Hesekiel 31 - New Revised Asante Twi BibleFarao mpofirim ahweaseɛ 1 Na afe a ɛtɔ so dubaako no, bosome a ɛtɔ so mmiɛnsa no da a ɛdi kan no, AWURADE asɛm baa me nkyɛn sɛ: 2 Onipa ba, ka kyerɛ Misraimhene Farao ne n’asafo yuu no sɛ: Wote sɛ hwan, wo kɛseyɛ mu? 3 Hwɛ, Asiria te sɛ Lebanon so tweneduro, ne mman fɛfɛ, n’ahahan kusuu a ɛma enwunu, na ɛkorɔn sorɔnsorɔn a ne ntɛntɛnoa wɔ mununkum ntam. 4 Nsuo maa no yɛɛ kɛse, ebunu maa no korɔnn. Ne nsutene sene twaa ne mfuo ho hyiae, na ɛde ne nsuka kɔɔ wiram nnua nyinaa ho. 5 Enti ɛkorɔn sorɔnsorɔn sene wiram nnua nyinaa, ne dubaa ayeyɛ akɛseɛ na ne mman ayeyɛ atentene, nsuo dodoɔ a ɛnyaeɛ a ɛpaepae nkorabata no nti. 6 Ne mman frɔmfrɔm no mu na ewiem nnomaa nyinaa yeyɛɛ apirebuo, na ne mman akɛseɛ no ase na wiram mmoa nyinaa wowoo wɔn mma, na n’ase nwunu mu na amanaman akɛseɛ nyinaa tenaeɛ. 7 Na ne ho yɛ fɛ, ne kɛseyɛ mu, ne mman tentenyɛ mu, ɛfiri sɛ na ne nhini kɔ nsuo bebree ho; 8 ntweneduro a ɛwɔ Nyankopɔn turo mu nto no, na pepeaa nnua nte sɛ ne mman frɔmfrɔm no, na kyɛnkyɛn nte sɛ ne mman akɛseɛ; dua biara nni Nyankopɔn turo mu a na ɛsɛ no n’ahoɔfɛ mu; 9 mede ne mman dodoɔ maa ɛyɛɛ fɛ maa nnua a ɛwɔ Nyankopɔn Eden turo mu no nyinaa ani beree no. 10 Enti sɛ AWURADE Nyankopɔn seɛ nie: Ɛsiane sɛ ɛwaree ne korɔn mu na ɔyii ne ntɛntɛnoa kɔɔ mununkum mu, na n’akoma huhuruiɛ n’ahantan mu nti, 11 mede no hyɛɛ amanaman tumfoɔ no nsa; die na ɔne no diiɛ, n’abɔnefosɛm nti na metuu no. 12 Na ananafoɔ, amanaman mu aniɛdenfoɔ too no gui na wɔgyaa no hɔ; mmepɔ so ne mmonhwa nyinaa mu na na ne mman guguo, na ne mman akɛseɛ no bubui wɔ asase so nsubɔnhwa nyinaa mu, na asase so aman nyinaa firii ne nwunu no mu sane kɔe, gyaa no hɔ. 13 Na dutan a ɛda fam no so na na ewiem nnomaa nyinaa sisie, na ne mman akɛseɛ no so na na wiram mmoa nyinaa wɔ. 14 Ɛyɛɛ saa na nsuo ho nnua nyinaa mu biara amma ne ho so, ne korɔn nti, na anyiyi ne ntɛntɛnoa wɔ mununkum mu, na wɔn atumfoɔ amma wɔn ho so annyina wɔn ahantan mu, wɔn a wɔnom nsuo nyinaa. Ɛfiri sɛ, na wɔde wɔn nyinaa ama owuo, akɔ asase ase tɔnn, nnipa mma mu, akɔ wɔn a wɔsiane kɔ Asamando no nkyɛn. 15 Sɛ AWURADE Nyankopɔn seɛ nie: Da a ɔsiane kɔɔ Asamando no, memaa abooboodie bae, ne nti memaa ebunu so katae, na mesii ne nsubɔntene ano, na wɔsiankaa nsuo bebree no; na memaa Lebanon firaa ne so birisi tumm, na ne nti ewiem nnua nyinaa botoe. 16 N’ahweaseɛ gyegyeegye so memaa amanaman wosoe, berɛ a mereto no akɔ Asamando aka wɔn a wɔsiane kɔ Amena mu no ho no; na Eden nnua nyinaa, Lebanon adeɛ a wɔayi a ɛyɛ no, wɔn a wɔnom nsuo nyinaa bo tɔe, asase so. 17 Wɔn nso a wɔyɛ ne basa a wɔte n’ase nwunu mu, amanaman mu no, wɔne no siane kɔɔ Asamando, kɔɔ nkrantɛ ano atɔfoɔ nkyɛn. 18 Hwan na wosɛ no saa, animuonyam ne kɛseyɛ mu, Eden nnua mu? Nanso wɔde wo ne Eden nnua no bɛsiane akɔ asase ase, momonotofoɔ mu na wobɛda, nkrantɛ ano atɔfoɔ nkyɛn. Farao ne n’asafo yuu nyinaa nie, AWURADE Nyankopɔn asɛm nie. |
The Bible Society of Ghana, 2012