Hesekiel 35 - New Revised Asante Twi BibleEdom ho atemmusɛm 1 Na AWURADE asɛm baa me nkyɛn sɛ: 2 Onipa ba, dane w’ani kyerɛ Seir bepɔ na hyɛ nkɔm tia no, 3 na ka kyerɛ no sɛ: Sɛ AWURADE Nyankopɔn seɛ nie: Hwɛ, me ne wo anya, Seir bepɔ, na mɛtene me nsa atia wo, na mede wo ayɛ afo ne ahodwirideɛ. 4 Mɛma wo nkuro adeda mpan, na adane afo, na woahunu sɛ mene AWURADE. 5 Ɛsiane sɛ wokuraa daa nitan, na woyii Israel mma hyɛɛ nkrantɛ nsa, wɔn amaneɛ berɛ mu, wɔn asotwe a ɛdi akyire no mu nti, 6 sɛ mete aseɛ yi, AWURADE Nyankopɔn asɛm nie, mede wo bɛyɛ mogya, na mogya ati wo; sɛ woantane mogya nti, mogya ara na ɛbɛdi w’akyi. 7 Na mɛyɛ Seir bepɔ ahodwirideɛ ne afo, na matwa deɛ ɔresene ne deɛ ɔresane afiri mu, 8 na mede atɔfoɔ ahyɛ ne mmepɔ ma ma; wo nkokoɔ so ne wo mmonhwa mu ne wo nsubɔnhwa nyinaa mu na nkrantɛ ano atɔfoɔ bɛguguo. 9 Mɛyɛ wo daa afoafo, na wo nkuro no, obiara rentena mu, na moahunu sɛ mene AWURADE. 10 Ɛsiane sɛ wokaa sɛ: Aman mmienu yi ne nsase mmienu yi, bɛyɛ me deɛ na yɛafa adi so, nso AWURADE wɔ hɔ, 11 enti, sɛ mete aseɛ yi, AWURADE Nyankopɔn asɛm nie, mene wo bɛdi no sɛdeɛ w’abufuo ne wo ninkunu a wotane wɔn no nti wotweeɛ no teɛ, na mɛma wɔahu me wɔ wɔn mu, berɛ a mɛbu wɔn atɛn no. 12 Na wɔbɛhunu sɛ me, AWURADE, mate w’abususɛm a woka tiaa Israel mmepɔ no sɛ: Ayɛ afo, yɛn na wɔde ama yɛn sɛ yɛnnie so no nyinaa. 13 Mode mo ano adi me so akokurokosɛm, na moama me ho nsɛm a moka no adɔɔso; me ara mate. 14 Sɛ AWURADE Nyankopɔn seɛ nie: Ɛberɛ a asase nyinaa ani bɛgyeɛ no, wo deɛ, mɛyɛ wo afo. 15 Sɛ w’ani gyee Israel fie agyapadeɛ ho sɛ ayɛ afo no, saa ara na mɛyɛ woɔ, afo ara na Seir bepɔ ne Edom mu nyinaa bɛyɛ, na wɔahunu sɛ mene AWURADE. |
The Bible Society of Ghana, 2012