Hesekiel 38 - New Revised Asante Twi BibleGog ba Israel asase so 1 Na AWURADE asɛm baa me nkyɛn sɛ: 2 Onipa ba, fa w’ani si Gog so, Magog asase so, Mesek ne Tubal berempɔn no, na hyɛ nkɔm tia no, 3 na ka sɛ: Sɛ AWURADE Nyankopɔn seɛ nie: Hwɛ, me ne wo anya, Gog, Mesek ne Tubal berempɔn! 4 Na mɛgyegye wo, na mede nnarewa mawurawura w’afono mu, na mayi wo ne wo dɔm nyinaa, apɔnkɔ ne apɔnkɔsotefoɔ a wɔn nyinaa hyehyɛ ntadeɛ akɛseɛ ne nkumaa na wɔn nyinaa kurakura nkrantɛ no aba; 5 Persia, Etiopia ne Put ka wɔn ho, wɔn nyinaa wowɔ ɛkyɛm ne dadeɛ kyɛ; 6 Gomer ne n’asafotoɔ nyinaa, Togarma fie a ɛwɔ atifi fam tɔnn ne n’asafotoɔ nyinaa; aman bebree ka wo ho. 7 Mia na siesie wo ho, wo ne w’asafo ahodoɔ a wɔaboaboa wɔn ano aba wo nkyɛn nyinaa, na yɛ wɔn ɔhwɛfoɔ. 8 Nna pii akyiri no, wɔbɛba abɛhwɛ wo; mfeɛ a ɛdi akyire no mu no, wobɛba asase a wɔadane ɛsofoɔ afiri nkrantɛ ano de wɔn abɛsi hɔ na wɔaboa wɔn ano afiri aman bebree mu no so, Israel mmepɔ a ɛdedaa mpan daa no so; na afei wɔayi ɔman no afiri aman no mu, na wɔn nyinaa te hɔ dwoodwoo. 9 Na wobɛba sɛ ahum, wobɛba sɛ mununkum abɛkata asase no so, wo ne w’asafotoɔ no nyinaa ne aman pii a ɛkeka wo ho. 10 Sɛ AWURADE Nyankopɔn seɛ nie: Na ɛda no, nsɛm bi bɛsɔre w’akomam na woadwene adwemmɔne, 11 na woaka sɛ: Mɛforo makɔ asase a ano da hɔ no, akɔtua wɔn a wɔwɔ hɔ komm a wɔte hɔ dwoodwoo no, wɔn nyinaa tete hɔ a wɔnni ɔfasuo, na wɔnni aponkɛseɛ ne akyire adaban, 12 sɛ worekɔfa asadeɛ na woafom adeɛ afa, na woadane wo nsa nifa atia amamfo a afei wɔtete mu ne ɔman a wɔaboaboa ano afiri amanaman mu na wɔdanedane wɔn ho nya mmoa ne nnoɔma na wɔte asase mfimfini no. 13 Seba ne Dedan ne Tarsis adwadifoɔ ne wɔn a wɔwɔ nkuraase no nyinaa bɛka akyerɛ wo sɛ: Asadeɛ na worebɛfa yi? Fomfa nti na woahyia w’asafo, sɛ worebɛsoa dwetɛ ne sika na woafa mmoa ne nnoɔma na woafom asadeɛ bebree yi? 14 Enti, onipa ba, hyɛ nkɔm na ka kyerɛ Gog sɛ: Sɛ AWURADE Nyankopɔn seɛ nie: Ɛnyɛ da a me man Israel bɛtena ase dwoodwoo no na wɔbɛhunu, 15 na wobɛfiri wo tenabea atifi fam ano nohoa tɔnn aba, wo ne aman bebree a wɔka wo ho a wɔn nyinaa tete apɔnkɔ soɔ, asafo kɛseɛ ne dɔm a ɛso, 16 na wobɛtu aba me man Israel so sɛ mununkum abɛkata asase no so. Nna a ɛdi akyire no, mede wo bɛba m’asase so, na amanaman ahu me, berɛ a meyi me kronkronyɛ adi wɔ wo ho, wɔn anim, O Gog! 17 Sɛ AWURADE Nyankopɔn seɛ nie: Wone deɛ mekaa ne ho asɛm tete nna no mu a menam me nkoa, Israel adiyifoɔ a wɔkaa adiyisɛm nna no mu, mfeɛ pii no so mekaa sɛ mede wo bɛba wɔn soɔ no? 18 Na ɛda no, ɛda a Gog bɛba Israel soɔ no, AWURADE Nyankopɔn asɛm nie, m’abufuhyeɛ bɛdɛre, 19 na me ninkuntwe mu, m’anibereɛ gya no mu, maka sɛ: Ampa ara, ɛda no awosoɔ kɛseɛ bɛba Israel asase so, 20 na ɛpo mu mpataa ne ewiem nnomaa bɛwoso m’anim. Wiram mmoa ne wɔn a wɔwea asase soɔ nyinaa, ne nnipa a wɔwɔ asase so nyinaa, na mmepɔ bɛdwiri agu, na abotan korɔnkorɔn ahwehwe ase, na afasuo nyinaa ahwehwe ase. 21 Na mɛfrɛ nkrantɛ atia no, me mmepɔ nyinaa so, AWURADE Nyankopɔn asɛm nie, wɔn nyinaa kurakura nkrantɛ, obi de bɛka ne nua; 22 na mede owuyadeɛ ne mogya ne no bɛdi, na mɛtɔ osuo a ɛhwie na ɛsram soɔ ne asukɔtweaa, ogya ne sɔfe agu ɔno ne n’asafotoɔ ne aman bebree a wɔkeka ne ho no so; 23 na mɛyɛ me ho kɛse na mayɛ me ho kronkron, na mama wɔahu me, amanaman bebree anim, na wɔahunu sɛ mene AWURADE. |
The Bible Society of Ghana, 2012