Hesekiel 11 - New Revised Asante Twi BibleWɔtwe ɔman no gyegyefoɔ no aso 1 Na honhom no maa me so de me kɔɔ AWURADE fie no apueeɛ fam ponkɛseɛ a ɛkyerɛ apueeɛ no ano; na hwɛ, na mmarima aduonu nnum gyina ɔponkɛseɛ no ano, na mehunuu Asur ba Yaasania ne Benaia ba Pelatia, ɔman no mu mmapɔmma no, wɔ wɔn mu. 2 Na ɔka kyerɛɛ me sɛ: Onipa ba, yeinom ne mmarima a wɔdwene abususɛm na wotu fo bɔne, kuro yi mu. 3 Wɔse: Berɛ a wɔde sisi adan mpinkyɛnee. Kuro yi ne ɛsɛn no, na yɛne nam no. 4 Ɛno nti, hyɛ wɔn ho nkɔm, hyɛ nkɔm, onipa ba! 5 Na AWURADE honhom tɔɔ me so, na ɔka kyerɛɛ me sɛ: Ka, sɛ AWURADE seɛ nie: Saa na moka, Israel fie, na deɛ ɛba mo adwene mu no, me deɛ, menim. 6 Moama mo atɔfoɔ adɔɔso kuro yi mu, na mode atɔfoɔ funu ahyehyɛ emu mmorɔno so ma ma. 7 Ɛno nti, sɛ AWURADE Nyankopɔn seɛ nie: Mo atɔfoɔ a mode agugu mu no, wɔne nam no, na kuro no ne ɛsɛn no, na mo deɛ, wɔbɛyi mo afiri mu. 8 Nkrantɛ na mosuro, nso nkrantɛ ara na mede bɛba mo soɔ, AWURADE Nyankopɔn asɛm nie. 9 Na mɛyi mo afiri mu, na mede mo mahyɛ ananafoɔ nsa, na mɛbu mo atɛn. 10 Nkrantɛ ano na mobɛtotɔ, Israel hyeɛ so na mɛbu mo atɛn, na moahunu sɛ mene AWURADE. 11 Kuro no renyɛ mo ɛsɛn, na mo nso morenyɛ mu nam; Israel hyeɛ so na mɛbu mo atɛn, 12 na moahunu sɛ mene AWURADE a moanni m’ahyɛdeɛ soɔ, na moanyɛ m’atemmudeɛ, na amanaman a wɔatwa mo ho ahyia no atemmudeɛ so na modiiɛ. 13 Na ɛbaa sɛ merehyɛ nkɔm no, Benaia ba Pelatia wui. Ɛnna mede m’anim butuu fam de nne kɛseɛ suu sɛ: Ao, AWURADE Nyankopɔn, wie na worewie Israel nkaeɛ koraa? Nyankopɔn man no foforɔyɛ 14 Ɛnna AWURADE asɛm baa me nkyɛn sɛ: 15 Onipa ba, wo nuanom, wo nuanom mpo ne w’abusuafoɔ, ne Israel fie mu nyinaa, ne Yerusalemfoɔ na ka kyerɛɛ wɔn sɛ: Momfiri AWURADE ho nkɔ akyirikyiri, yɛn na wɔde asase yi ama yɛn sɛ yɛnni soɔ. 16 Ɛno nti ka sɛ: Sɛ AWURADE Nyankopɔn seɛ nie: Ɛwom sɛ mede wɔn kɔɔ akyirikyiri, amanaman mu, na mebɔɔ wɔn petee nsase so deɛ, nanso mayɛ wɔn kronkronbea kakra, nsase a wɔakɔ soɔ no so. 17 Ɛno nti ka sɛ: Sɛ AWURADE Nyankopɔn seɛ nie: Mɛboa mo ano afiri aman mu, na matase mo afiri nsase a wɔabɔ mo apete soɔ no so, na mede Israel asase no mama mo, 18 na wɔbɛba hɔ abɛyi emu atantanneɛ nyinaa ne emu akyiwadeɛ nyinaa afiri mu akɔ. 19 Na mɛma wɔn akoma korɔ, na mede honhom foforɔ mahyɛ wɔn mu, na mayi ɔboɔ akoma no afiri wɔn honam mu, na mama wɔn honam akoma, 20 na wɔanante m’ahyɛdeɛ mu, na wɔadi m’atemmudeɛ so ayɛ, na wɔayɛ me ɔman, na me nso mayɛ wɔn Onyankopɔn. 21 Na wɔn a wɔn akoma di wɔn atantanneɛ ne wɔn akyiwadeɛ akyire no deɛ, mede wɔn kwan bɛbua wɔn atifi, AWURADE Nyankopɔn asɛm nie. 22 Ɛnna Kerubim no memaa wɔn ntaban soɔ, na nkyimiiɛ no di wɔn nkyɛnmu, na Israel Nyankopɔn animuonyam no wɔ wɔn so wɔ soro. 23 Na AWURADE animuonyam no maa ne ho so firii kuro no mu, na ɛkɔgyinaa bepɔ a ɛda kuro no anim no so. 24 Na honhom no maa me so de me kɔɔ Kaldea, atukɔfoɔ no nkyɛn, anisoadehunu mu, Nyankopɔn honhom mu. Na adeɛ a mehunuiɛ no firii me so kɔɔ soro. 25 Na mekaa AWURADE nsɛm a ɔmaa mehunuiɛ no nyinaa kyerɛɛ atukɔfoɔ no. |
The Bible Society of Ghana, 2012