Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -

Hesekiel 30 - New Revised Asante Twi Bible


Misraim ho kwadwom

1 Na AWURADE asɛm baa me nkyɛn sɛ:

2 Onipa ba, hyɛ nkɔm na ka sɛ: Sɛ AWURADE Nyankopɔn seɛ nie: Montwa agyaadwoɔ! Ao, ɛda no!

3 Na ɛda no abɛn, ɛda no abɛn ama AWURADE, mununkum da, ɛbɛyɛ amanaman berɛ.

4 Na nkrantɛ bɛba Misraim so, na nketenkete akuta Etiopia, ɛberɛ a apirafoɔ retotɔ Misraim na wɔrefa emu asafo yuu akorɔ na wɔredwiri ne nnyinasoɔ.

5 Etiopia, Put, Lidia ne afrafrafoɔ dɔm nyinaa ne Kub a wɔne wɔn wɔ apam no nyinaa bɛtotɔ nkrantɛ ano.

6 Sɛ AWURADE seɛ nie: Wɔn a wɔboa Misraim bɛtotɔ, na n’ahoɔden ahantan no abrɛ ase. Ɛfiri Migdol kɔsi Siene wɔbɛtotɔ nkrantɛ ano, AWURADE Nyankopɔn asɛm nie,

7 na wɔayɛ pasaa, nsase a ayɛ pasaa mu, na ne nkuro afra nkuro afoafo mu,

8 na wɔahunu sɛ mene AWURADE, berɛ a mɛsɔ ogya Misraim na wɔasɛe n’aboafoɔ nyinaa no.

9 Ɛda no, abɔfoɔ bɛfiri m’anim afiri adi, ahyɛne mu, akɔma Etiopiafoɔ wɔn a wɔwɔ hɔ anibiannasoɔ mu no abɔ binim, na ehu bɛba wɔn mu sɛ Misraim da no, na hwɛ, ɛreba.

10 Sɛ AWURADE Nyankopɔn seɛ nie: Mede Babelhene Nebukadnessar nsa bɛtwa Misraim asafo yuu no so.

11 Ɔno ne ne man a ɛka ne ho no, amanaman aniɛdenfoɔ no, wɔde wɔn reba abɛsɛe asase no, na wɔatwetwe wɔn nkrantɛ atia Misraim, na wɔde atɔfoɔ ahyɛ asase no ma.

12 Na mɛma Nil ne nsubɔntene no awewe, na matɔn asase no ahyɛ abɔnefoɔ nsa, na mede ananafoɔ nsa mayɛ asase no ne ne mayɛ pasaa; me AWURADE, na maka.

13 Sɛ AWURADE Nyankopɔn seɛ nie: Mɛsɛe ahoni huhuo no na matwa abosonhuhuo no so afiri Memfis, na ɔberempɔn renka Misraim asase so mma wɔn bio, na mɛma ehu aba Misraim asase so.

14 Na mɛyɛ Patros pasaa, na masɔ ogya Soan, na mayɛ atemmudeɛ wɔ Tebes,

15 na mahwie m’abufuhyeɛ agu Pelusium, ne Misraim aban a ɛyɛ den no so, na Tebes asafo yuu no matwa so.

16 Na mɛto Misraim mu gya. Pelusium bɛhunu ayayadeɛ, na wɔde Tebes bɛma wɔabu n’afasuo afa mu, na Memfis bɛhunu ahohiahiafoɔ awia,

17 On ne Pi-beset mmeranteɛ bɛtotɔ nkrantɛ ano, na mmaa no akɔ nnommumfa mu.

18 Tehafnehes nso, ɛda no bɛduru sum, sɛ merebubu Misraim kɔnnua wɔ hɔ, na n’ahoɔden ahantan to bɛtwa wɔ ne mu, na mununkum bɛkata ne so, na ne mmammaa akɔ nnommumfa mu.

19 Sei na mɛyɛ atemmudeɛ wɔ Misraim, na wɔahunu sɛ mene AWURADE.


Misraim hene tumi bɛbrɛ ase

20 Na afe a ɛtɔ so dubaako, bosome a ɛdi kan no da a ɛtɔ so nson no, AWURADE asɛm baa me nkyɛn sɛ:

21 Onipa ba, Misraimhene Farao basa no, mabu, na hwɛ, wɔnkyekyeree sɛ wɔresa, sɛ wɔde ntomaban rekyekyere so, sɛ wɔde rema emu ayɛ den na atumi asɔ nkrantɛ mu.

22 Ɛno nti sɛ AWURADE Nyankopɔn seɛ nie: Hwɛ, me ne Misraimhene Farao anya, na merebɛbu n’abasa no, deɛ ɛyɛ den ne deɛ abuo no, na mama nkrantɛ no afiri ne nsa atɔ fam;

23 na mɛbɔ Misraimfoɔ apete amanaman mu, na mapansam wɔn agu nsase so.

24 Na mɛhyɛ Babel hene abasa mu den, na mede ne nkrantɛ ahyɛ ne nsa, na mabubu Farao abasa, na wapenepene ɔtofoɔ pene n’anim.

25 Na mɛma Babel hene abasa ayɛ den, na Farao abasa mu ago, na wɔahunu sɛ mene AWURADE. Na mede me nkrantɛ merehyɛ Babel hene nsa, na watene no Misraim asase so;

26 na mɛbɔ Misraim apete amanaman mu, na mapansam wɔn agu so, na wɔahunu sɛ mene AWURADE.

The Bible Society of Ghana, 2012

Bible Society of Ghana
Lean sinn:



Sanasan