Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -

Hesekiel 32 - New Revised Asante Twi Bible


Farao ho kwadwom

1 Na afe a ɛtɔ so dummienu no, bosome a ɛtɔ so dummienu no, da a ɛdi kan no, AWURADE asɛm baa me nkyɛn sɛ:

2 Onipa ba, twa kwadwom ma Misraimhene Farao, na ka kyerɛ no sɛ: Amanaman mu gyataburuwa ho na wɔde wo toeɛ, nso wo deɛ, wotee sɛ ɛpo mu asuboa, na wohuri firii wo nsubɔntene no mu, na wode wo nan nuu nsuo no mu honoo wɔn nsubɔntene.

3 Sɛ AWURADE Nyankopɔn seɛ nie: Mɛto m’asau agu wo so, aman bebree asafo mu, na wɔde me boa ayi wo aforo aba,

4 na mɛto wo atwene fam, na mato wo atwene ɛserɛ so, na mama ewiem nnomaa nyinaa abɛsisi wo so, na mama asase nyinaa so mmoadoma adi wo nam amee.

5 Na mede wo nam bɛto mmepɔ so, na mede wo funu ahyɛ mmonhwa ma,

6 na mama asase no anom wo mogya sɛ nsuo akɔduru mmepɔ ho, na woahyɛ nsubɔnhwa no mama.

7 Na sɛ medum wo sɛ kanea a, mɛkata ɔsoro, na mama ne nsoromma abiri tumm; mede mununkum bɛkata owia ani, na ɔsrane renharan.

8 Mɛma ɔsoro nkanea a ɛhyerɛn abiri wo so, na mama esum aduru w’asase so, AWURADE Nyankopɔn asɛm nie.

9 Na mɛteetee aman bebree akoma, berɛ a mɛfa wo dommum akɔ amanaman mu, nsase a wonnim soɔ no soɔ;

10 na mɛma wo ho ayɛ aman bebree ahodwiri, na wo ho ama awɔse agu wɔn ahemfo so, berɛ a mehwinhwim m’afena wɔn anim no, na wɔn ho bɛpopo berɛ nyinaa mu, wɔn nyinaa nkwa nti, w’ahweaseɛ da no so.

11 Na sɛ AWURADE Nyankopɔn seɛ nie: Babel hene nkrantɛ bɛba wo so.

12 Nnɔmmarima nkrantɛ na mede bɛma w’asafo yuu no atotɔ, amanaman mu aniɛdenfoɔ ne wɔn nyinaa, na wɔbɛsɛe Misraim ahantan, na wɔadwerɛ n’asafo yuu no nyinaa.

13 Na mɛdwerɛ n’afiemmoa nyinaa afiri nsuo akɛseɛ no ho, na onipa nan remma no nhono bio, na afieboa ntɔte remma no nhono bio.

14 Ɛno na mɛma wɔn nsuo ani agyene, na mama wɔn nsubɔntene asene sɛ ngo, AWURADE Nyankopɔn asɛm nie,

15 ɛberɛ a mɛma Misraim asase ayɛ afo na asase no ada ne mayɛ ho mpan no, ɛberɛ a mɛkum wɔn a wɔte soɔ no nyinaa no, na wɔbɛhunu sɛ mene AWURADE.

16 Kwadwom a wɔde bɛsu no nie. Amanaman mmammaa de bɛsu no, wɔde bɛsu Misraim ne n’asafo yuu nyinaa, AWURADE asɛm nie.


Misraim ho ayidwom

17 Na afe a ɛtɔ so dummienu no, bosome a ɛdi kan no ara da a ɛtɔ so dunum no, AWURADE asɛm baa me nkyɛn sɛ:

18 Onipa ba, twa Misraim asafo yuu so adwo, na ma wɔne amanaman atumfoɔ mmammaa nsiane nkɔ famfam asase so nka wɔn a wɔsiane kɔ Amena mu no ho.

19 Hwan na wosene no ahoɔfɛ? Siane na da momonotofoɔ nkyɛn!

20 Nkrantɛ ano atɔfoɔ mu na wɔbɛtotɔ; wɔde no ama nkrantɛ; montwe ɔno ne n’asafo yuu nyinaa nkɔ.

21 Nnɔmmarima mu atumfoɔ ne wɔn aboafoɔ firi Asamando ka kyerɛ no sɛ: Momonotofoɔ a wɔde nkrantɛ akunkum wɔn no asiane deda hɔ.

22 Ɛhɔ na Asiria ne n’asafo nyinaa wɔ, wɔn adamena atwa ne ho ahyia, wɔahwire wɔn nyinaa mu, wɔatotɔ nkrantɛ ano.

23 Wɔabɔ ne da wɔ Amena mu tɔnn, na n’asafo atwa ne damena ho ahyia. Wɔahwire wɔn nyinaa mu, wɔatotɔ nkrantɛ ano, wɔn a wɔyii nnipa hu, ateasefoɔ asase soɔ no.

24 Ɛhɔ na Elam ne n’asafo yuu nyinaa wɔ, wɔn adamena atwa ne ho ahyia; wɔahwire wɔn nyinaa mu, wɔatotɔ nkrantɛ ano. Momonotofoɔ a wɔsiane kɔɔ asase ase tɔnn a wɔyii nnipa hu, ateasefoɔ asase soɔ no, na wɔne wɔn a wɔsiane kɔ Amena mu no asoa wɔn ahohora.

25 Atɔfoɔ mu na wɔato no mpa, n’asafo yuu no nyinaa mu, wɔn adamena atwa ne ho ahyia; wɔn nyinaa yɛ momonotofoɔ, na wɔakunkum wɔn nkrantɛ ano. Wɔn ho hu kaa nnipa ateasefoɔ asase soɔ nti, wɔne wɔn a wɔsiane kɔ Amena mu no asoa wɔn ahohora; wɔde no ato atɔfoɔ mu.

26 Ɛhɔ na Mesek, Tubal ne wɔn asafo yuu no nyinaa wɔ; wɔn adamena atwa ne ho ahyia; wɔn nyinaa yɛ momonotofoɔ, wɔakunkum wɔn nkrantɛ ano, ɛfiri sɛ wɔmaa wɔn ho hu kaa nnipa, ateasefoɔ asase so;

27 na wɔrenneda momonotofoɔ mu nnɔmmarima a wɔatotɔ na wɔde wɔn akodeɛ asiane kɔ Asamando, na wɔdeda wɔn nkrantɛ soɔ; na wɔn amumuyɛdeɛ aba wɔn nnompe so, ɛfiri sɛ wɔn ho yɛɛ nnɔmmarima hu, ateasefoɔ asase so.

28 Na wo nso wɔbɛbubu wo momonotofoɔ mu, na wo ne nkrantɛ ano atɔfoɔ adeda.

29 Ɛhɔ na Edom wɔ, n’ahemfo ne n’aberempɔn nyinaa, wɔde wɔn guu nkrantɛ ano atɔfoɔ nkyɛn, wɔn mmaninyɛ mu. Wɔn nso wɔne momonotofoɔ ne wɔn a wɔsiane kɔ Amena mu no deda hɔ.

30 Ɛhɔ na atifi fam mmapɔmma nyinaa wɔ, ne Sidonfoɔ a wɔne atɔfoɔ asiane korɔ no nyinaa; wɔn ho hu a wɔde wɔn mmaninyɛ yiiɛ no mu, wɔn ani awu, na wɔdeda hɔ, wɔyɛ momonotofoɔ; wɔne nkrantɛ ano atɔfoɔ no, na wɔne wɔn a wɔsiane kɔ Amena mu soa wɔn ahohora.

31 Farao bɛhu wɔn, na wakyekye ne werɛ, n’asafo yuu no nyinaa ho; nkrantɛ ano atɔfoɔ ne Farao ne ne dɔm nyinaa ho, AWURADE Nyankopɔn asɛm nie.

32 Na memaa no yii hu, ateasefoɔ asase so, enti na wɔde no ato momonotofoɔ mu aka nkrantɛ ano atɔfoɔ ho, Farao ne n’asafo yuu nyinaa, AWURADE Nyankopɔn asɛm nie.

The Bible Society of Ghana, 2012

Bible Society of Ghana
Lean sinn:



Sanasan