansa wɔ, na onyinkyerɛ ma nhunumu. 13 Ɔno nkyɛn na nyansa ne mmaninneɛ wɔ, ɔno na afotuo ne nhunumu wɔ no. 14 Hwɛ, ɔdwiri, na wɔrento, ɔto onipa mu, na wɔremmue. 15 Hwɛ, ɔsianka nsuo ma no we, nanso ɔgyaa mu ma no butu asase. 16 Ɔno nkyɛn na ahoɔden ne nyansa wɔ, deɛ wɔdaadaa no ne ɔdaadaafoɔ nyinaa yɛ ne dea. 17 Ɔpa apamfoɔ ho de wɔn kɔ, na ɔma atemmufoɔ dane nkwaseafoɔ; 18 ɔsane ahemfo nkyehoma, na ɔde nhoma kyekyere wɔn asene. 19 Ɔpa asɔfoɔ ho de wɔn kɔ, na ɔde wɔn a wɔatim no hwe fam; 20 ɔma anotefoɔ gyae kasa na ɔgye mpanimfoɔ nimdeɛ; 21 ɔde animtiabuo gu mmapɔmma so, na ɔhodwo nnɔmmarima abɔsoɔ mu. 22 Ɔyi adeɛ kuronkuron adi firi sum mu; na ɔde sum kabii firi ba hann mu; 23 ɔma aman dɔɔso, na ɔsɛe wɔn; ɔtrɛ amanaman mu, na ɔtu wɔn kɔ, 24 ɔgye asase so aman mu atitire akoma. Na ɔma wɔkyini asasesofoɔ a ɔkwan nni hɔ so. 25 Wɔkeka sum a hann nni hɔ mu, na ɔma wɔkyini sɛ nsaboni. |
The Bible Society of Ghana, 2012