Hesekiel 13 - New Revised Asante Twi BibleAdiyifoɔ atorofoɔ ho atemmusɛm 1 Na AWURADE asɛm baa me nkyɛn sɛ: 2 Onipa ba, hyɛ Israel adiyifoɔ a wɔhyɛ nkɔm no ho nkɔm, na ka kyerɛ wɔn a wɔfiri wɔn ara wɔn tirim hyɛ nkɔm no sɛ: Montie AWURADE asɛm. 3 Sɛ AWURADE Nyankopɔn seɛ nie: Wɔnnue, adiyifoɔ nkwaseafoɔ a wɔdi wɔn honhom akyire na wɔnhunu hwee no. 4 Israel, w’adiyifoɔ ayɛ sɛ akurofo mu nsakraman. 5 Momforo nkɔgyinaa ntokuro no mu, na monnyee Israel fie ho ban, sɛ mobɛgyina akono, AWURADE da no. 6 Ahuhudeɛ ne atorɔ nkɔmhyɛ na wɔn a wɔka sɛ: AWURADE asɛm nie, no hunu, nso na AWURADE nsomaa wɔn, nanso wɔtwɛn sɛ ɔbɛma wɔn asɛm no aba mu. 7 Ɛnyɛ ahuhudeɛ na mohunu na atorɔ nkɔm na mohyɛ, sɛ moka sɛ: AWURADE asɛm nie, wɔ berɛ a menkasaeɛ? 8 Ɛno nti, sɛ AWURADE Nyankopɔn seɛ nie: Ɛnam sɛ moka ahuhusɛm na mohunu atorɔ anisoadeɛ yi nti, hwɛ, me ne mo anya, AWURADE Nyankopɔn asɛm nie. 9 Na me nsa bɛba adiyifoɔ a wɔhunu ahuhudeɛ na wɔhyɛ nkɔntorɔ no so: Wɔrentena me man badwa no mu, na wɔrentwerɛ wɔn din Israel fie edintwerɛ no mu, na wɔremma Israel asase so, na moahunu sɛ mene AWURADE Nyankopɔn. 10 Ɛfiri sɛ, aane ɛfiri sɛ wɔsisi me man ka sɛ: Asomdwoeɛ, na asomdwoeɛ nni hɔ, na ɔman no to fasuo bi, na hwɛ, wɔn deɛ, wɔde hyire sra ho nti, 11 ka kyerɛ wɔn a wɔde hyire sra ho no sɛ: Ɛbɛhwe ase! Osuo a ɛsram soɔ bɛba, na asukɔtweaa bɛtotɔ, na kyinhyia mframa bɛbɔ. 12 Na hwɛ, ɔfasuo no bɛhwe ase. Wɔrenka nkyerɛ mo sɛ: Ɛhe na sra a mosraa ho no wɔ? 13 Ɛno nti, sɛ AWURADE Nyankopɔn seɛ nie: Mɛma kyinhyia mframa abɔ wɔ m’abufuhyeɛ mu, na osuo a ɛsram soɔ aba wɔ m’abufuo mu, na asukɔtweaa aba anibereɛ mu abɛwie. 14 Na mɛdwiri fasuo a mode akaadoo kaa ho no agu ama no aka fam, na ne nnyinasoɔ ada adi, na ahwe ase, na moadwerɛ wɔ mu, na moahunu sɛ, mene AWURADE. 15 Na mɛwie m’abufuhyeɛ, ɔfasuo ne wɔn a wɔde hyire sraa ho no so, na maka akyerɛ mo sɛ: Ɔfasuo no nni hɔ bio, na wɔn a wɔsraa ho no nso nni hɔ bio, 16 Israel adiyifoɔ a wɔkaa Yerusalem ho adiyisɛm, sɛ wɔhunuu asomdwoeɛ adeɛ maa no, nanso asomdwoeɛ biara nni hɔ no, AWURADE Nyankopɔn asɛm nie. 17 Na wo, onipa ba yi w’ani sa wo man mmaa a wɔfiri wɔn adwene mu hyehyɛ nkɔm no, na hyɛ wɔn ho nkɔm sɛ: 18 Sɛ AWURADE Nyankopɔn seɛ nie: Monnue, mo mmaa a mopempam nkataho ma nsa akwaa nyinaa, na mopam nnuku ma etire ahodoɔ nyinaa, sɛ mode reyi akra. Moyi me man akra, na mo ara mo kra deɛ, mogye no nkwa? 19 Na mogu me ho fi, me man mu, atokoɔ nsa ma ma ne paanoo afono ma bi nti, sɛ mode atorɔ a modi kyerɛ me man a wɔtie atorɔ no rekum akra a ɛnni kum, na moregye akra a wɔnnsɛ nkwa no nkwa. 20 Ɛno nti, sɛ AWURADE Nyankopɔn seɛ nie: Hwɛ, me ne nkaberɛ a mode reyi akra sɛ nnomaa no anya, na mɛtete afiri mo basa ho, na magyaa akra no, akra a moyi wɔn no, ama wɔatutu akɔ sɛ nnomaa. 21 Na mɛtete mo nnuku, na mayi me man afiri mo nsa mu, na wɔantena mo nsa mu sɛ ahayɛdeɛ bio, na moahunu sɛ mene AWURADE. 22 Ɛsiane sɛ mode atorɔ ma ɔteneneeni a, me deɛ, menhyɛ no awerɛhoɔ no akoma tutuo, na mohyɛ ɔbɔnefoɔ nsa mu den, sɛdeɛ ɛbɛyɛ na wansane amfiri ne kwammɔne so na wannnya nkwa nti, 23 morenhunu anisoadeɛ huhuo bio, na nkɔm nso morenhyɛ bio; na mɛyi me man afiri mo nsa mu, na moahunu sɛ mene AWURADE. |
The Bible Society of Ghana, 2012