Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -

Hesekiel 12 - New Revised Asante Twi Bible


Ɔberempɔn ne ɔman no tukorɔ

1 Na AWURADE asɛm baa me nkyɛn sɛ:

2 Onipa ba, wote atuatefoɔ fie, nnipa a wɔwɔ ani a wɔde hunu adeɛ nanso wɔnhunu, na wɔwɔ aso a wɔde teɛ nanso wɔnteɛ;

3 na atuatefoɔ fie ne wɔn. Na wo, onipa ba, yɛ otukorɔ adeɛ fa, na tu kɔ awia, wɔ wɔn anim, na tu firi wo tenabea kɔ baabi foforɔ, wɔn anim; ebia wɔbɛhunu; na asowuiɛ fie ne wɔn.

4 Na yi wo nnoɔma firi adi sɛ ɔtukorɔ adeɛ awia, wɔn anim, na wo ara deɛ, firi adi anwummerɛ, sɛ atukɔfoɔ kɔ no no.

5 Tu ɔfasuo no mu tokuro, wɔn anim, na fa mu firi adi.

6 Wɔn anim ara na fa nnoɔma no to wo kɔn ho, na anim biri a, wode afiri adi. Kata w’ani na woanhunu asase no, na mede wo mayɛ nsɛnkyerɛnneɛ mama Israel fie.

7 Ɛnna meyɛɛ saa, sɛdeɛ wɔhyɛɛ me no, meyii me nnoɔma firii adi sɛ otukorɔ adeɛ awia, na anwummerɛ no, mede me nsa tuu ɔfasuo no mu tokuro, na anim rebiribiri no, mede firii adi bɔɔ akɔnkɔn wɔ wɔn anim.

8 Ɛnna AWURADE asɛm baa me nkyɛn anɔpa sɛ:

9 Onipa ba, Israel fie, atuatefoɔ fie no, nka nkyerɛɛ wo sɛ: Ɛdeɛn na woreyɛ yi?

10 Ka kyerɛ wɔn sɛ: Sɛ AWURADE Nyankopɔn seɛ nie: Adesoa yi fa ɔberempɔn a ɔte Yerusalem ne Israel fie a wɔwɔ wɔn mu no nyinaa ho.

11 Ka sɛ: Mene mo nsɛnkyerɛnneɛ; sɛdeɛ meyɛeɛ no, saa na wɔbɛyɛ wɔn, otukorɔ mu, nnommumfa mu na wɔbɛkorɔ.

12 Na ɔberempɔn a ɔwɔ wɔn mu no, anim rebirie no, ɔde n’adesoa bɛto ne kɔn ho, na wafiri adi; ɔfasuo mu na wɔbɛtu tokuro sɛ wɔrefa mu afiri adi; ɔbɛkata n’ani na wamfa n’ani anhunu asase no.

13 Na mede m’asau bɛgu ne so, na wɔayi no me fidie mu, na mede no akɔ Babel, Kaldeafoɔ asase so. Na ɛno mpo ɔrenhunu, na ɛhɔ na ɔbɛwuo.

14 Na wɔn a wɔatwa ne ho ahyia sɛ wɔbɛboa no nyinaa ne n’asafo nyinaa, mɛbɔ wɔn apete mframa nyinaa ano, na matwe nkrantɛ adi wɔn akyi.

15 Na sɛ mesunsum wɔn kɔ amanaman mu, na mebɔ wɔn pete nsase so a, wɔbɛhunu sɛ mene AWURADE.

16 Na mɛgya wɔn mu nnipa kakraa bi afiri nkrantɛ ne ɛkɔm ne owuyadeɛ ano, deɛ ɛbɛyɛ na wɔaka wɔn akyiwadeɛ no nyinaa, amanaman a wɔkɔ hɔ no mu, na wɔahunu sɛ mene AWURADE.


Wɔntuu atemmuo nhyɛɛ da

17 Na AWURADE asɛm baa me nkyɛn sɛ:

18 Onipa ba, fa ahopopoɔ di w’aduane, na fa ahopopoɔ ne awerɛhoɔ nom wo nsuo.

19 Na ka kyerɛ asase no so aman no sɛ: Sɛ AWURADE Nyankopɔn ka no Yerusalemfoɔ a wɔwɔ Israel asase soɔ no ho nie: Wɔde awerɛhoɔ na ɛbɛdi wɔn aduane, na wɔde ahodwirie bɛnom wɔn nsuo, ɛsiane sɛ n’asase adane afo na ne mayɛ abɔ no, ɛsofoɔ nyinaa mmusubɔ no nti.

20 Na nkuro a wɔtete mu no bɛsɛe, na asase no adane afo, na moahunu sɛ mene AWURADE.

21 Na AWURADE asɛm baa me nkyɛn sɛ:

22 Onipa ba, abebusɛm bɛn na mowɔ no Israel asase so sɛ: Nna no rekyɛ, na adehunu nyinaa reyera?

23 Ɛno nti, ka kyerɛ wɔn sɛ: Sɛ AWURADE Nyankopɔn seɛ nie: Mɛma abebusɛm yi to atwa, na wɔremmu no Israel mu bio; na mmom kasa kyerɛ wɔn sɛ: Nna no ne adehunu nyinaa asɛm abɛn.

24 Na adehunu hunu biara ne atorɔ nkɔmhyɛ biara rentena Israel fie bio.

25 Na mene AWURADE, na mɛkasa; asɛm a meka no, na ɛbɛyɛ hɔ, wɔrentwe nkɔ akyiri bio: O atuatefoɔ fie, mo berɛ aso ara, na mɛka asɛm na mɛyɛ, AWURADE Nyankopɔn asɛm nie.

26 Na AWURADE asɛm baa me nkyɛn sɛ:

27 Onipa ba, hwɛ, Israel fie ka sɛ: Adehunu a ɔhunu no bɛba nna bebree akyi, na ɛberɛ a ɛwɔ akyirikyiri ho nkɔm na ɔrehyɛ.

28 Ɛno nti ka kyerɛ wɔn sɛ: Sɛ AWURADE Nyankopɔn seɛ nie: Wɔrentwe me nsɛm mu biara nkɔ akyiri bio; asɛm a meka no, wɔbɛyɛ, AWURADE Nyankopɔn asɛm nie.

The Bible Society of Ghana, 2012

Bible Society of Ghana
Lean sinn:



Sanasan