Hesekiel 37 - New Revised Asante Twi BibleIsrael nkwa foforɔ 1 AWURADE nsa baa me so, na ɔde me firii adi wɔ AWURADE honhom mu, na ɔde me kɔsii bonhwakɛseɛ a nnompe ara nko ayɛ mu ma mu. 2 Na ɔma me faa so kyini hyiae, na hwɛ, na ɛdɔɔso pa ara wɔ bonhwa no ani, na hwɛ, ɛho akokwa sɛ. 3 Na ɔbisaa me sɛ: Onipa ba, nnompe yi bɛnya nkwa anaa? Na mese: AWURADE Nyankopɔn, wo na wonim. 4 Na ɔka kyerɛɛ me sɛ: Hyɛ nnompe yi ho nkɔm, na ka kyerɛ wɔn sɛ: Mo nnompe a mo ho akokwa, montie AWURADE. 5 Sɛ AWURADE Nyankopɔn ka kyerɛ nnompe yi nie: Hwɛ, mɛma ahome aba mo mu, na moanya nkwa. 6 Na mede ntini bɛsosɔ mo mu, na mede nam agu mo so, na mede wedeɛ akata mo ho, na mede ahome ahyɛ mo mu, na moanya nkwa, na moahunu sɛ mene AWURADE. 7 Ɛnna mehyɛɛ nkɔm sɛdeɛ wɔhyɛɛ me no; na mehyɛɛ nkɔm no, ɛnne bi bae, na hwɛ, awosoɔ bi nie, na nnompe no hyiahyiae, dompe bɛkaa ne dompe ho. 8 Na mehwɛe, na hwɛ, ntini baa so, na ɛnam baa ho, na wedeɛ bɛkataa so, nanso na ahome biara nni mu. 9 Ɛnna ɔka kyerɛɛ me sɛ: Hyɛ nkɔm kyerɛ mframa no, hyɛ nkɔm, onipa ba, na ka kyerɛ aframa no sɛ: Sɛ AWURADE Nyankopɔn seɛ nie: Ahome e, firi mframa nnan no mu bra, na bɛhome gu nnipa a wɔakunkum wɔn yi so, na wɔnnya nkwa. 10 Ɛnna mehyɛɛ nkɔm sɛdeɛ wɔhyɛɛ me no; na ahome no baa wɔn mu, na wɔnyinyaa nkwa, na wɔsɔre gyinagyinaa wɔn nan so, dɔm kɛseɛ pa ara. 11 Ɛnna ɔka kyerɛɛ me sɛ: Onipa ba, nnompe yi yɛ Israel fie no nyinaa. Hwɛ, wɔka sɛ: Yɛn nnompe ho akokwa, na yɛn anidasoɔ ayera; wɔatwa yɛn korakora! 12 Enti hyɛ nkɔm, na ka kyerɛ wɔn sɛ: Sɛ AWURADE Nyankopɔn seɛ nie: Hwɛ, merebuebue mo adamena ano na mayi mo, me man, afiri mo adamena mu, na mede mo akɔ Israel asase so, 13 na moahunu sɛ mene AWURADE, sɛ mebuebue mo adamena ano, me man, na mema mo firi adamena no mu ba a. 14 Na mede me honhom bɛhyɛ mo mu, na moanya nkwa, na mede mo adua mo asase so, na moahunu sɛ me, AWURADE, na maka na mayɛ, AWURADE asɛm nie. Israel baakoyɛ foforɔ 15 Na AWURADE asɛm baa me nkyɛn sɛ: 16 Na wo, onipa ba, fa dua baako na twerɛ so sɛ: Yuda ne Israelfoɔ a wɔka ne ho no deɛ; na fa dua baako nso, na twerɛ so sɛ: Yosef a ɔne Efraim, ne Israel fie a wɔka ne ho no nyinaa dua. 17 Na ka ne mmienu bɔ mu yɛ no dua koro, na ɛnyɛ baako wɔ wo nsam. 18 Na sɛ wo man mma bisa wo sɛ: Worenkyerɛ yɛn deɛ wode yeinom reyɛ anaa? 19 Ka kyerɛ wɔn sɛ: Sɛ AWURADE Nyankopɔn seɛ nie: Hwɛ, merefa Yosef dua (a ɛwɔ Efraim nsam) no ne Israel mmusuakuo a wɔka ne ho no, mede wɔn aka Yuda dua no ho, na mayɛ wɔn dua koro, na wɔayɛ baako, me nsam. 20 Na nnua a woatwerɛtwerɛ soɔ no ntena wo nsam, wɔn anim. 21 Na ka kyerɛ wɔn sɛ: Sɛ AWURADE Nyankopɔn seɛ nie: Hwɛ, merekɔfa Israel mma afiri amanaman a wɔakɔ hɔ no mu, na maboa wɔn ano afiri mmaa nyinaa ahyia, na mede wɔn akɔ wɔn asase so, 22 na mayɛ wɔn ɔman koro, asase no so, Israel mmepɔ no so, na ɔhene baako adi wɔn nyinaa so hene, na wɔrenyɛ aman mmienu bio, na wɔrempae wɔn mu bio nyɛ ahennie mmienu bio, 23 na wɔremfa wɔn abosonhuhuo ne wɔn atantanneɛ ne wɔn mmaratodeɛ nyinaa ngu wɔn ho fi bio, na mɛgye wɔn nkwa, wɔn tenabea nyinaa a wɔayɛ hɔ bɔne no, na mate wɔn ho, na wɔayɛ me ɔman, na me nso mayɛ wɔn Onyankopɔn. 24 Na m’akoa Dawid bɛdi wɔn so hene, na odwanhwɛfoɔ koro adi wɔn nyinaa so, na wɔanante m’atemmudeɛ mu, na wɔahwɛ m’ahyɛdeɛ ayɛ, 25 na wɔatena asase a mede memaa m’akoa Yakob a mo agyanom tenaa soɔ no so, wɔne wɔn mma ne wɔn mma mma akɔsi daa, na m’akoa Dawid bɛyɛ wɔn ɔberempɔn akɔsi daa. 26 Na me ne wɔn bɛpam asomdwoeɛ apam, ɛbɛyɛ wɔn daa apam, na wɔatim na mama wɔakyene, na mede me kronkronbea bɛsi wɔn mu akɔsi daa. 27 Na me tenabea bɛsi wɔn mu, na mayɛ wɔn Onyankopɔn, na wɔn nso wɔayɛ me ɔman, 28 na amanaman no ahunu sɛ mene AWURADE a mete Israel ho, berɛ a me kronkronbea si wɔn mu kɔsi daa no. |
The Bible Society of Ghana, 2012