Hesekiel 23 - New Revised Asante Twi BibleAhennie a aka no sɛeɛ 1 Na AWURADE asɛm baa me nkyɛn sɛ: 2 Onipa ba, mmaa baanu, ɛna baako mmammaa wɔ hɔ, 3 na wɔbobɔɔ adwaman Misraim, wɔn mmabaaberɛ mu na wɔbobɔɔ adwaman no; ɛhɔ na wɔmiaa wɔn nufo, na ɛhɔ na wɔkekaa wɔn mmabaaberɛ mu mpokua. 4 Na ɔpanin no ne Ohola, ɔne ne nuabaa Oholiba. Wɔbɛyɛɛ me dea, na wɔwowoo mmammarima ne mmammaa. Ohola din no gyina hɔ ma Samaria, na Oholiba din no gyina hɔ ma Yerusalem. 5 Na m’akyi Ohola bɔɔ adwaman na n’ani beree n’adɔfoɔ, Asiriafoɔ a wɔba bɛpinkyɛɛ no no ho. 6 Wɔhyehyɛ bibitoma ntadeɛ, amradofoɔ ne mmakoma, mmeranteɛ a wɔn ho yɛ fɛ nko ara, wɔtete nteaseɛnam mu ne apɔnkɔ so. 7 Na ɔde n’adwamammɔ kɔɔ wɔn so, Asiriafoɔ a wɔasa mu ayi wɔn no nyinaa, na ɔde wɔn a ne kɔn dɔ wɔn nyinaa, wɔn abosom nyinaa guu ne ho fi. 8 Nanso n’adwamammɔ a ɔde firi Misraim no, wannyae, ɛfiri sɛ wɔne no dae ne mmabaaberɛ mu, na wɔkekaa ne mmabaaberɛ mu mpokua, na wɔhwiee wɔn adwamammɔ guu ne so. 9 Ɛno nti mayi no ahyɛ n’adɔfo nsa, Asiriafoɔ a n’ani beree wɔn no nsa. 10 Wɔn na wɔyii n’adagya soɔ, wɔfaa ne mmabanin ne ne mmammaa, na ɔno ara nso, wɔde nkrantɛ kumm no, na ɔyɛɛ ɔnokwa maa mmaa, na wɔyɛɛ no n’atemmudeɛ. 11 Na ne nua Oholiba hunui, nanso ɔmaa n’ani beree bere bɔne senee ɔno, na ɔmaa n’adwamammɔ senee ne nua no deɛ. 12 N’ani beree Asiriafoɔ, amradofoɔ ne mmakoma a wɔba bɛpinkyɛɛ no no, wɔhyehyɛ ntadeɛ twom, wɔtete nteaseɛnam mu ne apɔnkɔ so, mmeranteɛ a wɔn ho yɛ fɛ ara nko. 13 Na mehunuu sɛ wagu ne ho fi; wɔn baanu no nam ɔkwan korɔ so. 14 Na ɔmaa n’adwamammɔ kɔɔ so; na ɔhunuu mmarima a wɔakurukyire wɔn ɔfasuo ho, Kaldeafoɔ mfonini a wɔde adukɔkɔɔ akurukyire, 15 wɔde abɔsoɔ abobɔ wɔn asene de abotire atentene abobɔ wɔn ti, sɛ Babelfoɔ a wɔn awoɔ asase ne Kaldea no teɛ no. 16 Ɛnna ɔde n’ani hwɛeɛ no, n’ani beree wɔn, na ɔsomaa abɔfoɔ maa wɔkɔɔ wɔn nkyɛn Kaldea. 17 Na Babelfoɔ baa ne nkyɛn ne no bɛdae ɔdɔ mpa so, na wɔde wɔn adwamammɔ guu ne ho fi; na ɔde wɔn guu ne ho fi no, ɔtee ne kra firii wɔn ho. 18 Na ɔyii n’adwamammɔ adie na ɔyii n’adagya soɔ no, ɛnna me kra tee ne ho firii ne ho, sɛdeɛ me kra tee ne ho firii ne nua no ho no. 19 Na ɔmaa n’adwamammɔ no dɔɔso ara de kaee ne mmabaaberɛ mu nna a ɔbɔɔ adwaman, Misraim asase soɔ no. 20 Na n’ani beree wɔn mpenafoɔ a wɔn mmarima te sɛ mfunumu deɛ, na wɔn ahobaa te sɛ apɔnkɔ deɛ no. 21 Na wo kɔn dɔɔ wo mmabaaberɛ mu aniwudeɛ berɛ a wo mpokua nti Misraim miamiaa wo nufo no. Nkontompo a wɔtwa Onyankopɔn no ho asotwe 22 Ɛno nti, Oholiba, sɛ AWURADE Nyankopɔn seɛ nie: Hwɛ, merehwanyan w’adɔfo atia wo, wɔn a wo kra ate ne ho afiri wɔn ho no, na mahyia wɔn afiri mmaa nyinaa aba wo so. 23 Babelfoɔ ne Kaldeafoɔ nyinaa, Pekodfoɔ, Soafoɔ ne Kaldeafoɔ ne Asiriafoɔ a wɔka wɔn ho nyinaa, mmeranteɛ a wɔn ho yɛ fɛ, amradofoɔ ne mmakoma nyinaa, nnɔmkunini ne wɔn a wɔwɔ din, apɔnkɔsotefoɔ ara nko, 24 na wɔde akodeɛ ne nteaseɛnam ne nkyimiiɛ ne aman asafo bɛba wo so; ahokatadeɛ ne ɛkyɛm ne dadeɛ kyɛ na wɔde bɛka wo ahyɛ mu ahyia; na mede atemmuo bɛsi wɔn anim, na wɔabu wo atɛn wɔn atemmuo so. 25 Na mede me ninkuntwe bɛsa wo, na wɔne wo adi no anibereɛ so, wɔbɛtwitwa wo hwene ne w’aso, na wo mu nkaeɛ bɛtotɔ nkrantɛ ano; wɔn na wɔbɛfa wo mmabanin ne wo mmammaa akorɔ, na wɔde ogya ahye w’adeɛ a ɛbɛka akyire, 26 na wɔbɛworɔ wo ho ntadeɛ, na wɔatase wo nnwinneɛ afɛfɛ no. 27 Na mɛma wo aniwudeɛ to atwa afiri wo ho, ne w’adwamammɔ a ɛfiri Misraim asase soɔ no, na woamma w’ani so ankyerɛ wɔn, na woankae Misraim bio. 28 Na sei na AWURADE Nyankopɔn seɛ: Hwɛ, mede wo bɛhyɛ wɔn a wotane wɔn no nsa, ne wɔn a wo kra ate ne ho afiri wɔn ho no nsa, 29 na wɔne wo adi no wɔ ɔtane so, na wɔafa deɛ wobrɛ nyaeɛ no, na wɔagya wo, adagya ne kwaterekwa mu, na wɔayi w’adwamammɔ adagya so ne w’aniwudeɛ ne w’adwamammɔ deɛ nyinaa so. 30 Wɔbɛyɛ wo yei, w’adwamammɔ a wode dii amanaman no akyire no nti, sɛ wode wɔn abosonhuhuo agu wo ho fi. 31 Wo nuabaa no kwan so na wonam, enti mede ne kuruwa bɛhyɛ wo nsa. 32 Sɛ AWURADE Nyankopɔn seɛ nie: Wo nuabaa kuruwa a emu dɔ na emu trɛ no na wobɛnom mu, dodoɔ a ɛbɛtumi afa no bɛdane asereseredeɛ ne fɛdie; 33 nsaborɔ ne awerɛhoɔ, ahodwire ne ahoyera kuruwa, wo nuabaa Samaria kuruwa no bɛyɛ wo ma. 34 Na wobɛnom, na wobɛfefe mu, na wobɛwe ne ferɛ, na wobɛsunsuane wo nufo mu, na me na maka, AWURADE Nyankopɔn asɛm nie. 35 Ɛno nti sɛ AWURADE Nyankopɔn seɛ nie: Ɛsiane sɛ wo werɛ afiri me, na woato me atwene w’akyire nti, wo nso soa w’aniwudeɛ ne w’adwamammɔdeɛ no. 36 Na AWURADE ka kyerɛɛ me sɛ: Onipa ba, wobɛbu Ohola ne Oholiba atɛn? Ɛnneɛ kyerɛ wɔn wɔn akyiwadeɛ, 37 sɛ wɔasɛe awadeɛ, na mogya wɔ wɔn nsamu. Na wɔn abosonhuhuo na wɔde asɛe awadeɛ, na wɔn mma a wɔwo maa me no nso, wɔama wɔafa ogya mu ama wɔn abosom ama wɔadi. 38 Bio yei na wɔayɛ me, wɔagu me kronkronbea ho fi da no ara, na me home nna nso, wɔagu ho fi. 39 Na wɔkunkum wɔn mma ma wɔn abosonhuhuo a, wɔba me kronkronbea da no ara bɛgu ho fi, na hwɛ, saa na wɔayɛ no me fie no mu. 40 Na mpo wɔsoma maa wɔkɔhyiaa mmarima a wɔfiri akyirikyiri bae, na wɔsomaa abɔfoɔ maa wɔkɔɔ wɔn nkyɛn, na hwɛ, wɔbae; wɔn na wodwaree wo ho maa wɔn, de adubire kekaa w’ani, na wode ahyehyɛdeɛ hyehyɛɛ wo ho, 41 na wɔtenaa nnaeɛ a anim yɛ duro so, na ɛpono a wɔatoɔ si w’anim, na wode m’aduhwan ne me ngo sisii so. 42 Na asafo yuu a wɔato wɔn ho mpan wɔ mu, na wɔde nsabofoɔ kaa nnipa dodoɔ no ho firi ɛserɛ so baeɛ, na wɔde nkapo hyehyɛɛ wɔn nsa, na wɔde abotire afɛfɛ bobɔɔ wɔn. 43 Ɛnna mekaa sɛ: Mmarima mmɔ adwaman sɛ ɔno ara, sɛ wɔkɔ ne ho a! 44 Na wɔkɔɔ ne ho sɛdeɛ wɔkɔ ɔbaa dwamamfoɔ ho, na saa na wɔkɔɔ Ohola ne Oholiba, mmaa ahohorafoɔ no ho. 45 Na mmarima ateneneefoɔ na wɔde awaresɛefoɔ atemmuo ne mogyakagufoɔ atemmuo bɛbu wɔn atɛn, ɛfiri sɛ wɔyɛ awaresɛefoɔ, na mogya wɔ wɔn nsamu. 46 Na sɛ AWURADE Nyankopɔn seɛ nie: Mɛma asafo bi atu aba wɔn so, na mayi wɔn ama ahodwan ne ɔfom, 47 na asafo no asi wɔn aboɔ, na wɔde wɔn nkrantɛ awowɔ wɔn; wɔbɛkunkum wɔn mmabanin ne wɔn mmammaa, na wɔde ogya ahye wɔn afie. 48 Na mɛtwa aniwudeyɛ afiri asase no so, na wɔde abɔ mmaa nyinaa kɔkɔ, na wɔanyɛ mo ahohoradeɛ no bi. 49 Na wɔde mo ahohoradeɛ bɛgu mo so, na moasoa mo abosonhuhuo no ho bɔne, na moahunu sɛ mene AWURADE Nyankopɔn. |
The Bible Society of Ghana, 2012