Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -

Hesekiel 43 - New Revised Asante Twi Bible


Asɔrefie foforɔ no animuonyam

1 Ɛnna ɔde me baa ɛpono kɛseɛ a ɛhwɛ apueeɛ kwan soɔ no ano.

2 Na hwɛ, Israel Nyankopɔn animuonyam refiri apueeɛ kwan so reba, na ne nne te sɛ nsuo bebree nne, na n’animuonyam maa asase harann.

3 Na adeɛ a mehunuiɛ no su te sɛ adeɛ a mehunuiɛ berɛ a ɔba bɛsɛee kuro no; na ɛyɛ anisoadehunu a ɛte sɛ adeɛ a mehunuu no Asuo Kebar ho no; na mede m’anim butuu fam.

4 Na AWURADE animuonyam no baa efie hɔ ɛpono kɛseɛ a ɛhwɛ apueeɛ fam no kwan so.

5 Na honhom no maa me so de me baa abannwa a ɛwɔ mu no so, na hwɛ, AWURADE animuonyam no ayɛ efie no ma.

6 Na metee sɛ obi firi efie no mu ne me rekasa, na ɔbarima bi gyina me nkyɛn.

7 Na ɔka kyerɛɛ me sɛ: Onipa ba, m’ahennwa sibea ne m’anammɔn agyinaeɛ a mɛtena hɔ, Israelfoɔ mu akɔsi daa nie. Na Israel fie rengu me din kronkron ho fi bio, sɛdeɛ wɔn ne wɔn ahemfo de wɔn adwamammɔ ne wɔn ahemfo afunu yɛeɛ no, wɔn sorɔnsorɔmmea so,

8 sɛ wɔde wɔn apono ase too m’apono ase ho na wɔde wɔn aponnwa nkyɛn mu sii m’aponnwa nkyɛn mu ho, maa ɔfasuo nko sii me ne wɔn ntam no, na wɔde wɔn akyiwadeɛ a wɔyɛ guu me din kronkron no ho fi maa mehyee wɔn m’abufuo mu no.

9 Afei deɛ, wɔnyi wɔn adwamammɔ no wɔn ahemfo afunu no mfiri me nkyɛn nkɔ akyirikyiri, na mɛtena wɔn mu akɔsi daa.

10 Wo, onipa ba, fa asɔrefie yi kyerɛ Israel fie, na wɔn anim ngu ase, wɔn amumuyɛ ho, na ma wɔnsusu susudeɛ no.

11 Na sɛ wɔn anim gu ase deɛ wɔayɛ nyinaa ho a, kyerɛ wɔn asɔrefie no suban ne ne nsiesieeɛ, ne n’adifire ne ne muba, ne ne su nyinaa ne n’ahyɛdeɛ nyinaa, ne ne ban nyinaa ne ɛho mmara nyinaa, na twerɛ no wɔn anim, na wɔnhwɛ ne su no nyinaa ne ɛho ahyɛdeɛ nyinaa, na wɔnni so.

12 Yei ne asɔrefie no ho mmara: Bepɔ no atifi ne ɛhyeɛ a ɛtwa ho hyia twan nyinaa nyɛ akronkronneɛ mu kronkron. Hwɛ, efie no ho mmara nie.


Afɔrebukyia no

13 Na yeinom ne afɔrebukyia no nsusuiɛ, (basafa baako yɛ basafa ne nsa mu trɛ soɔ), ne nnyinasoɔ yɛ anammɔn ne fa, na ne trɛ yɛ anammɔn baako ne fa, na anoano hini a ɛtwa ho hyia yɛ nsaama baako; na yei ne afɔrebukyia no ase.

14 Na ɛfiri fam nnyinasoɔ no so de kɔsi aseɛ faferɛ no so yɛ basafa baako, na ne trɛ yɛ anammɔn baako ne fa, na ɛfiri faferɛ kumaa no so kɔsi faferɛ kɛseɛ no soɔ yɛ basafa mmienu, na ne trɛ yɛ anammɔn baako ne fa.

15 Na afɔrebukyia no yɛ basafa mmienu, na ɛfiri afɔrebukyia no so de kɔ soro wɔ mmɛn nnan.

16 Na afɔrebukyia no ntwemu yɛ basafa nsia, na ne trɛ nsia, n’afa nnan, ɛyɛ ahinanan.

17 Na faferɛ no ntwemu yɛ basafa nson, na n’afa nnan ne trɛ yɛ nson, na ano a ɛtwa ho hyia no yɛ bɛyɛ anammɔn baako, na ne nnyinasoɔ anammɔn baako ne fa twa ho hyia; na n’aforoeɛ hwɛ apueeɛ.

18 Na ɔka kyerɛɛ me sɛ: Onipa ba, sɛ AWURADE Nyankopɔn seɛ nie: Yeinom ne afɔrebukyia no ho ahyɛdeɛ, da a wɔbɛyɛ no sɛ wɔmmɔ so hyeɛ afɔdeɛ na wɔmpete so mogya no;

19 Asɔfoɔ, Lewifoɔ a wɔfiri Sadok asefoɔ mu a wɔbɛba abɛbɛn me sɛ wɔrebɛsom me no, AWURADE Nyankopɔn asɛm nie, ma wɔn nantwiburuwa na wɔmfa mmɔ bɔne ho afɔdeɛ,

20 na fa ne mogya no bi keka ne mmɛn nnan ne faferɛ no ahinanan ne anoano a ɛtwa ho hyia, fa yi ɛho bɔne na pata ma no.

21 Na fa bɔne ho afɔdeɛ nantwinini no, na hye no, asɔrefie no baabi a wɔayi ato hɔ, kronkronbea adihɔ fam no.

22 Na ɛda a ɛtɔ so mmienu no, fa ɔpapo a ɔnni dɛm bra bɛbɔ bɔne ho afɔdeɛ, na wɔmfa nyi afɔrebukyia no ho bɔne, sɛdeɛ wɔde nantwinini no yiiɛ no.

23 Sɛ wowie bɔne no yi a, fa nantwiburuwa a ɔnni dɛm ne nnwankuo mu adwennini a ɔnni dɛm bra,

24 na fa wɔn bra AWURADE anim, na asɔfoɔ no mfa nkyene ngu wɔn so, na wɔmfa wɔn mmɔ ɔhyeɛ afɔdeɛ mma AWURADE.

25 Nnanson na fa ɔpapo bɔ bɔne ho afɔdeɛ daa, na nantwiburuwa ne nnwankuo mu dwennini a ɛdɛm biara nni wɔn ho nso na wɔmfa mmɔ.

26 Nnanson na wɔmfa mpata mma afɔrebukyia no, na wɔnnwira ho na wɔmfa nhyɛ nsa.

27 Na wɔwie nna no a, da a ɛtɔ so nwɔtwe de rekorɔ no, asɔfoɔ no mmɔ mo hyeɛ afɔdeɛ ne mo asomdwoeɛ afɔdeɛ, afɔrebukyia no so, na m’ani bɛsɔ mo, AWURADE Nyankopɔn asɛm nie.

The Bible Society of Ghana, 2012

Bible Society of Ghana
Lean sinn:



Sanasan