Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -

Hiob 11 - New Revised Asante Twi Bible


Sofar asɛnka a ɛdi kan. Ɛsɛ Hiob sɛ ɔbrɛ ne ho ase Nyankopɔn anim

1 Ɛnna Naamani Sofar gyee so sɛ:

2 Wɔremmua nsɛm dodoɔ yi, anaasɛ wɔmma ɔbarima tɛkyerɛmakyene nni bem anaa?

3 Wo kasa worɔworɔ bɛma nnipa amua wɔn ano anaa? Na sɛ wodi fɛw a, obi renhyɛ wo aniwuo anaa?

4 Na woaka sɛ: Me nkyerɛkyerɛ yɛ gyenegyene, na me ho te wɔ Onyankopɔn anim.

5 O, anka ma Onyankopɔn nkasa na ɔmmue n’ano nkyerɛ wo;

6 na ɔnka wo nyansa ahuntasɛm, sɛ emu dɔ yie, na hunu sɛ Onyankopɔn yi n’ani firi w’amumuyɛ no bi so.

7 Wobɛhwehwɛ ahunu Onyankopɔn anaasɛ wobɛhunu akɔduru Otumfoɔ pɛyɛ mu anaa?

8 Ɛkorɔn sɛ ɔsoro, — ɛdeɛn na wobɛyɛ? Ɛyɛ kuronkuron sɛ Asamando, — ɛdeɛn na wonim?

9 Ne nsusuiɛ ware sene asase, na ɛtrɛ sene ɛpo.

10 Sɛ ɔtwam ba na ɔde nnipa gu nnua mu na ɔhyia asennie a, ɛnneɛ hwan na ɔbɛsianka no?

11 Na ɔno na ɔnim nnipa ahuhufoɔ, na ɔhunu abusudeɛ, nanso ɔmmu.

12 Na onipa tibɔnkɔso nya nyansa akoma a, na ɛte sɛdeɛ wɔawo afunumu ba onipa.

13 Sɛ wo deɛ, wosiesie w’akoma, na wotrɛ wo nsam kyerɛ no a,

14 sɛ amumuyɛ wɔ wo nsam a, yi kɔ akyiri, na mma abusudeɛ nntena wo ntomadan mu.

15 Ɛno na wobɛma w’ani so a wonni dɛm, na wobɛtim pintinn a worensuro.

16 Na wo werɛ bɛfiri wo haw, wobɛkae no sɛ nsuo a asene.

17 Na wo nkwa nna bɛyɛ sɛ awia ketee, esum bɛdane sɛ adekyeeɛ.

18 Na wobɛnya abotɔyam sɛ anidasoɔ wɔ hɔ, na wobɛhwɛ wo ho ahyia na woada dwoodwoo.

19 Wobɛda ahome, na obi renyi wo hu, na nnipa bebree bɛhwehwɛ wo hɔ adom.

20 Na abɔnefoɔ deɛ wɔn ani so bɛsi na dwanekɔbea abɔ wɔn, na wɔn anidasoɔ bɛdane wɔn wuo.

The Bible Society of Ghana, 2012

Bible Society of Ghana
Lean sinn:



Sanasan