Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -

Hebrifo 13 - New Revised Asante Twi Bible


Ɔsom a ɛsɔ Nyankopɔn ani

1 Onuadɔ ntena hɔ daa.

2 Ahɔhoyɛ nso, mommma mo ani mmpa so; ɛfiri sɛ yei so na ebinom nam yɛɛ abɔfoɔ hɔhoɔ a wɔn ani nni soɔ.

3 Monkae nneduafoɔ, sɛdeɛ mo ne wɔn na ɛda afiase, ne wɔn a wɔhunu amane biara, sɛ mo ara nso moda so wɔ honam mu yi.

4 Wɔnni awadeɛ ni, ade nyinaa mu, na wɔnngu awadeɛ mpa ho fi; ɛfiri sɛ nnwamamfoɔ ne awaresɛefoɔ deɛ, Onyankopɔn bɛbu wɔn atɛn.

5 Mommma sikanibereɛ mmma mo abrabɔ mu, na mo ani nsɔ deɛ mowɔ no; ɛfiri sɛ ɔno ara aka sɛ: Merennya wo, nanso merempa wo da.

6 Na ɛma yɛde nnamyɛ ka sɛ: Awurade ne me boafoɔ, merensuro. Onipa bɛtumi ayɛ me deɛn?

7 Monkae mo mpanimfoɔ a wɔaka Nyankopɔn asɛm akyerɛ mo. Monhwɛ wɔn abrabɔ awieeɛ nsua wɔn gyidie.

8 Yesu Kristo te sɛdeɛ ɔteɛ nnora, ɛnnɛ, ɛne daapem nyinaa.

9 Mommma nkyerɛkyerɛ ahodoɔ ne nsɛm foforɔ mmfa mo nnkyinkyini, na ɛyɛ sɛ wɔde adom hyɛ akoma den, na ɛnyɛ nnuane a wɔn a wɔdiiɛ no nni ho mfasoɔ biara.

10 Yɛwɔ afɔrebukyia a wɔn a wɔsom ntomadan no nni ho kwan sɛ wɔdi ho biribie.

11 Na mmoa a bɔne nti ɔsɔfo panin de wɔn mogya kɔ kronkron mu no, wɔhye wɔn afunu nsra no akyiri.

12 Na Yesu nso, deɛ ɛbɛyɛ na ɔde ɔno ara ne mogya ate ɔman no ho nti, ɔhunuu amane, kuro no pono akyi.

13 Ɛno nti momma yɛmfiri adi nkɔ ne nkyɛn nsraban no akyiri nkɔsoa n’ahohora.

14 Na yɛnni kuro a ɛwɔ hɔ daa wɔ ha, na mmom deɛ ɛbɛba no akyiri kwan na yɛhwehwɛ.

15 Enti momma yɛmfa ne so mmɔ Nyankopɔn ayeyie afɔdeɛ daa, ɛne anofafa a ɛbɔ no abodin no.

16 Na yieyɛ ne adekyɛ na mommma mo ani mmpa soɔ, ɛfiri sɛ saa afɔrebɔ no sɔ Nyankopɔn ani.

17 Montie mo mpanimfoɔ na mommrɛ mo ho ase mma wɔn, ɛfiri sɛ wɔn na wɔwɛn mo kra sɛ wɔn a wɔbɛbu ho akonta, na wɔde anigyeɛ ayɛ, na ɛnyɛ ahomeguo; ɛfiri sɛ yei nyɛ mfasoɔ biara mma mo.

18 Mommɔ mpaeɛ mma yɛn; ɛfiri sɛ yɛnim pefee sɛ yɛwɔ ahonim pa, pɛ sɛ yɛbɔ yɛn bra yie nnoɔma nyinaa mu.

19 Na mesrɛ mo ara yie sɛ monyɛ yei, na wɔagyae me ama mo ntɛm pa.


Nhyira

20 Na asomdwoeɛ Nyankopɔn a ɔnam daa apam no mogya soɔ, ayi nnwan no hwɛfoɔ kɛseɛ a ɔne yɛn Awurade Yesu afiri awufoɔ mu no,

21 ɔnsiesie mo adepa biara mu mma monyɛ deɛ ɔpɛ, na ɔmfa Yesu Kristo so nyɛ mo mu ade a ɛsɔ n’ani. Ɔno na animuonyam nka no daa daa. Amen.


Afotuo ne nkyea a ɛdi akyire

22 Anuanom, mesrɛ mo sɛ, montie afotusɛm yi; ɛfiri sɛ matwerɛ no nsɛm tiaa bi mamane mo.

23 Monhunu sɛ wɔagyaa yɛn nua Timoteo; na sɛ ɔba ntɛm pa a, me ne no bɛba abɛhu mo.

24 Monkyea mo mpanimfoɔ nyinaa ne ahotefoɔ nyinaa. Wɔn a wɔfiri Italia kyea mo.

25 Adom nka mo nyinaa. [Amen.]

The Bible Society of Ghana, 2012

Bible Society of Ghana
Lean sinn:



Sanasan