Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -

Hesekiel 26 - New Revised Asante Twi Bible


Tiro ho atemmusɛm

1 Na afe a ɛtɔ so dubaako, bosome no da a ɛdi kan no, AWURADE asɛm baa me nkyɛn sɛ:

2 Onipa ba, ɛsiane sɛ Tiro ka wɔ Yerusalem ho sɛ: Wiɛ, wɔabubu aman no pono no, ɛbɛdane aba me nkyɛn; mɛyɛ ma, ɛno ayɛ amamfo nti,

3 sɛ AWURADE Nyankopɔn seɛ nie: Hwɛ, mene wo anya, Tiro, na mede amanaman bebree bɛba wo so, sɛdeɛ ɛpo de n’asorɔkyeɛ ba no,

4 na wɔabɛsɛe Tiro afasuo, na wɔabubu n’aban atentene no; na mɛpra ne dɔteɛ afiri mu, na mayɛ no ɔbotan kwawee;

5 ɛbɛyɛ asau hatabea wɔ ɛpo mu. Na me na maka, AWURADE Nyankopɔn asɛm nie, na ɛbɛyɛ amanaman asadeɛ,

6 na ne mmammaa a wɔwɔ asase soɔ no, wɔde nkrantɛ bɛkunkum wɔn. Na wɔahunu sɛ mene AWURADE.

7 Na sɛ AWURADE Nyankopɔn seɛ nie: Hwɛ, mede Babelhene Nebukadnessar, ahene mu hene no, mefiri atifi fam ne apɔnkɔ ne nteaseɛnam ne apɔnkɔsotefoɔ ne asafo ne dɔm bebree mereba Tiro so.

8 Wo mmammaa a ɛdeda asase soɔ no, ɔde nkrantɛ bɛkum wɔn. Na wasi wo ho aban, na wato wo ho pie, na wama ɛkyɛm so ahyia wo.

9 Na ɔde ne dwirie adeɛ asisi w’afasuo ho, na ɔde n’akodeɛ adwiri w’aban atentene.

10 N’apɔnkɔ dodoɔ nan ase mfuturo bɛkata wo so, apɔnkɔsotefoɔ, nkyimiiɛ ne nteaseɛnam gyegyeegye nti, w’afasuo bɛwosowosoɔ, berɛ a ɔrefa w’aponkɛseɛ mu aba mu sɛ wɔreba kuro a wɔabu mu afa no mu.

11 Ɔde n’apɔnkɔ ntɔte bɛtiatia wo mmorɔno nyinaa so, ɔde nkrantɛ bɛkunkum wo nkurɔfoɔ, na ɔbɛsum w’ahoɔden adum no agu fam.

12 Na wɔde w’ahonyadeɛ bɛyɛ asadeɛ, na wɔafomfom w’adwadeɛ, na wɔadwiri w’afasuo, na wɔasɛe w’anigyeɛ afie. Na wɔatoto w’aboɔ ne wo nnua ne wo dɔteɛ agu nsuo mu.

13 Na mɛma wo dwontoɔ hooyɛ agyae, na w’asankuo nne nso, wɔrente bio.

14 Na mɛyɛ wo ɔbotan kwawee, wobɛdane asau hatabea. Wɔrenkyekyere wo bio, na me, AWURADE, na maka, AWURADE Nyankopɔn asɛm nie.

15 Sɛ AWURADE Nyankopɔn ka kyerɛɛ Tiro nie: Ɛnyɛ w’ahweaseɛ huuyɛ, w’atɔfoɔ apenepene, kum a wɔkunkumm wɔ wo mu nti na nsupɔ bɛwosowosoɔ?

16 Na ɛpo so aberempɔn nyinaa refiri wɔn adwa so asianesiane, na wɔayiyi wɔn ngusoɔ, na wɔaworɔworɔ wɔn nkyeremu atadeɛ, na wɔafira ahopopoɔ atenatena fam, na wɔn ho apopo berɛ nyinaa mu, na wo nti wɔn ho adwiri wɔn.

17 Na wɔbɛtwa wo ho kwadwom aka akyerɛ wo sɛ: Ei, sɛdeɛ woasɛe nie, wo a ɛpo mufoɔ bɛtenaa wo mu, kuro a wɔkamfo a ɛyɛ den wɔ po mu, ɛno ne emufoɔ a wɔma wɔn ho hu ba emufoɔ nyinaa soɔ no!

18 Afei nsupɔ ho bɛpopo w’ahweaseɛ da no; na nsupɔ a ɛwɔ po mu no akoma atu w’awieeɛ ho.

19 Na sɛ AWURADE Nyankopɔn seɛ nie: Sɛ meyɛ wo nkurofo sɛ nkuro a wɔntena mu bio, sɛ mede ebunu meba wo so ma nsuo kɛseɛ bebree wo so a,

20 mede wo bɛsiane aka wɔn a ɛfiri tete nteredee wɔasiane kɔ Amena mu no ho, akɔ nkurɔfoɔ no nkyɛn, na mama woatena famfam asase so, deɛ ɛhɔ yɛ amamfo firi tete nteredee no, wɔn a wɔsiane kɔ Amena mu no nkyɛn, deɛ ɛbɛyɛ na wɔrentena wo mu bio, na mɛyɛ animuonyanneɛ ateasefoɔ asase so.

21 Adeɛ a ɛyɛ hu na mede wo bɛyɛ, na worentena hɔ bio, na wɔbisa w’akyiri kwan a, wɔrenhu wo da biara da bio, AWURADE Nyankopɔn asɛm nie.

The Bible Society of Ghana, 2012

Bible Society of Ghana
Lean sinn:



Sanasan