Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -

Hesekiel 20 - New Revised Asante Twi Bible


Israel asoɔden

1 Na afe a ɛtɔ so nson, bosome a ɛtɔ so nnum da a ɛtɔ so du no, Israel mpanimfoɔ no mu binom ba bɛbisaa AWURADE hɔ adeɛ, na wɔbɛtenaa m’anim.

2 Ɛnna AWURADE asɛm baa me nkyɛn sɛ:

3 Onipa ba, kasa kyerɛ Israel mpanimfoɔ no sɛ: Sɛ AWURADE Nyankopɔn seɛ nie: Me hɔ adebisa na mobaeɛ yi? Sɛ mete aseɛ yi, ampa ara, meremma wɔmmisa me hɔ adeɛ mma mo, AWURADE Nyankopɔn asɛm nie.

4 Wobɛbu wɔn atɛn, onipa ba? Wobɛbu wɔn atɛn? Ɛnneɛ ma wɔnhunu wɔn agyanom akyiwadeɛ.

5 Na ka kyerɛ wɔn sɛ: Sɛ AWURADE Nyankopɔn seɛ nie: Ɛda a mefaa Israel na memaa me nsa so kyerɛɛ Yakob fie asefoɔ, na memaa wɔhunuu me Misraim asase soɔ na memaa me nsa so kyerɛɛ wɔn kaa sɛ: Mene AWURADE mo Nyankopɔn, no.

6 Ɛda no na memaa me nsa so kyerɛɛ wɔn, sɛ merebɛyi wɔn afiri Misraim asase so de wɔn akɔ asase a mepɛ maa wɔn, a ɛsene nufosuo ne ɛwoɔ, a ɛyɛ nsase nyinaa ahyehyɛdeɛ no so,

7 na meka kyerɛɛ wɔn sɛ: Mo nyinaa montoto mo ani so akyiwadeɛ no ngu, na mommfa Misraim abosonhuhuo nngu mo ho fi; mene AWURADE mo Nyankopɔn.

8 Na wɔtee me so atua, na wɔampene sɛ wɔtie me; wɔn mu obiara biara anto n’ani so akyiwadeɛ no antwene, na wannya Misraim abosonhuhuo no. Ɛnna mese: Mɛhwie m’anibereɛ agu wɔn so, de awie m’abufuo no wɔ wɔn so, Misraim asase so.

9 Nanso me din nti, meyɛe na ɛho angu fi amanaman a wɔte wɔn mu no anim, wɔn a memaa wɔhunuu me wɔn ani so, sɛ mereyi wɔn afiri Misraim asase so.

10 Ɛnna meyii wɔn firii Misraim asase soɔ, na mede wɔn baa ɛserɛ so,

11 Na mede m’ahyɛdeɛ maa wɔn, na memaa wɔhunuu m’atemmudeɛ a sɛ onipa yɛ a, ɔnya mu nkwa no.

12 Nanso mede me home nna maa wɔn, sɛ ɛnyɛ me ne wɔn ntam nsɛnkyerɛnneɛ, na wɔnhunu sɛ mene AWURADE a metee wɔn ho no.

13 Na Israel fie tee m’anim atua ɛserɛ so; wɔanni m’ahyɛdeɛ so na wɔpoo m’atemmudeɛ a sɛ onipa yɛ a, ɔbɛnya mu nkwa no, na me home nna nso, wɔguu ho fi bebree. Ɛnna mese: Merehwie m’anibereɛ agu wɔn so, ɛserɛ so, na madwerɛ wɔn.

14 Nanso me din nti meyɛe na ɛho angu fi, amanaman a meyii wɔn, wɔn anim no anim.

15 Nanso memaa me nsa so kyerɛɛ wɔn, ɛserɛ so sɛ, meremfa wɔn nkɔ asase a memaeɛ a ɛsene nufosuo ne ɛwoɔ a ɛyɛ nsase nyinaa ahyehyɛdeɛ no so,

16 ɛsiane sɛ, wɔpoo m’atemmudeɛ na wɔannante m’ahyɛdeɛ mu, na wɔguu me home nna ho fi nti; na na wɔn abosonhuhuo no akyi na wɔn akoma die.

17 Nanso mehunuu wɔn mmɔbɔ, na mansɛe wɔn, na manyɛ wɔn pasaa, ɛserɛ no so.

18 Na meka kyerɛɛ wɔn mma, ɛserɛ no so sɛ: Monnnante mo agyanom ahyɛdeɛ no mu, na monnni wɔn atemmudeɛ no so, na mommfa wɔn abosonhuhuo nngu mo ho fi.

19 Mene AWURADE mo Nyankopɔn, m’ahyɛdeɛ mu na monnanteɛ, na m’atemmudeɛ na monni soɔ na monyɛ,

20 na monyɛ me home nna no kronkron, na ɛnyɛ me ne mo ntam nsɛnkyerɛnneɛ, na monhunu sɛ mene AWURADE mo Nyankopɔn.

21 Na mma no nso tee me so atua, wɔannante m’ahyɛdeɛ no mu, na wɔanni m’atemmudeɛ so anyɛ deɛ onipa yɛ a, ɔbɛnya mu nkwa no; me home nna nso, wɔguu ho fi. Ɛnna mese: Merehwie m’anibereɛ agu wɔn so, na mawie m’abufuo wɔn mu ɛserɛ no so.

22 Nanso mesiankaa me nsa, na me din nti, meyɛe, na ɛho angu fi amanaman a meyii wɔn firii wɔn anim no.

23 Nso mekaa wɔn ntam ɛserɛ no so, sɛ mɛbɔ wɔn apete amanaman mu, na mapansam wɔn agu nsase so,

24 ɛsiane sɛ wɔanyɛ m’atemmudeɛ na wɔapo m’ahyɛdeɛ, na wɔagu me home nna ho fi, na wɔn ani di wɔn agyanom abosonhuhuo akyiri nti.

25 Na me nso memaa wɔn ahyɛdeɛ a ɛnyɛ ne atemmudeɛ a wɔnnya mu nkwa ho kwan,

26 na meguu wɔn ho fi, wɔn ayɛyɛdeɛ mu, ne bɔ a wɔde wɔn abakan bɔɔ afɔdeɛ no mu, na masɛe wɔn, deɛ ɛbɛyɛ na wɔahunu sɛ mene AWURADE.

27 Enti, onipa ba, kasa kyerɛ Israel fie, na ka kyerɛ wɔn sɛ: Sɛ AWURADE Nyankopɔn seɛ nie: Yei mu nso, mo agyanom kaa abususɛm tiaa me, na wɔfomm me,

28 ɛfiri sɛ mede wɔn baa asase a mekaa ntam sɛ mede bɛma wɔn no soɔ no, sɛ wɔhunu kokoɔ a ɛkorɔn biara ne dua kusuu biara, na wɔrebɔ wɔn afɔdeɛ wɔ hɔ, na wɔde wɔn ayɛyɛdeɛ a ɛhuru me boɔ no kyɛ wɔ hɔ, na wɔde wɔn hwa hwamhwam ma wɔ hɔ, na wɔhwie wɔn ahwiesa wɔ hɔ.

29 (Na meka kyerɛɛ wɔn sɛ: Ɛdeɛn ne sorɔnsorɔnbea a mokɔ hɔ no? Na wɔtoo hɔ din sɛ sorɔnsorɔnbea de bɛsi nnɛ da yi.)


Atemmuo ne bɔhyɛ

30 Enti ka kyerɛ Israel fie sɛ: Sɛ AWURADE Nyankopɔn seɛ nie: Mo agyanom kwan so na mogu mo ho fi, na wɔn atantanneɛ akyi na mobɔ adwaman die,

31 na mode mo ayɛyɛdeɛ ba, na moma mo mma fa ogya mu yi, mogu mo ho fi mo abosonhuhuo nyinaa fam de bɛsi nnɛ yi, na me na wɔmmisa me hɔ adeɛ mma mo anaa? Israel fie! Sɛ mete aseɛ yi, AWURADE Nyankopɔn asɛm nie, ampa ara, meremma wɔmmisa me hɔ adeɛ mma mo.

32 Na deɛ ɛba mo adwene mo no, ɛrenyɛ hɔ oo! Deɛ moka sɛ: Yɛbɛyɛ sɛ amanaman no, sɛ nsase so mmusua no, na yɛasom dua ne ɔboɔ no.

33 Sɛ mete aseɛ yi, AWURADE Nyankopɔn asɛm nie, ampa ara, mede nsa a ɛyɛ den ne basa a emu atene ne anibereɛ a wɔahwie aguo na ɛbɛdi mo so hene.

34 Na mɛyi mo afiri aman mu, na maboa mo ano afiri nsase a wɔabɔ mo apete hɔ no so, nsa a ɛyɛ den ne basa a emu atene ne anibereɛ a wɔahwie aguo so,

35 na mede mo aba aman no serɛ so na mabɛbu mo atɛn wɔ hɔ, anim ne anim.

36 Sɛdeɛ mebuu mo agyanom atɛn ɛserɛ so wɔ Misraim asase soɔ no, saa ara na mɛbu mo atɛn, AWURADE Nyankopɔn asɛm nie.

37 Na mɛma moafa abaa no ase, na mede mo aba apam no nkyehoma mu.

38 Na mɛyiyi mo mu atuatefoɔ ne wɔn a wɔto me mmara no, wɔn ahɔhobea asase no so na mɛyi wɔn, nanso wɔremma Israel asase so, na moahunu sɛ mene AWURADE.

39 Na mo, Israel fie, sɛ AWURADE Nyankopɔn seɛ nie: Monkɔ nkɔsom mo abosonhuhuo ɛ, seesei ne daakye, sɛ moantie me a, ɛnneɛ na mommfa mo ayɛyɛdeɛ ne mo abosonhuhuo no ngu me din kronkron no ho fi bio.

40 Na bepɔ kronkron, Israel bepɔ a ɛkorɔn no so, AWURADE Nyankopɔn asɛm nie, ɛhɔ na Israel fie nyinaa, wɔn dodoɔ a ɛwɔ asase no soɔ nyinaa bɛsom me; ɛhɔ na wɔbɛsɔ m’ani, na ɛhɔ nso na mɛbisa mo mmasoɔ adeɛ ne mo ayɛyɛdeɛ mu adikanneɛ, mo akronkronneɛ nyinaa mu.

41 Mobɛsɔ m’ani sɛ ehwa hwamhwam, ɛberɛ a mɛyi mo afiri aman mu no, na maboa mo ano afiri nsase a wɔabɔ mo apete soɔ no, mo mu na mɛma wɔayɛ me kronkron, amanaman no anim.

42 Na mobɛhunu sɛ mene AWURADE, berɛ a mede mo bɛba Israel asase, asase a mekaa ntam sɛ mede bɛma mo agyanom no soɔ no,

43 na ɛhɔ na mobɛkae mo akwan ne mo nneyɛɛ a mode guu me ho fi no nyinaa, na mo ho ayɛ mo nwunu, mo ani so, mo bɔne a moyɛeɛ no nyinaa nti.

44 Na mobɛhunu sɛ mene AWURADE. Me din nti na me ne mo bɛdie, ɛnyɛ mo akwammɔne no so, ne mo nneyɛɛ a asɛeɛ no so, Israel fie, AWURADE Nyankopɔn asɛm nie.

45 Na AWURADE asɛm baa me nkyɛn sɛ:

46 Onipa ba, fa w’ani kyerɛ anafoɔ fam, ka asɛm kyerɛ anafoɔ fam, na ka adiyisɛm kyerɛ Negeb petee mu kwaeɛ,

47 na ka kyerɛ Negeb kwaeɛ no sɛ: Tie, AWURADE asɛm nie: Hwɛ, meresɔ wo mu gya, na ahye wo mu nnua mono nyinaa ne nnua wuiɛ nyinaa. Ogyaframa a ɛdɛre framframfram no rennum, na ahye asase ani nyinaa afiri anafoɔ fam akɔsi atifi fam.

48 Na honam nyinaa bɛhunu sɛ me AWURADE na mesɔeɛ, ɛrennum.

49 Ɛnna mekaa sɛ: Ao, AWURADE Nyankopɔn, wɔn deɛ, wɔka no ne me ho sɛ: Ɛnyɛ mmɛ na ɔrebubuo yi?

The Bible Society of Ghana, 2012

Bible Society of Ghana
Lean sinn:



Sanasan