Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -

Hesekiel 36 - New Revised Asante Twi Bible


Wɔhyira Israel asase

1 Na wo, onipa ba, hyɛ nkɔm kyerɛ Israel mmepɔ, na ka sɛ: Mo, Israel mmepɔ, montie AWURADE asɛm:

2 Sɛ AWURADE Nyankopɔn seɛ nie: Ɛsiane sɛ ɔtamfoɔ ka mo ho asɛm sɛ: Wiɛ, tete sorɔnsorɔmmea no abɛyɛ yɛn deɛ! nti,

3 hyɛ nkɔm, na ka sɛ: Sɛ AWURADE Nyankopɔn seɛ nie: Ɛsiane sɛ wɔayɛ mo afo amene mo, afa nyinaa, ama moadanedane agyapadeɛ ama amanaman no nkaeɛ, na ɔkasafoɔ tɛkyerɛma da mo soɔ, na nkurɔfoɔ sopa mo nti,

4 mo, Israel mmepɔ, montie AWURADE Nyankopɔn asɛm: Sɛ AWURADE Nyankopɔn ka kyerɛ mmepɔ ne nkokoɔ ne nsubɔnhwa no, akurofo a ɛdeda mpan ne nkuro a wɔagya a adanedane fomfa adeɛ ne fɛdie ama amanaman nkaeɛ a ɛwowɔ ho hyia no,

5 enti sɛ AWURADE Nyankopɔn seɛ nie: Ampa ara, me ninkuntwe gya mu na mɛkasa atia amanaman nkaeɛ no, ne Edom nyinaa a wɔafa m’asase ayɛ wɔn apɛgyadeɛ, wɔn akoma nyinaa anigyeɛ mu, ne ɔkra ho ɛpetoɔ mu, sɛ wɔbɛfa de ayɛ fomfa adeɛ.

6 Ɛno nti hyɛ Israel asase ho nkɔm, na ka kyerɛ mmepɔ ne nkokoɔ ne nsubɔnhwa ne mmonhwa no sɛ: Hwɛ, me ninkuntwe ne m’anibereɛ mu na mekasa, ɛfiri sɛ moasoa amanaman ahohora;

7 enti sɛ AWURADE Nyankopɔn seɛ nie: Me na mama me nsa soɔ; ampa ara, amanaman a atwa mo ho ahyia no, wɔn ara na wɔbɛsoa wɔn ahohora.

8 Na mo Israel mmepɔ, mobɛdennan mo mman mu na moaso mo aba ama me man Israel, ɛrenkyɛre na wɔaba fie.

9 Na hwɛ, meredi mama mo, na madane aba mo nkyɛn, na wɔbɛdɔ mo, na wɔadua mo so aduane.

10 Na mɛma nnipa adɔɔso mo so, Israel fie nyinaa, na wɔbɛtenatena nkuro no mu, na wɔakyekyere afoafo no.

11 Na mɛma nnipa ne afieboa adɔɔso mo so, na wɔadɔre awowo bebree, na mama wɔatena mo so sɛ akane berɛ no, na mayɛ mo yie asene mo mfitiaseɛ, na moahunu sɛ mene AWURADE.

12 Na mɛma nnipa anante mo so, me man Israel so, na wɔafa wo ayɛ wɔn deɛ, na woayɛ wɔn agyapadeɛ, na worenkɔ so mma wɔnni mmasugya bio.

13 Sɛ AWURADE Nyankopɔn seɛ nie: Ɛsiane sɛ wɔka kyerɛ wo sɛ: Woyɛ nnipadifoɔ, na woma wo man di mmasugya nti,

14 worenni nnipa nam bio, na woremma wo manfoɔ nni mmasugya bio, AWURADE Nyankopɔn asɛm nie.

15 Na meremma wonte amanaman ahohorabɔ bio, na worensoa aman nsopa bio, na woremma wo man nni mmasugya bio, AWURADE Nyankopɔn asɛm nie.


Akoma foforɔ ho bɔhyɛ

16 Na AWURADE asɛm baa me nkyɛn sɛ:

17 Onipa ba, Israel fie tenaa wɔn asase soɔ no, wɔde abrabɔ ne wɔn nneyɛɛ guu ho fi; na wɔn bra no te sɛ ɔbaa a wayɛ bra fi wɔ m’anim.

18 Ɛnna mehwiee m’abufuhyeɛ guu wɔn soɔ, mogya a wɔhwiee guu asase no soɔ no nti, ne wɔn abosom a wɔde guu ho fi no nti.

19 Na mepansamm wɔn guu amanaman mu, na mehwetee wɔn mu guu nsase so. Wɔn bra ne wɔn nneyɛɛ so na mebuu wɔn atɛn.

20 Na wɔduruu amanaman a wɔkɔɔ hɔ no mu no, wɔguu me din kronkron no ho fi, sɛ wɔkaa no wɔ wɔn ho sɛ: AWURADE man ne yeinom, nanso wɔafiri n’asase so kɔ.

21 Ɛnna menyaa tema maa me din kronkron a Israel fie guu no fi, amanaman a wɔkɔɔ hɔ no mu.

22 Ɛno nti ka kyerɛ Israel fie sɛ: Sɛ AWURADE Nyankopɔn seɛ nie: Israel fie, ɛnyɛ mo nti na mereyɛ, na mmom me din kronkron a moguu ho fi, amanaman a mokɔɔ hɔ no mu ntira.

23 Na mɛyɛ me din kɛseɛ a wɔagu ho fi, amanaman a moagu ho fi wɔ wɔn mu no kronkron, na amanaman ahunu sɛ mene AWURADE, AWURADE Nyankopɔn asɛm nie, sɛ mereyi me kronkronyɛ adi, mo mu, wɔn ani so.

24 Na mɛfa mo afiri amanaman no mu, na maboaboa mo ano afiri nsase no nyinaa so, na mede mo asane aba mo asase so.

25 Na mede nsu korɔgyenn bɛpete mo so na mo ho ate; mo ho fi nyinaa ne mo abosonhuhuo nyinaa mu na mɛte mo ho afire,

26 na mɛma mo akoma foforɔ, na mede honhom foforɔ mahyɛ mo mu, na mɛyi ɔboɔ akoma no afiri mo honam mu, na mama mo honam akoma.

27 Na mede me honhom bɛhyɛ mo mu, na mama moanante m’ahyɛdeɛ so, na moahwɛ m’atemmudeɛ ayɛ.

28 Na mobɛtena asase a mede memaa mo agyanom no so, na moayɛ me ɔman, na me nso, mayɛ mo Onyankopɔn.

29 Na mɛgye mo afiri mo fi nyinaa mu, na mɛfrɛ aduane ama no adɔɔso, na meremma ɛkɔm biara mma mo so.

30 Na mɛma nnua aba, ne mfuo mu nnɔbaeɛ adɔɔso, na moansoa ɛkɔm no nsopa, amanaman mu bio.

31 Ɛno na mobɛkae mo akwammɔne ne mo nneyɛɛ a ɛnyɛ no, na mo amumuyɛ ne mo akyiwadeɛ no nti, mo ho ayɛ mo nwunu, mo anim.

32 Ɛnyɛ mo nti na mereyɛ, AWURADE Nyankopɔn asɛm nie, monhu no saa. Momma mo ani nwu na momfɛre wɔ mo akwan ho, Israel fie.

33 Sɛ AWURADE Nyankopɔn seɛ nie: Da a mɛte mo ho afiri mo amumuyɛdeɛ nyinaa mu no, mɛma wɔatenatena nkuro no so, na wɔakyekyere amamfo no,

34 na wɔadɔ asase a na ɛda hɔ hunu no ama aduane aba so no, wɔn a wɔtwam nyinaa anim no.

35 Na wɔbɛka sɛ: Asase yi a na ɛda hɔ hunu no na adane sɛ Eden turo yi, na nkuro afoafo a ɛdedaa mpan a adwiridwirie no na wɔatoto ho afasuo tete mu yi.

36 Ɛnna amanaman a atwa mo ho ahyia no bɛhunu sɛ, me, AWURADE, na masisi deɛ adwiridwirie no, na matɛ deɛ ɛda hɔ hunu no; me, AWURADE, na maka, na mɛyɛ.

37 Sɛ AWURADE Nyankopɔn seɛ nie: Yei bio na Israel fie bɛbisa no me hɔ, na mɛyɛ mama wɔn. Mɛma wɔadɔɔso ayɛ nnipa pii, sɛ Yerusalem nnwankuo.

38 Sɛ nnwankuo kronkron, sɛ Yerusalem nnwankuo teɛ n’afahyɛ aseɛ no, saa na nnipa akuakuo bɛyeyɛ nkuro afoafo no ma ma, na wɔahunu sɛ mene AWURADE.

The Bible Society of Ghana, 2012

Bible Society of Ghana
Lean sinn:



Sanasan