Hesekiel 40 - New Revised Asante Twi BibleAsɔrefie foforɔ ho adehunu 1 Yɛn tukorɔ afe a ɛtɔ so aduonunum no afe no ahyɛaseɛ bosome no da a ɛtɔ so du no, kuro no bɔ akyiri afe a ɛtɔ so dunan mu no, ɛda no ara no AWURADE nsa baa me so, na ɔde me baa hɔ. 2 Nyankopɔn anisoadehunu mu na ɔde me baa Israel asase soɔ, na ɔde me kɔgyinaa bepɔ a ɛkorɔn papaapa so, na ɛso te sɛ kuro bi a wɔakyekyere no anafoɔ fam. 3 Na ɔde me baa hɔ no, na hwɛ, ɔbarima bi a ne su te sɛ kɔbere mfrafraeɛ nie, na siwabire homa ne susuo demmire kura ne nsamu, na ɔgyina ɛpono kɛseɛ no ano. 4 Na ɔbarima no kasa kyerɛɛ me sɛ: Onipa ba, fa w’ani hwɛ, na fa w’aso tie, na fa w’adwene to deɛ merema woahunu no nyinaa so. Na sɛdeɛ ɛbɛyɛ na mɛma woahunu nti na wɔde wo baa ha. Ka deɛ wohunu yi nyinaa kyerɛ Israel fie. 5 Na hwɛ, na ɔfasuo atwa efie no ho ahyia, na ɔbarima no kura demmire a ne tentene yɛ basafa mmiɛnsa wɔ ne nsamu, nsamu trɛ da anammɔn baako ne fa biara so, na ɔsusuu ɔfasuo no trɛ, demmire no baako, na ne korɔn nso demmire baako tentene. 6 Ɛnna ɔbaa ɛpono kɛseɛ a ani kyerɛ apueeɛ fam kwan soɔ no ho, na ɔforoo ne ntwedeɛ no, na ɔsusuu ɛpono kɛseɛ no ano, ɛpono ase a ne trɛ yɛ demmire baako, ɛne ɛpono ase baako a ne trɛ yɛ demmire baako. 7 Ne pia no ntam, basafa mmienu ne fa, mmienu ne fa; ne ɛpono kɛseɛ no pono ase a ɛwɔ ntwonoo a ɛkyerɛ efie no ho no, demmire baako; 8 na ɔsusuu ɛpono kɛseɛ no ntwonoo a ɛkyerɛ efie no, demmire baako; 9 na ɔsusuu ntwonoo no basafa nnan ne n’adum no, basafa baako, na ntwonoo no kyerɛ efie no mu. 10 Na apueeɛ fam ponkɛseɛ no mpia no, mmiɛnsa wɔ ha na mmiɛnsa wɔ ha, ne mmiɛnsa no nyinaa nsusuiɛ yɛ baako, na ɛha ne ɛha adum no nsusuiɛ yɛ baako. 11 Na ɔsusuu ɛpono kɛseɛ no ano trɛ basafa nnum, na ɛpono kɛseɛ no ntwemu yɛ basafa nsia ne fa. 12 Na mpia no anim hyekwan anammɔn baako ne fa wɔ ha ne ɛha, na pia baako yɛ basafa mmiɛnsa wɔ ha ne basafa mmiɛnsa wɔ ha. 13 Na ɔsusuu ɛpono kɛseɛ no firii pia baako atifi de kɔsii baako atifi, ne trɛ yɛ basafa dummienu ne fa, ɛpono ne ɛpono ntam. 14 Na ɔyɛɛ adum no basafa du, na adum no ho wɔ abannwa a ɛtwa ɛpono kɛseɛ no ho hyiahyia. 15 Na ɛfiri ɛpono kɛseɛ a wɔfa mu hyɛne mu no anim kɔsi emu fam ponkɛseɛ no ntwonoo anim yɛ basafa aduonu nnum. 16 Na mpomma aniahunuankansa wowɔ mpia no ne n’adum no ho, kɔ ponkɛseɛ no mu fam, de twa ho hyiahyia, ne ntam fasuo no ho saa ara, na mpomma wɔ mu hyia, na mmɛ wowɔ adum no ho. 17 Ɛnna ɔde me kɔɔ abannwa a ɛwɔ akyire no soɔ, na hwɛ, na adammoa wowɔ hɔ, ne aboɔ nsɛeɛ a wɔayɛ no abannwa so hɔ atwa ahyia. Adammoa aduasa na na ɛwɔ aboɔ nsɛeɛ no ho. 18 Na aboɔ nsɛeɛ no wɔ aponkɛseɛ no nkyɛn mu ma no ne aponkɛseɛ no ntwemu sɛ; ɛne aboɔ nsɛeɛ no. 19 Na ɔsusuu akyire abannwa no, ne trɛ firi ɛpono kɛseɛ no anim de kɔsi emu fam abannwa no anim, basafa aduonum, apueeɛ fam ne atifi fam. 20 Na ɛpokɛseɛ a ani hwɛ atifi fam, ɛho fam abannwa no ho no, ɔsusuu ne ntwemu ne ne trɛ 21 ne ne mpia, mmiɛnsa wɔ ha na mmiɛnsa wɔ ha, ne n’adum ne ne ntam fasuo. Ne nsusuiɛ te sɛ akane ponkɛseɛ no deɛ no, ne tentene yɛ basafa aduonu nnum, na ne ntwemu basafa dummienu ne fa. 22 Na ne mpomma ne ntam afasuo, ne mmɛ no nsusuiɛ te sɛ ɛpono kɛseɛ a ani hwɛ apueeɛ fam no deɛ no. Na ntwedeɛ nson na wɔforo kɔ mu, na ne ntam fasuo no sisi anim. 23 Na emu fam abannwa no ponkɛseɛ si ɛpono kɛseɛ a ɛhwɛ atifi fam, ne deɛ ɛhwɛ apueeɛ fam no ntentensoɔ, na ɔsusu firii ɛpono kɛseɛ ano kɔsii ɛpono kɛseɛ ano, basafa aduonum. 24 Ɛnna ɔde me kɔɔ anafoɔ fam, na hwɛ, na ɛpono kɛseɛ wɔ anafoɔ fam nso, na ɔsusuu n’adum ne ne ntam fasuo sɛdeɛ saa nsusuiɛ no teɛ; 25 na mpomma twa ɛno ne ne ntam fasuo ho hyia sɛdeɛ saa mpomma no teɛ; ne ntwemu yɛ basafa aduonu nnum, na ne trɛ yɛ basafa dummienu ne fa, 26 na n’aforoeɛ yɛ ntwedeɛ nson, na ne ntam fasuo sisi anim, na mmɛ wowɔ ho, baako wɔ ha na baako wɔ ha, n’adum ho. 27 Na abannwa a ɛwɔ mu no ponkɛseɛ wɔ anafoɔ fam, na ɔsusu firii ɛpono kɛseɛ ano de kɔsii ɛpono kɛseɛ ano, anafoɔ fam, basafa aduonum. 28 Ɛnna ɔde me faa anafoɔ fam ponkɛseɛ no mu kɔɔ abannwa a ɛwɔ mu no soɔ; na ɔsusuu anafoɔ fam ponkɛseɛ no, sɛdeɛ saa nsusuiɛ no teɛ; 29 ne ne mpia ne n’adum ne ne ntam fasuo, sɛdeɛ saa nsusuiɛ no teɛ, na mpomma wowɔ ho ne ne ntam fasuo ho hyia; ne ntwemu yɛ basafa aduonu nnum, na ne trɛ yɛ basafa dummienu ne fa. 30 Na ntam fasuo twa ho hyia, ne ntwemu yɛ basafa dummienu ne fa, na ne trɛ basafa mmienu ne fa. 31 Na ne ntam fasuo no hwɛ ɛho fam abannwa so, na mmɛ wowɔ n’adum ho, na aforoeɛ no yɛ ntwedeɛ nwɔtwe. 32 Ɛnna ɔde me kɔɔ abannwa a ɛwɔ mu no soɔ apueeɛ fam. Na ɔsusuu ɛpokɛseɛ no sɛdeɛ saa nsusuiɛ no teɛ, 33 na ne mpia ne n’adum ne ne ntam fasuo te sɛdeɛ saa nsusuiɛ no teɛ, na mpomma twa ɛno ne ne ntam fasuo ho hyia, ne ntwemu yɛ basafa aduonu nnum, na ne trɛ yɛ basafa dummienu ne fa. 34 Na ne ntam fasuo no hwɛ ɛho fam abannwa so, na mmɛ wowɔ n’adum ho ɛha ne ɛha, na n’aforoeɛ yɛ ntwedeɛ nwɔtwe. 35 Ɛnna ɔde me kɔɔ atifi fam ponkɛseɛ no ano, na ɔsusuu sɛdeɛ saa nsusuiɛ no teɛ, 36 ne mpia, n’adum ne ne ntam fasuo; na mpomma twa ho hyia; ne ntwemu yɛ basafa aduonu nnum, na ne trɛ yɛ basafa dummienu ne fa; 37 na ne ntam fasuo hwɛ ɛho fam abannwa so, na mmɛ wowɔ n’adum ho, ɛha ne ɛha, na n’aforoeɛ yɛ ntwedeɛ nwɔtwe. 38 Na dammoa ne ano pono wɔ ponkɛseɛ no adum no ho, ɛhɔ na wɔhohoro ɔhyeɛ afɔdeɛ ho. 39 Na ɛpono kɛseɛ no ntwonoo no mu no, apono mmienu sisi ha, na mmienu nso sisi ha, na ɛho na wɔkum ɔhyeɛ afɔdeɛ ne bɔne ho afɔdeɛ ne asodie afɔdeɛ. 40 Na ntwonoo no akyi nkyɛn mu, a ɛda deɛ wɔreforo kɔ ɛpono kɛseɛ no ano no atifi fam hɔ, apono mmienu sisi hɔ, na ɛpono kɛseɛ no ntwonoo no nkyɛn mu ha nso, apono mmienu nso sisi hɔ. 41 Apono nnan wɔ ɔfa ha, na apono nnan nso wɔ ɔfa ha, ɛpono kɛseɛ no nkyɛn mu, apono nwɔtwe ho na wɔkum mmoa. 42 Na apono nnan sisi aforoeɛ no ho, ɛyɛ aboɔ a wɔasene. Ne ntwemu yɛ anammɔn mmienu ne fa, ne trɛ yɛ anammɔn ne fa, ne korɔn yɛ anammɔn baako ne fa; ɛso na wɔde adeɛ a wɔde kum ɔhyeɛ afɔdeɛ ne okum afɔdeɛ no guo; 43 na nkɔtɔkorɔ nta a ɛyɛ nsamu trɛ hyehyɛ ɛdan no mu hyia; na apono no so na wɔde ayɛyɛdeɛ nam no guo. 44 Na ponkɛseɛ a ɛwɔ mu no akyi na na adammoa mmienu wowɔ, abannwa a ɛwɔ mu no so, baako si atifi fam ponkɛseɛ no nkyɛn mu, na anim hwɛ anafoɔ fam, baako nso si anafoɔ fam ponkɛseɛ no nkyɛn mu, na anim hwɛ atifi fam. 45 Na ɔka kyerɛɛ me sɛ: Dammoa a ani hwɛ anafoɔ fam yi yɛ asɔfoɔ a wɔhwɛ efie no soɔ no dea, 46 na dammoa a ani hwɛ atifi fam no yɛ asɔfoɔ a wɔhwɛ afɔrebukyia no soɔ no dea. Wɔne Sadok mma a wɔfiri Lewifoɔ no mu, a wɔbɛn AWURADE, bɛsom no no. 47 Na ɔsusuu abannwa no ntwemu, basafa aduonum, ne ne trɛ, basafa aduonum, ɛyɛ ahinanan; na afɔrebukyia si ɛdan no anim. Asɔrefie no 48 Ɛnna ɔde me kɔɔ ɛdan no ntwonoo mu, na ɔsusuu ntwonoo no adum no, basafa mmienu ne fa wɔ ha, na basafa mmienu ne fa wɔ ha; ne ɛpono kɛseɛ no trɛ basafa baako ne fa wɔ ha ne basafa baako ne fa wɔ ha. 49 Ntwonoo no ntwemu yɛ basafa du, na ne trɛ yɛ basafa nnum ne fa, ntwedeɛ a wɔforo kɔ mu no so; na adum sisi ntwonoo adum no anim, baako wɔ ha na baako wɔ ha. |
The Bible Society of Ghana, 2012