Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -

Hesekiel 34 - New Revised Asante Twi Bible


Nnwanhwɛfoɔ bɔne no animuka

1 Na AWURADE asɛm baa me nkyɛn sɛ:

2 Onipa ba, hyɛ nkɔm tia Israel nnwanhwɛfoɔ, hyɛ nkɔm na ka kyerɛ wɔn, nnwanhwɛfoɔ no sɛ: Sɛ AWURADE Nyankopɔn seɛ nie: Monnue, Israel nnwanhwɛfoɔ a wɔyɛne wɔn ho no; ɛnyɛ nnwan na nnwanhwɛfoɔ yɛne wɔn?

3 Modi sradeɛ no, na mofira nnwan no ho nwi; deɛ wadorɔ no, mokum no; na nnwankuo no deɛ, monyɛne wɔn.

4 Wɔn a wɔahodwo no, monhyɛ wɔn den, na ayarefoɔ nso, monsa wɔn yadeɛ; deɛ wabubuo no, monkyekyere no, deɛ wɔapam no no, monkɔfa no mma, na deɛ wayera no, monhwehwɛ no, na mmom ɔhyɛ ne atirimuɔden na mode di wɔn soɔ.

5 Ɛnna wɔbɔɔ wɔn pansameeɛ, ɛfiri sɛ wɔnni hwɛfoɔ, na wɔdanedanee wiram mmoa nyinaa aduane, na wɔbɔɔ wɔn petee koraa.

6 Me nnwan wɔ mmepɔ nyinaa ne nkokoɔ a ɛkorɔn nyinaa so ntwɛtwɛdɛ, na me man abɔ apete asase nyinaa ani, na obiara nni hɔ a ɔbisa, na obiara nni hɔ a ɔhwehwɛ wɔn.

7 Enti, mo nnwanhwɛfoɔ, montie AWURADE asɛm!

8 Sɛ mete aseɛ yi, AWURADE Nyankopɔn asɛm nie, ampa ara, ɛsiane sɛ me nnwan adane fomfa adeɛ, na me nnwan adane wiram mmoa nyinaa aduane, ɛnam sɛ wɔnni hwɛfoɔ nti, na me nnwanhwɛfoɔ mmisaa me nnwan akyiri kwan, na mmom nnwanhwɛfoɔ no yɛne wɔn ho, na me nnwan no deɛ, wɔanhwɛ wɔn nti,

9 mo nnwanhwɛfoɔ, montie AWURADE asɛm:

10 Sɛ AWURADE Nyankopɔn seɛ nie: Hwɛ, me ne nnwanhwɛfoɔ no anya, na mɛbisa me nnwan no wɔn nsam, na mama wɔagyae nnwanhwɛ adwuma no yɛ, na nnwanhwɛfoɔ no anyɛne wɔn ho bio, na magye me nnwan afiri wɔn anomu, na wɔanyɛ wɔn aduane bio.


Onyankopɔn yɛ Nokorɛ Odwanhwɛfoɔ

11 Na sɛ AWURADE Nyankopɔn seɛ nie: Hwɛ, me ara mɛhwehwɛ me nnwan, na mahwehwɛ wɔn akyiri kwan.

12 Sɛdeɛ odwanhwɛfoɔ hwehwɛ ne nnwankuo akyiri kwan da a ɔwɔ ne nnwan a wɔabɔ apete no mu no, saa ara na mɛhwehwɛ me nnwan akyiri kwan, na mɛyi wɔn afiri deɛ wɔapansam wɔn korɔ nyinaa, mununkum ne sum kabii da no.

13 Na mɛyi wɔn afiri aman mu, na maboa wɔn ano afiri nsase so na mede wɔn aba wɔn asase so, na mayɛne wɔn, Israel mmepɔ so, nsubɔnhwa mu ne asase no so tenabea nyinaa;

14 adidibea pa na mɛyɛne wɔn, na Israel mmepɔ atenten so bɛyɛ wɔn yɛmmea; ɛhɔ na wɔde wɔn bɛkɔ yɛmmea pa, na wɔawe ɛserɛ pa, Israel mmepɔ so.

15 Me ara na mɛyɛne me nnwan, na me ara mɛma wɔabutubutu, AWURADE Nyankopɔn asɛm nie.

16 Deɛ wayera no, mɛhwehwɛ no, na deɛ wɔapam no no, mɛkɔ akɔfa no aba, na deɛ wabubuo no, mɛkyekyere no, na deɛ ɔyareɛ no, mɛhyɛ no den; na deɛ wadɔre sradeɛ ne deɛ ne ho yɛ den no, mɛhwɛ no so; mɛhwɛ wɔn tenenee mu.

17 Na mo, me nnwan, sɛ AWURADE Nyankopɔn seɛ nie: Hwɛ, merebu odwan ne odwan, odwennini ne mpapo ntam atɛn.

18 Ɛyɛ mo adewa sɛ modidi adidibea pa, na mo adidibea nkaeɛ no, mode mo nan tiatia soɔ? Na monom nsuo a agyene, na mode mo nan hono nkaeɛ no?

19 Na me nnwan no deɛ, wɔnni deɛ mode mo nan atiatia soɔ na wɔnnom deɛ mode mo nan ahono no anaa?

20 Enti sɛ AWURADE Nyankopɔn ka kyerɛ wɔn nie: Hwɛ, me ara mɛbu nnwan a wɔadɔre sradeɛ ne nnwan a wɔafɔn no ntam atɛn.

21 Ɛsiane sɛ mode mfemu ne mmatire sunsum na mode mo mmɛn pempem ayarefoɔ nyinaa kɔsi sɛ mopansam wɔn kɔ akyiri nti,

22 mɛgye me nnwan nkwa na wɔrenyɛ fomfa adeɛ bio, na mɛbu odwan ne odwan ntam atɛn.


Deɛ wɔasra no ne odwanhwɛfoɔ pa

23 Na mede odwanhwɛfoɔ baako bɛsi wɔn so na wayɛne wɔn, ɔno ne m’akoa Dawid; ɔno na ɔbɛyɛne wɔn, na ɔno na ɔbɛyɛ wɔn ɔhwɛfoɔ;

24 na me AWURADE, mɛyɛ wɔn Onyankopɔn, na m’akoa Dawid ayɛ wɔn mu berempɔn; me, AWURADE, na maka.

25 Na me ne wɔn bɛpam asomdwoeɛ apam, na mahye mmoa bɔne ase, asase no so, na wɔatena ɛserɛ so dwoodwoodwoo, na wɔadeda kwaeɛ mu.

26 Na mɛma wɔn ne nsase a ɛdeda me kokoɔ ho hyia no ayɛ nhyira, na mɛma osuo atɔ ne berɛ mu; ɛbɛyɛ nhyira nsuo.

27 Na petee mu nnua bɛso n’aba, na asase ama ne nnɔbaeɛ, na wɔn ho adwo wɔn, wɔn asase so, na wɔahunu sɛ mene AWURADE, sɛ mabubu wɔn kɔnnua na mayi wɔn afiri wɔn a wɔdi wɔn nya nsam.

28 Na wɔrenyɛ amanaman fomfa adeɛ bio, na asase so mmoa renni wɔn nam bio, na wɔbɛtena ase dwoodwoo a obiara biara renyi wɔn hu.

29 Na mɛsiesie afuo a ɛyɛ krabɛhwɛ mama wɔn, na ɛkɔm rempra wɔn bio asase no so, na wɔrensoa amanaman ahohora bio.

30 Na wɔbɛhunu sɛ me, AWURADE, wɔn Nyankopɔn na me ne wɔn teɛ, na wɔn, Israel fie ne me man, AWURADE Nyankopɔn asɛm nie.

31 Na mone me nnwan, me yɛmmea nnwan, moyɛ nnipa, mene mo Nyankopɔn, AWURADE Nyankopɔn asɛm nie.

The Bible Society of Ghana, 2012

Bible Society of Ghana
Lean sinn:



Sanasan