Hesekiel 9 - New Revised Asante Twi BibleYerusalem di nkoguo 1 Na ɔde nne kɛseɛ teaa mu guu m’aso mu sɛ: Ma kuro no so ahwɛfoɔ ntwe mpini, na obiara mfa n’akodeɛ a ɔde sɛe adeɛ nkura ne nsam. 2 Na hwɛ, mmarima baasia firi atifi ponkɛseɛ a ɛkyerɛ atifi fam kwan no so reba, wɔn kɔdiawuo nnadeɛ kurakura wɔn nsam, na ɔbarima baako wɔ wɔn mu a ɔhyɛ nwera, na ɔtwerɛfoɔ toa bɔ n’asene, na wɔbaa mu bɛgyinaa kɔbere mfrafraeɛ afɔrebukyia no ho. 3 Na Israel Nyankopɔn animuonyam no firii Kerub a ɛwɔ soɔ no so baa ɛdan no pono ano, na ɔfrɛɛ ɔbarima a ɔhyɛ nwera atadeɛ a ɔtwerɛfoɔ toa bɔ n’asene no, 4 na AWURADE ka kyerɛɛ no sɛ: Sene fa kuro no mu, Yerusalem mu na hyɛ nnipa a wɔsisi apini di akyiwadeɛ a wɔyɛ wɔ mu no ho abooboo no nyinaa moma so agyiraeɛ. 5 Na wɔn a aka no, ɔka guu m’aso mu sɛ: Monkɔdi n’akyi mfa kuro no mu, na monkunkum; mommma mo ani nnnodo ho, na monnhunu mmɔbɔ. 6 Nkɔkoraa, mmeranteɛ ne mmabaa ne mmɔfra ne mmaa, monkum wɔn nsɛe wɔn; na obiara a wɔahyɛ no agyiraeɛ no deɛ, monnka no; na me kronkronbea hɔ na momfiri aseɛ. Ɛnna wɔfirii aseɛ, firi mpanimfoɔ a wɔwɔ efie no anim no soɔ. 7 Na ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ: Mongu efie no ho fi, na momfa atɔfoɔ nhyehyɛ abannwa no so ma ma; momfiri adi! Na wɔfirii adi kɔkunkumm wɔ kuro no mu. 8 Na wɔkunkumm no, ɛkaa me nko ara. Na mede m’anim butuu fam, na meteaa mu sɛ: Ao, AWURADE Nyankopɔn, woresɛe Israel nkaeɛ nyinaa wɔ w’abufuhyeɛ a worehwie agu Yerusalem soɔ no mu anaa? 9 Na ɔka kyerɛɛ me sɛ: Israel ne Yuda fie amumuyɛ no yɛ kɛseɛ pa ara, na mogya ayɛ asase no so ma, na ntɛnkyea ayɛ kuro no ma; na wɔka sɛ: AWURADE agya asase no, na AWURADE nhunu. 10 Enti me nso m’ani renni ho adɔna, na merenhunu mmɔbɔ; mede wɔn kwan bɛbua wɔn atifi. 11 Na hwɛ, ɔbarima a wɔhyɛ nwera atadeɛ a ɔtwerɛfoɔ toa bɔ n’asene no de asɛm sane baa sɛ: Mayɛ sɛdeɛ wohyɛɛ me no. |
The Bible Society of Ghana, 2012