Hesekiel 15 - New Revised Asante Twi BibleYerusalem yɛ bobe dua hunu 1 Na AWURADE asɛm baa me nkyɛn sɛ: 2 Onipa ba, ɛdeɛn na bobe dua de sene nnua nyinaa, bobe homa a ɛwɔ wira mu nnua mu no? 3 Wɔfa mu dua de yɛ adwuma bi, anaasɛ wɔfa mu bi yɛ pɛɛwa, sɛ wɔde adeɛ biara bɛsɛne soɔ? 4 Hwɛ, wɔde gu ogya mu, na ahye: Sɛ ogya ahye ano mmienu, na mfimfini ahye a, ɛfata adwuma bi yɛ anaa? 5 Hwɛ, ɛda so di mu no, wɔamfa anyɛ hwee, na nkantom sɛ ogya ahye no dwɛɛ yi, na wɔde bɛyɛ biribi bio anaa? 6 Enti sɛ AWURADE Nyankopɔn seɛ nie: Sɛdeɛ bobe dua teɛ wɔ kwaeɛ mu nnua mu, a mede mema ogya ma no hyeɛ no, saa na mede Yerusalemfoɔ bɛma, 7 na mɛyi m’ani masa wɔn; wɔfiri ogya mu, na ogya ara na ɛbɛhye wɔn, na moahunu sɛ mene AWURADE, m’ani a meyi mesa wɔn no mu. 8 Na mɛma asase no adane afo, ɛfiri sɛ wɔadi afomfonsɛm, AWURADE Nyankopɔn asɛm nie. |
The Bible Society of Ghana, 2012