Hesekiel 17 - New Revised Asante Twi BibleSedekia asotwe 1 Na AWURADE asɛm baa me nkyɛn sɛ: 2 Onipa ba, to aborɔme no ka mfatohosɛm yi kyerɛ Israel fie, 3 sɛ: Sɛ AWURADE Nyankopɔn seɛ nie: Ɔkɔdeɛ kɛseɛ bi, a ɔwɔ ntaban akɛseakɛse, ne ntakra atenteneatentene, ntakra nworanworan ayɛ ne ho ma, baa Lebanon bɛbuu tweneduro nkona. 4 Ne nkɔnmu mu ban na ɔpaneeɛ, na ɔde kɔɔ adwadie asase bi so, ɔkɔtɛɛ no adwadifoɔ kuro bi mu. 5 Na ɔfaa asase no so aba bi de kɔduaa asase pa bi mu, ɔde sii nsuo bebree ano, ɔtɛɛ no sɛ nsunoa dua. 6 Na ɛfifirii yɛɛ bobe a ɛdennaneeɛ a ɛhwihwa fam ma ne mman tenetene baa ne ho, na ne nhini wɔ n’ase; na ɛyɛɛ bobe na ɛyiyii mman na ahahan baa so. 7 Nso na ɔkɔdeɛ kɛseɛ foforɔ bi wɔ hɔ, ne ntaban akɛseakɛse, na ne ntakra bebree. Na hwɛ, bobe no firi n’akofie a wɔtɛɛ no wɔ mu no mu tentene, ne nhini kɔɔ ne fam, na ɛyiyii ne mman kɔɔ ne so, sɛ ɔmma no nsuo. 8 Afu pa so ne nsuo bebree ho na ɔtɛeɛ, sɛ ɛnyiyi mman, na ɛnso aba, na ɛnyɛ bobe fɛfɛ. 9 Ka sɛ: Sɛ AWURADE Nyankopɔn seɛ nie: Ɛbɛyɛ yie? Ɔrentutu ne nhini, na ɔntwitwa n’aba na atwintwam? Ahahan a ɛfefɛeɛ no nyinaa bɛtwintwam, na ɛnyɛ basa kɛseɛ anaa ɛdɔm bebree na wɔde bɛsɔ ne nhini mu atu no. 10 Na hwɛ, wɔatɛ no yi, ɛbɛkye? Berɛ a apueeɛ mframa bɛka no no, ɛnyɛ kusa na ɛbɛkusa anaa? Akofie a ɛfifirii soɔ no so na ɛbɛtwintwam. 11 Na AWURADE asɛm baa me nkyɛn sɛ: 12 Ka kyerɛ asowuiɛ fie no sɛ: Monhunu adekodeɛ a yei yɛ? Ka sɛ: Hwɛ, Babel hene baa Yerusalem, na ɔbɛfaa emu hene ne emu asafohene, na ɔde wɔn kɔɔ ne nkyɛn Babel. 13 Na ɔfaa ahennie asefoɔ no mu obi, na ɔne no pamee, na ɔmaa no kaa no ntam, (na asase no so atumfoɔ no deɛ, ɔfaa wɔn kɔe), 14 sɛ ɛnyɛ ahennie a wɔabrɛ no aseɛ, na amma ne ho so bio, na ɔnni apam no so na ɛnnyina. 15 Nanso ɔtee n’anim atua somaa n’abɔfoɔ maa wɔkɔɔ Misraim, sɛ wɔmma no apɔnkɔ ne ɛdɔm bebree. Ɛbɛsi no yie anaa? Deɛ ɔyɛ yeinom bɛfiri mu afi anaa? Ɔbɛsɛe apam no na wafa ne ho adi anaa? 16 Sɛ mete aseɛ yi, AWURADE Nyankopɔn asɛm nie, ampa ara, ɔhene a ɔsii no hene a wammu ne nseɛ no, na wabu n’apam soɔ no tenabea, ne nkyɛn hɔ wɔ Babel, na ɔbɛwuo. 17 Na ɛnyɛ ɛdɔm kɛseɛ ne asafo bebree na Farao de bɛdi ama no. Ɛsa mu wɔbɛto epie na wɔasisi aban atentene de atwa nnipa pii agu. 18 Ɛfiri sɛ, wammu ntam no na ɔbuu apam so; na hwɛ, wadi nse, nanso wayɛ yeinom nyinaa. Ɔremfiri mu mfi. 19 Enti sɛ AWURADE Nyankopɔn seɛ nie: Sɛ mete aseɛ yi, ampa ara, me ntam a wammuo ne m’apam a wabu soɔ no na mede bɛbua n’atifi. 20 Na mɛtrɛ m’asau ne so, na wɔayi no me fidie mu, na mede no akɔ Babel, na fom a ɔfom me no, me ne no bɛdi wɔ hɔ; 21 na n’adwanefoɔ a ɛwɔ n’asafo nyinaa, nkrantɛ ano na wɔbɛtotɔ, na wɔn a wɔaka no, wɔbɛbɔ wɔn apete mframa nyinaa mu, na moahunu sɛ me, AWURADE, na maka. Awieeɛ no wɔbɛma Israel so 22 Sɛ AWURADE Nyankopɔn seɛ nie: Me nso mɛbu tweneduro a ɛkorɔn no nkona mu bi akɔtɛ, ne mfefɛeɛ mu tire bɛtɛbɛtɛ no bi na mɛpan makɔdua no bepɔ a ɛkorɔn na ɛwareɛ bi so; 23 Israel bepɔ sorɔnsorɔn so na mɛdua no, na ɛbɛyiyi mman aso aba, na ayɛ tweneduro kunini, na nnomaa nyinaa, ntakraboa nyinaa abɛsisi aseɛ; ne mman nwunu mu na wɔbɛsisie. 24 Na wiram nnua nyinaa ahunu sɛ me, AWURADE, na mabrɛ dua bantenn no aseɛ, na mama dua a ɛhwihwa fam akorɔn, mama duamono adwan na mama duawuiɛ afefɛ. Me, AWURADE, na maka, na mayɛ. |
The Bible Society of Ghana, 2012