Hesekiel 24 - New Revised Asante Twi BibleƐsɛn no. Yerusalem awieeɛ 1 Na AWURADE asɛm baa me nkyɛn afe a ɛtɔ so nkron, bosome a ɛtɔ so du no da a ɛtɔ so du no sɛ: 2 Onipa ba, twerɛ da yi din, da yi ara. Babel hene atua Yerusalem da yi ara. 3 Na bu asowuiɛ fie no bɛ ka kyerɛ wɔn sɛ: Sɛ AWURADE Nyankopɔn seɛ nie: Fa ɛsɛn no si so, na hwie nsuo nso gu mu. 4 Fa ne nankum nso gu mu, nankum pa nyinaa, srɛ ne basa, nnompe a ɛyɛ nyinaa, na fa hyɛ mu ma; 5 fa nnwan no mu deɛ ɔyɛ no, na fa nnyina hyehyɛ nnompe no ase ma no nhuru yie, na ne nnompe nso mmen wɔ mu. 6 Ɛno nti sɛ AWURADE Nyankopɔn seɛ nie: Due, mogya kuro! Ɛsɛn a emu awe nnaakyen a ne nnaakyen mfiri ne mu. Yiyi mu adeɛ, nankum, nankum. Wɔnnyiyi mu. 7 Na ne mogya wɔ ne mu; waka agu ɔbotan kwawee so, wanhwie angu fam, na wɔde dɔteɛ akata so. 8 Deɛ ɛbɛyɛ na ahwanyan anibereɛ na ama aweredie aba nti, na memaa ne mogya guu ɔbotan pataa soɔ, a wɔankata soɔ yi. 9 Saa nti sɛ AWURADE Nyankopɔn seɛ nie: Due, mogyahwiegu kuro! Me nso mɛma aseɛ mmaboa adɔɔso. 10 Ma nnyina nnɔɔso, ma ogya no nnɛre, ma nam no nhono, nu mu ma no mpi na nnompe no nhye. 11 Na fa ɛsɛn no mpan si nsramma no so, deɛ ɛbɛyɛ na ne kɔbere adɔ ayɛ kɔɔ, na emu fi no anane na ne nnaakyen asa. 12 Brɛ ara na mabrɛ agu, ɛfiri sɛ ogya rentumi nhye ne nnaakyen pii no mfiri ne ho nkɔ. 13 Wo fi mu wɔ abusudeɛ; sɛ matwi wo ho na amfire nti, wo ho rente mfiri wo fi no mu bio, de bɛkɔ akɔsi sɛ mɛma m’abufuhyeɛ ano adwo wo soɔ. 14 Me, AWURADE, na maka. Ɛbɛba na mɛyɛ. Merennyae na merennodo ho, na merennu me ho; sɛdeɛ w’akwan teɛ ne sɛdeɛ wo nneyɛɛ teɛ no, saa ara na wɔbɛbu wo atɛn, AWURADE Nyankopɔn asɛm nie. Obiara nnyam no 15 Na AWURADE asɛm baa me nkyɛn sɛ: 16 Onipa ba, hwɛ, merebɛbɔ wo de ayi w’ani adeɛ a ɛpɛ no afiri wo ho. Na ntwa adwo, nsu, na mma wo nisuo nkyi. 17 Gu ahome komm, nni owufoɔ ho abooboo, fa w’abɔtire bɔ wo ti, na fa wo mpaboa hyɛ wo nan, na nkata w’ano, na nni nnipa aduane. 18 Na mekasa kyerɛɛ ɔman no anɔpa, na me yere wuu anwummerɛ, na anɔpa meyɛɛ sɛdeɛ ɔhyɛɛ me no. 19 Na nkurɔfoɔ no ka kyerɛɛ me sɛ: Worenkyerɛ yɛn adekodeɛ a yeinom a woreyɛ yi kyerɛ wɔ yɛn ho anaa? 20 Na meka kyerɛɛ wɔn sɛ: AWURADE asɛm baa me nkyɛn sɛ: 21 Kasa kyerɛ Israel fie sɛ: Sɛ AWURADE Nyankopɔn seɛ nie: Hwɛ, meregu me kronkronbea ho fi, mo ahoɔden ahokyerɛ no, mo ani adeɛ a ɛpɛ ne mo kra adeɛ a ɛdɔ no; na mo mmabanin ne mo mmammaa nkaeɛ no bɛtotɔ nkrantɛ ano. 22 Na mobɛyɛ sɛdeɛ mayɛ yi, morenkata mo ano na morenni nnipa aduane, 23 na mo abotire bɛbobɔ mo ti, na mo mpaboa ahyehyɛ mo nan. Morentwa adwo na morensu, na mode awerɛhoɔ bɛhunu amane wɔ mo amumuyɛ mu, na moasisi apini akyerɛkyerɛ mo ho. 24 Na Hesekiel ayɛ mo nsɛnkyerɛnneɛ; sɛdeɛ wayɛ yi nyinaa, mobɛyɛ no berɛ a ɛbɛba mu no, na moahunu sɛ mene AWURADE Nyankopɔn. 25 Na wo, onipa ba, ɛda no ara a mɛgye wɔn nsam ahoɔden, wɔn ahyehyɛdeɛ ho ahosɛpɛ, wɔn ani adeɛ a ɛpɛ ne wɔn kra adeɛ a ɛpɛ, wɔn mmabanin ne wɔn mmammaa no, 26 da no ara na deɛ wafiri mu afire bi bɛba wo nkyɛn abɛma w’aso ateɛ. 27 Ɛda no ara na wo ne deɛ wafiri mu afire no ano bɛbue, na wobɛkasa na worentɔre mum bio, na wobɛyɛ wɔn nsɛnkyerɛnneɛ na wɔahunu sɛ mene AWURADE. |
The Bible Society of Ghana, 2012