Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -

Hesekiel 18 - New Revised Asante Twi Bible


Ɛsɛ obiara sɛ ɔsoa ɔno ara n’asodie

1 Na AWURADE asɛm baa me nkyɛn sɛ:

2 Mokyerɛ sɛn, sɛ mobu bɛ yi Israel asase so sɛ: Agyanom twɛre abunu, na mma se fem, a?

3 Sɛ mete aseɛ yi, AWURADE Nyankopɔn asɛm nie, ampa ara, moremmu bɛ yi Israel mu bio.

4 Hwɛ, akra nyinaa wɔ me. Sɛ agya kra wɔ me no, sɛ ɔba nso kra wɔ me ne no; ɔkra a ɔyɛ bɔne no, ɔno ara na ɔbɛwuo.

5 Na sɛ onipa yɛ ɔteneneeni, na ɔyɛ atemmudeɛ ne ateneneedeɛ,

6 na ɔnni afɔreduane mmepɔ no so, na ɔmma n’ani so nhwɛ Israel fie ahoni huhuo no, na ɔngu ne yɔnko yere ho fi na ɔnkɔ ɔbaa a wayɛ bra ho,

7 na ɔnhom obi so, na ɔde ɔkafoni awowasideɛ sane ma, ɔnyɛ ɔpempensini, ɔde n’aduane ma deɛ ɔdi kɔm na ɔfira ɔdagyani ntoma,

8 na ɔmmɔ bosea na ɔnnye nsiho, na ɔtwe ne nsa firi abusudeɛ ho, na ɔbu onipa ne onipa ntam atɛntenenee,

9 na ɔnam m’ahyɛdeɛ mu, na ɔdi m’atemmudeɛ so di nokwasɛm a, ɔno na ɔteneneeni ne no; nkwa na ɔbɛnya, AWURADE Nyankopɔn asɛm nie.

10 Na sɛ ɔwɔ ɔba korɔmfoɔ a ɔka mogya guo, na ɔyɛ yeinom mu baako pɛ,

11 na ɔno ara deɛ ɔnnyɛ nnoɔma yeinom biara, (wanyɛ yeinom mu biara), na sɛ nso ɔdi afɔreduane mmepɔ no so, na ɔgu ne yɔnko yere ho fi,

12 na ɔhom mmɔborɔni ne ohiani so, ɔyɛ ɔpempensideɛ nso ɔnnane mma, na ɔma n’ani so hwɛ ohoni huhuo yɛ akyiwadeɛ,

13 na ɔbɔ bosea na ɔgye nsiho a, ɔbɛnya nkwa anaa? Aane, ɔrennya nkwa! Wayɛ akyiwadeɛ yi nyinaa, wuo na ɔbɛwuo, ne mogya bɛbua n’atifi.

14 Na hwɛ ɔwo ɔba, na ɔno deɛ, ɔhunu n’agya bɔne a ɔyɛ nyinaa, na ɔsuro, na ɔnyɛ saa bi,

15 na ɔnni afɔreduane mmepɔ no so, na ɔmma n’ani so nhwɛ Israel fie ahoni huhuo, na ɔngu ne yɔnko yere ho fi,

16 na ɔnhom obi so, na ɔnnye awowasideɛ nsie, na ɔnyɛ ɔpempensini, na ɔde n’aduane ma deɛ ɛkɔm de no, ɔfira ɔdagyani ntoma,

17 na ɔsianka ne nsa firi mmɔborɔni ho, na ɔnnye mfɛntomu ne nsiho, na ɔyɛ m’atemmudeɛ nam m’ahyɛdeɛ mu a, ɔno deɛ, ɔrenwu n’agya amumuyɛ mu; nkwa na ɔbɛnya.

18 N’agya no, ɛnam sɛ wadi amim, asi ne nua apempem, na wayɛ deɛ ɛnyɛ, ne man mu nti hwɛ, ɔbɛwu n’amumuyɛ mu.

19 Na moka sɛ: Adɛn nti na ɔba nsoa n’agya amumuyɛ bie? Na sɛ ɔba no ayɛ atemmudeɛ ne ateneneedeɛ adi m’ahyɛdeɛ nyinaa so ayɛ a, nkwa na ɔbɛnya.

20 Ɔkra a ɔyɛ bɔne no, ɔno na ɔbɛwuo; ɔba rensoa n’agya amumuyɛ bi, na agya nso rensoa ne ba amumuyɛ bi; ɔteneneeni tenenee bɛtena ne so, na ɔbɔnefoɔ abɔnefosɛm bɛtena ne so.

21 Na ɔbɔnefoɔ nso, sɛ ɔsane firi ne bɔne a wayɛ nyinaa ho, na ɔdi m’ahyɛdeɛ nyinaa so, yɛ atemmudeɛ a, nkwa na ɔbɛnya, ɔrenwu.

22 Ne mmarato adeɛ a ɔyɛeɛ nyinaa, wɔrenkae mma no bio; ne tenenee a wayɛ no mu na ɔbɛnya nkwa.

23 Pɛ na mepɛ ɔbɔnefoɔ wuo anaa? AWURADE Nyankopɔn asɛm nie; ɛnyɛ sɛ ɔsane firi ne kwan soɔ na ɔnya nkwa na mepɛ anaa?

24 Nanso sɛ ɔteneneeni sane firi ne tenenee ho kɔyɛ abusudeɛ ne akyiwadeɛ nyinaa a ɔbɔnefoɔ yɛ a, ɔbɛnya nkwa anaa? Ne tenenee a ɔyɛeɛ nyinaa, wɔrenkae; ne fom a wafom ne ne bɔne a wayɛ no mu na ɔbɛwuo.

25 Nanso moka sɛ AWURADE kwan ntene. Montie ɛ, Israel fie, me kwan ntene anaa? Ɛnyɛ mo akwan na ɛntene?

26 Sɛ ɔteneneeni sane firi ne tenenee ho kɔyɛ abusudeɛ, na ɔwu wɔ mu a, n’abusudeɛ a ɔyɛeɛ no mu na ɔwuiɛ.

27 Nso sɛ ɔbɔnefoɔ sane firi n’abɔnefosɛm a wadie no ho bɛyɛ atemmudeɛ ne ateneneedeɛ a, ɔno deɛ, wagye ne kra nkwa.

28 Na sɛ wahunu, na wasane afiri ne mmarato a ɔdiiɛ no nyinaa ho nti, nkwa na ɔbɛnya, ɔrenwu.

29 Nanso Israel fie ka sɛ AWURADE kwan ntene. M’akwan ntene, Israel fie? Ɛnyɛ mo akwan na ɛntene?

30 Ɛno nti Israel fie, mɛbu mo mo akwan ho atɛn mmaako mmaako, AWURADE Nyankopɔn asɛm nie. Monsane na monnane mo ho mfiri mo mmaratodeɛ nyinaa ho, na mmusuo anyɛ suntidua amma mo.

31 Montoto mo mmaratodeɛ a mode too mmara no nyinaa mfiri mo so ngu, na monyɛ akoma foforɔ ne honhom foforɔ mfa. Na adɛn nti na ɛsɛ sɛ mowuo yi, Israel fie?

32 Na menni deɛ ɔrewuo no wuo ho anigyeɛ, AWURADE Nyankopɔn asɛm nie. Enti monsane, na mommɛnya nkwa.

The Bible Society of Ghana, 2012

Bible Society of Ghana
Lean sinn:



Sanasan