Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -

Hesekiel 45 - New Revised Asante Twi Bible


AWURADE, n’asomfo, kuro kronkron no ne aberempɔn no kyɛfa

1 Na sɛ moretwe asase no so ntonto de akyɛ agyapadeɛ a, monyi so mmasoɔ afɔrebɔdeɛ asase no mu akronkronneɛ mma AWURADE; ne ntwemu nyɛ susuo basafa mpem dummienu ne ahanum, na ne trɛ yɛ mpem du; wɔbɛfrɛ no asase kronkron n’ahyeɛ nyinaa mu.

2 Yei mu basafa ahanu aduonum a ɛyɛ ahinanan hyia no nyɛ kronkronbea no deɛ, na basafa aduonu nnum nyɛ ne mmoa adidibea nsase ntwa ho nhyia.

3 Na asase a moasusuo no ara mu, susu ntwemu basafa mpem dummienu ne ahanum, na ne trɛ yɛ mpem du, na yei mu na kronkronbea no, akronkronneɛ mu kronkron no ntena.

4 Asase no mu akronkronneɛ ne no, ɛnyɛ asɔfoɔ a wɔsom kronkronbea a wɔpinkyɛ bɛsom AWURADE no deɛ, na ɛnyɛ wɔn adan sisibea ne kronkronbea ho kronkronbea.

5 Na ntwemu basafa mpem dummienu ne ahanum no no, ne trɛ mu yɛ mpem nnum no nyɛ Lewifoɔ a wɔyɛ asɔrefie no mu asomfo deɛ, na ɛnyɛ wɔn kyɛfa, nkuro a wɔbɛtena mu.

6 Nanso monyi kuro no kyɛfa a ne trɛ yɛ basafa mpem mmienu ne ahanum na ne ntwemu yɛ basafa mpem dummienu ne ahanum, kronkronbea mmasoɔ afɔrebɔdeɛ no ho, ɛnyɛ Israel fie nyinaa dea.

7 Na ɔberempɔn no deɛ no nna kronkronbea no mmasoɔ afɔrebɔdeɛ ne kuro no kyɛfa no nkyɛn mu ɛha ne ɛha, kronkronbea no mmasoɔ afɔrebɔdeɛ ne kuro no kyɛfa no anim, atɔeɛ fam, de rekɔ apueeɛ, ntwemu ne mmusuakuo no kyɛfa no mmaako mmaako deɛ no nsɛ, ɛmfiri atɔeɛ hyeɛ so nkɔ apueeɛ hyeɛ so;

8 asase no na ɛnyɛ ne kyɛfa Israel mu, na m’aberempɔn anhyɛ me man so bio; na wɔmfa asase no mma Israel fie sɛdeɛ wɔn mmusuakuo no teɛ.

9 Sɛ AWURADE Nyankopɔn seɛ nie: Momma no nnɔɔso mma mo, Israel aberempɔn, monnyae amimdie ne nhyɛsoɔ, na monyɛ atemmudeɛ ne ateneneedeɛ, monnyae sɛ monam ɔhyɛ so gye nsase firi me nkurɔfoɔ hɔ, AWURADE Nyankopɔn asɛm nie.

10 Monnya nsania pa ne efa pa ne bat pa.

11 Efa ne bat nsusuiɛ nyɛ baako, na efa nso nyɛ homer nkyɛmu du mu baako. Ne nsusuiɛ nyɛ sɛ homer baako.

12 Na dwetɛbena nyɛ gera aduonu. Nnwetɛbena aduonu, nnwetɛbena aduonu nnum ne nnwetɛbena dunum nyɛ mo mina.

13 Yei ne mmasoɔ afɔrebɔdeɛ a momma soɔ; Ayuo homer mu efa nkyɛmu nsia mu baako ne atokoɔ homer mu efa nkyɛmu nsia mu baako.

14 Na ngo ho ahyɛdeɛ nie: Ngo bat no, bat nkyɛmu du mu baako na momma mfiri susukoraa a ɛne homer a ɛdi bat du no mu; na bat du na ɛyɛ homer;

15 na odwan baako a ɔfiri nnwankuo mu, nnwan ahanu a ɛwɔ Israel adidibea a ɛhɔ afɔ no mu, na ɛnyɛ aduane afɔdeɛ ne ɔhyeɛ afɔdeɛ ne asomdwoeɛ afɔdeɛ, na wɔmfa mpata mma wɔn, AWURADE Nyankopɔn asɛm nie.

16 Asase no so nnipa nyinaa mfa mmasoɔ afɔrebɔdeɛ yi mma Israel mu berempɔn no.

17 Na ɛyɛ ɔberempɔn no asɛdeɛ sɛ ɔmma ɔhyeɛ afɔdeɛ, aduane afɔdeɛ ne ahwiesa, nnapɔnna ne abosome foforɔ ne home nna wɔ Israel fie afahyɛ a wɔhyehyɛ nyinaa mu, ɔno ara na ɔmma bɔne ho afɔdeɛ, ne ɔhyeɛ afɔdeɛ ne asomdwoeɛ afɔdeɛ a wɔde pata ma Israel fie no.


Afahyɛ ne afɔrebɔ ho nhyehyɛɛ

18 Sɛ AWURADE Nyankopɔn seɛ nie: Bosome a ɛdi kan no, da a ɛdi kan no, fa nantwiburuwa a ɔnni dɛm yi kronkronbea no ho bɔne.

19 Na ɔsɔfoɔ no mfa bɔne ho afɔdeɛ mogya no bi nkeka asɔrefie no aponnwa ne afɔrebukyia no faferɛ no ntweaso nnan ne abannwa a ɛwɔ mu no ponkɛseɛ no aponnwa ho.

20 Na bosome no da a ɛtɔ so nson no, yɛ saa ara, ma deɛ wafom anibiannasoɔ ne ne ntetekwaasɛm soɔ no nti, na momfa mpata mma efie no.

21 Bosome a ɛdi kan no da a ɛtɔ so dunan no monni Twam Afahyɛ no. Monnni paanoo a ɛntuiɛ nnanson.

22 Na ɔberempɔn no mfa nantwinini bi, da no ara, mmɔ ɔno ara ne asase no so man nyinaa ho bɔne afɔdeɛ.

23 Na afahyɛ nnanson no nyinaa, ɔmmɔ ɔhyeɛ afɔdeɛ mma AWURADE, anantwinini nson ne adwennini nson a ɛdɛm nni wɔn ho, nna nson no mu da biara, ne bɔne ho afɔdeɛ nso, ɔpapo baako;

24 na ɔmma aduane afɔdeɛ nso, nantwie baako ne aduane efa baako, ne odwennini baako ne aduane efa baako, na ngo susutoa baako nka aduane efa baako ho.

25 Bosome a ɛtɔ so nson da a ɛtɔ so dunum no, afahyɛ no mu no, ɔnyɛ sei ara nnanson, sɛ bɔne ho afɔdeɛ ne ɔhyeɛ afɔdeɛ ne aduane afɔdeɛ ne ngo nso deɛ.

The Bible Society of Ghana, 2012

Bible Society of Ghana
Lean sinn:



Sanasan