Hesekiel 44 - New Revised Asante Twi BibleKronkronbea no ho asomfo 1 Ɛnna ɔde me faa kronkronbea no anim ponkɛseɛ a ɛhwɛ apueeɛ no kwan soɔ, na ɛno deɛ, na wɔato mu. 2 Na AWURADE ka kyerɛɛ me sɛ: Ɛpono kɛseɛ yi, wɔato mu ara, wɔrenhini, na obi remfa mu mma mu, ɛfiri sɛ AWURADE, Israel Nyankopɔn afa mu aba mu nti, wɔato mu ara. 3 Ɔberempɔn no nko, ɔberempɔn a ɔyɛ nti na ɔbɛtena mu adidie, AWURADE anim. Ɔbɛfa ɛpono kɛseɛ no ntwonoo kwan so ahyɛne mu, na wafa ɔkwan no so afiri adi. 4 Ɛnna ɔde me faa atifi fam ponkɛseɛ no kwan so de me baa asɔredan no anim, na mehwɛe, na hwɛ, na AWURADE animuonyam no ahyɛ AWURADE dan no ma, na mehwee fam de m’anim butui. 5 Na AWURADE ka kyerɛɛ me sɛ: Onipa ba, fa w’ani hwɛ, na fa w’aso tie deɛ merebɛka akyerɛ woɔ, AWURADE fie ahyɛdeɛ nyinaa ne ne mmara nyinaa ho no nyinaa, na hwɛ no yie na wɔn a ɛfata sɛ wɔba asɔrefie no aba, na wɔn a wɔmfata no, moapam wɔn. 6 Na ka kyerɛ atuatefoɔ, Israel fie no, sɛ: Sɛ AWURADE Nyankopɔn seɛ nie: Israel fie, mo akyiwadeɛ no nyinaa, momma no nnɔɔso mma mo, 7 sɛ mode ananafoɔ mma, akoma mu momonotofoɔ ne honam mu momonotofoɔ baeɛ, sɛ wɔmmɛtena me kronkronbea ngu me fie ho fi, sɛ mode m’aduane, sradeɛ ne mogya baeɛ, na wɔsɛee m’apam, mo akyiwadeɛ nyinaa soɔ, 8 nanso moanyɛ m’akronkronneɛ no ho adwuma no, na mmom mode mo ara mo nnipa asisi me kronkronbea hɔ adwuma no soɔ. 9 Sɛ AWURADE Nyankopɔn seɛ nie: Ɔnanani biara a ɔyɛ akoma mu momonotoni ne honam mu momonotoni nnhyɛne me kronkronbea, ananafoɔ a ɛwɔ Israelfoɔ mu nyinaa mu, 10 na mpo Lewifoɔ a wɔafiri me ho kɔ akyirikyirie, Israel fom a wɔfomm firii me nkyɛn kɔdii wɔn abosom akyire no mu no, wɔn mpo wɔbɛsoa wɔn amumuyɛ; 11 na wɔbɛyɛ me kronkronbea asomfo ayɛ asɔrefie no apono ano ahwɛfoɔ, na wɔasom asɔrefie no mu. Wɔn na wɔbɛbɔ ɔhyeɛ afɔdeɛ ne ɔkum afɔdeɛ ama ɔman no, na wɔn ara na wɔbɛgyina wɔn anim asom wɔn. 12 Ɛsiane sɛ wɔasom wɔn, wɔn abosom anim na wɔadanedane Israel fie amumuyɛ suntidua nti, mama me nsa so atia wɔn, AWURADE Nyankopɔn asɛm nie, sɛ wɔnsoa wɔn amumuyɛ; 13 na wɔntwe mmpini me mmmɛyɛ asɔfodwuma mmma me, na wɔmmmɛn m’akronkronneɛ no biara mmma m’akronkronneɛ mu akronkronneɛ ho, na wɔnsoa wɔn ahohora ne wɔn akyiwadeɛ a wɔyɛeɛ no. 14 Nanso mede asɔrefie no ho adwuma no bɛhyɛ wɔn nsa, ɛho som ne adeɛ biara a wɔyɛ wɔ mu no nyinaa mu. Lewifoɔ asɔfoɔ no 15 Na asɔfoɔ Lewifoɔ, Sadok mma a wɔyɛ kronkronbea hɔ adwuma, berɛ a Israelfoɔ firii me nkyɛn kɔfomm kwan no, wɔn deɛ, wɔbɛbɛn me, asom me, na wɔagyina m’anim de sradeɛ ne mogya abrɛ me, AWURADE Nyankopɔn asɛm nie, 16 wɔn na wɔbɛhyɛne me kronkronbea hɔ, na wɔn na wɔbɛbɛn me pono ho abɛsom me, na wɔayɛ me som adwuma no. 17 Na sɛ wɔreba aponkɛseɛ a ɛwɔ abannwa a ɛwɔ mu no ho a, wɔnhyehyɛ nwera ntadeɛ, na kuntutam biara nnka wɔn ho berɛ a wɔresom emu fam abannwa no, aponkɛseɛ no mu ne efie no mu. 18 Wɔmfa nwera ahyehyɛdeɛ mmobɔ wɔn ti, a nwera pieto nhyehyɛ wɔn; wɔmmfa biribiara a ɛbɛma wɔafiri fifire mmmɔ abɔsoɔ. 19 Na wɔrefiri adi afiri abannwa no so akɔ ɔman no nkyɛn a, wɔnyiyi ntadeɛ a wɔhyɛ de someɛ no, mfa ngu kronkronbea adammoa no mu, na wɔnhyehyɛ ntadeɛ afoforɔ, na wɔamfa wɔn ntadeɛ kronkronyɛ no ankɔ nkurɔfoɔ no mu. 20 Na wɔnnyiyi wɔn ti, nso wɔnnsi atimum, bubuo nko na wɔmmubu wɔn tiri soɔ. 21 Na bobesa nso ɔsɔfoɔ biara nnnom berɛ a wɔrehyɛne abannwa a ɛwɔ mu no soɔ. 22 Nanso wɔmmfa okunafoɔ ne deɛ wɔako no nnware, na mmom wɔmfa Israel fie asefoɔ mu mmammaa, anaa okunafoɔ a ɔyɛ ɔsɔfoɔ bi kunafoɔ. 23 Na wɔnkyerɛ me man akronkronneɛ ne deɛ abuo so ntam nsonsonoeɛ, na wɔmma wɔnhunu deɛ ɛho wɔ fi ne deɛ ɛho teɛ ntam nsonsonoeɛ. 24 Na akameakamesɛm nso, wɔn ara na wɔnnyina hɔ mmu ho atɛn, m’atemmudeɛ so na wɔmmu atɛn, na wɔnhwɛ me mmara ahodoɔ ne m’ahyɛdeɛ, m’afahyɛ nyinaa mu, na wɔnyɛ me home nna kronkron. 25 Na wɔnnkɔ funu bi ho nnkɔgu wɔn ho fi, gye agya ne ɛna ne ɔbabanin ne ɔbabaa ne onuabarima ne onuabaa a ɔnnya nyɛɛ ɔbarima deɛ ho na wɔwɔ ho kwan sɛ wɔma wɔn ho kum. 26 Na ɔdwira ne ho wie a, wɔnkan nnanson mma no, 27 na ɛda a ɔrehyɛne kronkronbea akɔ emu fam abannwa so akɔsom kronkronbea no, ɔmfa ne bɔne ho afɔdeɛ mmra, AWURADE Nyankopɔn asɛm nie. 28 Na deɛ ɛbɛyɛ wɔn agyapadeɛ deɛ, mene wɔn agyapadeɛ, na mommma wɔn kyɛfa bi wɔ Israel mu, mene wɔn kyɛfa. 29 Aduane afɔdeɛ ne bɔne ho afɔdeɛ ne asodie ho afɔdeɛ no, wɔn ara na wɔnnie, na Israel mu ahyiradeɛ nyinaa nyɛ wɔn deɛ. 30 Na nnoɔma nyinaa mu aba a ɛdi kan mfitiaseɛ no, ne nnoɔma nyinaa mu mmasoɔ afɔrebɔdeɛ a moma soɔ nyinaa no, ɛnyɛ asɔfoɔ no dea; na mo mmɔre mu deɛ ɛdi kan no, momfa mma ɔsɔfoɔ, na nhyira mmra mo fie. 31 Abɔfono biara ne deɛ wɔatete ne mu, nnomaa ne mmoa mu no, asɔfoɔ nnni. |
The Bible Society of Ghana, 2012