Hebrifo 5 - New Revised Asante Twi Bible1 Na ɔsɔfo panin biara, wɔyi no firi nnipa mu hyɛ no sɔfoɔ ma nnipa, Nyankopɔn fam nnoɔma ho, na bɔne nti, ɔde ayɛyɛdeɛ ne afɔdeɛ ama, 2 sɛ obi a ɔbɛtumi ahunu ama wɔn a wɔnnim na wɔfom no, ɛsiane sɛ mmerɛyɛ atwa ɔno nso ho ahyia. 3 Na ɛno nti, ɛsɛ sɛ ɔbɔ bɔne ho afɔdeɛ ma ne ho, sɛdeɛ ɔbɔ ma ɔman no. 4 Na obi mfa saa anidie no mma ne ho, gye sɛ deɛ Onyankopɔn afrɛ no te sɛ Aaron no. 5 Saa ara nso na Kristo anhyɛ ne ho animuonyam sɛ ɔbɛyɛ ɔsɔfo panin, na mmom deɛ ɔka kyerɛɛ no sɛ: Me ba ne wo, me na mawo wo nnɛ! 6 Sɛdeɛ ɔkaa no baabi nso sɛ: Woyɛ daa sɔfo, wɔ Melkisedek kwan so. 7 Ɔno a ne honam nna no mu ɔde mpaebɔ ne nkotosrɛ brɛɛ deɛ ɔbɛtumi agye no afiri owuo mu wɔ nteamu a emu yɛ den ne nisuo mu, na ahobrɛaseɛ suro nti wɔtiee no. 8 Ɔyɛ Ɔba deɛ, nanso ɔsuaa amaneɛ a ɔhunuiɛ no mu setie, 9 na ɔnya dii mu no, ɔyɛɛ wɔn a wɔyɛ setie ma no no nyinaa daa nkwagyeɛ farebae, 10 a Onyankopɔn bɔ ne din frɛ no ɔsɔfo panin wɔ Melkisedek kwan so. Akyirisan ho kɔkɔbɔ 11 Ɛno ho na yɛwɔ nsɛm pii a asekyerɛ yɛ den, nanso mo aso asisi. 12 Na ɛberɛ a anka ɛsɛ sɛ moyɛ akyerɛkyerɛfoɔ no, ɛhia mo bio sɛ wɔkyerɛkyerɛ mo Nyankopɔn nsɛm mu mfitiasesɛm, na moayɛ sɛ wɔn a ɛhia wɔn nufosuo, na ɛnyɛ aduane a ɛyɛ den. 13 Na obiara a ɔnum nufoɔ no nhunuu tenenee asɛm no mu, na ɔyɛ akɔkoaa. 14 Na aduane a ɛyɛ den no fata wɔn a wɔanyini a ɛnam daa daa adeyɛ nti wɔn adwene tumi hunu papa ne bɔne mu. |
The Bible Society of Ghana, 2012