Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -

Hebrifo 12 - New Revised Asante Twi Bible


Yesu nhwɛsoɔ

1 Saa nti yɛn nso, ɛnam sɛ yɛwɔ adansefoɔ pii a ɛte sɛɛ a atwa yɛn ho ahyia yi, momma yɛnto adesoa biara ne bɔne a ɛnkyɛ na ɛtwa yɛn ho hyia si yɛn kwan no ngu, na yɛmfa boasetɔ ntu akansie a ɛda yɛn anim no mu mmirika,

2 nhwɛ gyidie mu kannifoɔ ne ne wiefoɔ Yesu a ɔhwɛɛ anigyeɛ a ɛda n’anim too ne bo ase hunuu asɛnnua amaneɛ, na wammu aniwuo, na wakɔtena Nyankopɔn ahennwa nifa.

3 Na monsusu deɛ ɔtoo ne bo ase, tiee ntuatuaano a nnebɔneyɛfoɔ de tuaa n’ano bebree no ho yie, na moammrɛ, na mo kra antɔ piti.

4 Mo ne bɔne redi ako yi, monnya nsii ano nkɔduruu mogyahwiegu mu,

5 na mo werɛ afi afotuo a ɛkasa kyerɛ mo sɛ mma no, sɛ: Me ba, mmu Awurade asotwe ade ketewa, nanso ɔyi wo atɛn a, mma w’aba mu mmu.

6 Na deɛ Awurade dɔ no no na ɔtwe n’aso, na ɔhwe ɔba biara a ɔgye no.

7 Sɛ mohunu asotwe mu amane tena mu a, Onyankopɔn yɛ mo sɛ mma. Na ɔba bɛn na ɔwɔ hɔ a n’agya ntwe n’aso?

8 Na sɛ monni asotwe a wɔn nyinaa anya bie no bi a, ɛnneɛ na moyɛ adwaman mma, na ɛnyɛ mma mapa.

9 Bio, yɛwɔ yɛn honam fam agyanom sɛ asotwefoɔ na yɛfɛre wɔn. Adɛn nti na yɛmmfa yɛn ho nhyɛ ahonhom Agya no ase, nkyɛne saa pii mmom, na yɛatena ase?

10 Na wɔn deɛ, wɔtwee yɛn aso nna kakraa bi, sɛdeɛ ɛyɛ wɔ wɔn ani soɔ no nko, na ɔno deɛ, yɛn yie nti na ɔtwe yɛn aso, na yɛanya n’ahoteɛ no bi.

11 Na asotwe biara, seesei deɛ, ɛnyɛ yɛn sɛ anigyedeɛ, na mmom awerɛhodeɛ, nanso akyire yi no, ɛso asomdwoeɛ aba a ɛyɛ tenenee ma wɔn a wɔnam so asɔ wɔn ahwɛ no.

12 Enti momma nsa a emu agoɔ ne nkotodwe a ahodwo no mu nyɛ den bio.

13 Na monsiesie ɔkwan tenenee mma mo anan, na deɛ atɔ apakye no antere ho, na mmom wɔasa no yadeɛ.


Po a wɔpo Onyankopɔn adom no ho kɔkɔbɔ

14 Monni mo ne nnipa nyinaa ntam asomdwoeɛ ne ahoteɛ a obi kwati a, ɔrenhunu Awurade no akyiri.

15 Na monhwɛ yie na obi amfiri Nyankopɔn adom no ho anka akyi, na wannyɛ te sɛ nhini nwononwono bi amfiri anyɛ ɔhaw biara, na wamfa nkekaeɛ ammɛkeka nnipa bebree,

16 na obi anyɛ odwamamfoɔ anaa ohuhuni sɛ Esau a ɔtɔnee n’abakan gyee aduane korɔ.

17 Na monim sɛ, akyire yi nso a ɔpɛɛ sɛ ɔnya nhyira no, wɔpaa no, na ɔde nisuo hwehwɛɛ adwensakyera kwan deɛ, nanso wanhunu.

18 Na moamma bepɔ a wɔde nsa ka no ho, ne ogya a ɛrehyeɛ ne mununkum kusuu ne esum ne mframa a ɛbɔ huu

19 ne totorobɛnto gyegyeɛ ne nsɛm nne a wɔn a wɔteeɛ no srɛɛ sɛ wɔmmfa asɛm bi nnka wɔn ho bio no ho.

20 Na wɔantumi deɛ wɔhyɛeɛ a ɛse: Na sɛ aboa bi mpo ho kɔka bepɔ no a, wɔnsi no aboɔ.

21 Na deɛ ɛpueeɛ no yɛ hu pii nti, Mose kaa sɛ: Mesuro, na me ho popo!

22 Na mmom moaba Sion bepɔ ne Onyankopɔn teasefoɔ kuro, ɔsoro Yerusalem ho, ne abɔfoɔ mpempem nhyiamu,

23 ne mmakan a wɔatwerɛ wɔn din wɔ ɔsoro no badwa, ne Onyankopɔn, nnipa nyinaa temmufoɔ no, ne ateneneefoɔ a wɔayɛ pɛ ahonhom,

24 ne Apam Foforɔ ntamgyinafoɔ Yesu, ne mogya a wɔpete a ɛkasa yie sene Habel deɛ ho.

25 Monhwɛ na moampo deɛ ɔkasa no. Na sɛ wɔn a wɔpoo deɛ ɔkasaa asase soɔ no amfiri ne nsa a, ɛbɛyɛ dɛn na yɛn mmom a sɛ yɛdane firi deɛ ɔfiri soro kasa no ho a, yɛbɛdwane?

26 Ɔno na ɛberɛ no mu ne nne wosoo asase, na afei wahyɛ bɔ sɛ: Mɛwoso prɛko bio, ɛnyɛ asase nko, na ɔsoro nso.

27 Na asɛm “prɛko bio” no kyerɛ nnoɔma a wɔwosoɔ no nsakyeraeɛ, sɛ ɛyɛ adeɛ a wɔayɛ, na nnoɔma a ɛnwosoɔ no atena hɔ.

28 Enti ɛnam sɛ yɛanya ahennie a ɛnwosoɔ yi, momma yɛmfa aseda mmra mfa so nsom Onyankopɔn sɛdeɛ ɛsɔ n’ani wɔ fɛreɛ ne ahodasoɔ mu.

29 Ɛfiri sɛ yɛn Nyankopɔn yɛ ogya a ɛhyeɛ.

The Bible Society of Ghana, 2012

Bible Society of Ghana
Lean sinn:



Sanasan