Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -

Hebrifo 11 - New Revised Asante Twi Bible


Gyidie su

1 Na afei gyidie ne adeɛ a yɛn ani da soɔ ho ahotosoɔ ne nnoɔma a yɛnhunu ho adansegyeɛ.

2 Na yei mu na tetefoɔ no nyaa adanseɛ pa.

3 Gyidie na yɛde te aseɛ sɛ wiase ahodoɔ wɔde Nyankopɔn asɛm na ɛsiesieeɛ, enti deɛ ani tua firi nnoɔma a ɛnna adie mu na ɛbaeɛ.


Habel

4 Gyidie na Habel de bɔɔ afɔdeɛ a ɛso kyɛne Kain deɛ maa Onyankopɔn. Ɛno so na ɔnam nyaa adanseɛ sɛ ɔtene, ɛfiri sɛ Onyankopɔn dii n’ayɛyɛdeɛ ho adanseɛ, na ɛno so na sɛ ɔwui mpo a, ɔda so kasa.


Henok

5 Gyidie nti na wɔfaa Henok kɔeɛ na wanhunu owuo; na wɔanhu no, ɛfiri sɛ Onyankopɔn bɛfaa no kɔeɛ ntira; na ansa na wɔrebɛfa no akorɔ no, ɔnyaa adanseɛ sɛ ɔsɔ Nyankopɔn ani.

6 Na sɛ gyidie nni mu a, obi ntumi nsɔ ani. Na ɛsɛ deɛ ɔba Nyankopɔn nkyɛn no sɛ, ɔgye di sɛ ɔwɔ hɔ, na ɔyɛ wɔn a wɔhwehwɛ n’akyiri kwan no katuafoɔ.


Noa

7 Gyidie na deɛ wɔnnya nhunuu ɛho nsɛm baa Noa nkyɛn no, ɔde daa ne ho so siesiee adaka maa ne fie nkwagyeɛ, ɛno so na ɔnam buu wiase fɔ, na ɔyɛɛ gyidie ho tenenee ɔdedifoɔ.


Abraham

8 Gyidie na wɔfrɛɛ Abraham no, ɔde setie firi kɔɔ baabi a daakye ɔbɛnya hɔ sɛ agyapadeɛ, na ɔfirii adi a na ɔnnim deɛ ɔrekorɔ.

9 Gyidie na ɔde kɔyɛɛ ɔhɔhoɔ bɔhyɛ asase no so, sɛ ananafoɔ deɛ soɔ, na ɔne bɔhyɛ korɔ no ara adedifoɔ Isak ne Yakob tenaa ntomadan mu.

10 Na ɔtwɛn kuro a ɛwɔ fapem a ne kyekyefoɔ ne yɛfoɔ ne Onyankopɔn.


Sara

11 Gyidie na Sara nso de nyaa ahoɔden nyinsɛneeɛ, ɛberɛ a watra ne nyini mu, ɛfiri sɛ ɔbuu deɛ ɔhyɛɛ bɔ no nokwafoɔ.

12 Enti nso na ɔbaako a ɔwuiɛ mpo woo nnipa a wɔdɔɔso sɛ ɔsoro nsoromma ne mpoano anwea a wɔntumi nkan.


Wɔn nyinaa hwɛɛ soro

13 Gyidie so na yeinom nyinaa wuwuiɛ a wɔn nsa anka bɔhyɛ no, na mmom wɔhunuu akyirikyiri nko gye diiɛ, yɛɛ no atuu kaa sɛ, wɔyɛ ahɔhoɔ ne amamfrafoɔ wɔ asase so.

14 Na wɔn a wɔka saa no, wɔde kyerɛ sɛ wɔhwehwɛ kuro bi a ɛbɛyɛ wɔn ara wɔn dea.

15 Na sɛ wɔn akoma da deɛ wɔfiri mu baeɛ no so a, anka wɔwɔ akwannya sɛ wɔbɛsane akɔ hɔ.

16 Na afei wɔrehwehwɛ kuro a ɛyɛ kyɛne soɔ a ɛne ɔsoro deɛ. Enti ɛnyɛ Onyankopɔn aniwu sɛ wɔbɛfrɛ no wɔn Nyankopɔn, ɛfiri sɛ wasiesie kuro bi ama wɔn.


Wɔsɔɔ Abraham gyidie hwɛe

17 Gyidie nti na wɔsɔɔ Abraham hwɛeɛ no, ɔde Isak kɔbɔɔ afɔdeɛ, na deɛ ɔgyee bɔhyɛ no, de ne ba korɔ no kɔmae.

18 Ɔno na wɔka kyerɛɛ no sɛ: Isak mu na wɔbɛfrɛ w’asefoɔ.

19 Ɔsusuu sɛ Onyankopɔn bɛtumi anyane no afiri awufoɔ mu mpo. Ɛhɔ nso na ɔnyaa no bio, akasabebuo mu.


Isak, Yakob ne Yosef

20 Gyidie na Isak de hyiraa Yakob ne Esau, nnoɔma a ɛbɛba ho.

21 Gyidie na Yakob rebɛwuo no, ɔde hyiraa Yosef mma baanu no, na ɔmiaa ne pomatire so sɔree.

22 Gyidie na Yosef regyae ne honhom mu no, ɔde bɔɔ Israel mma fire a wɔrebɛfiri akɔ no din, na ɔhyɛɛ ne nnompe ho samanseɛ.


Amram ne Yokebed

23 Gyidie na wɔwoo Mose no, n’awofoɔ de koraa no abosome mmiɛnsa, ɛfiri sɛ wɔhunuu sɛ abɔfra no ho yɛ fɛ, na wɔansuro ɔhene mmara no.


Mose

24 Gyidie nti na Mose nyiniiɛ no, wampɛ sɛ wɔfrɛ no Farao babaa ba,

25 na ɔyii sɛ ɔne Nyankopɔn man bɛhunu amane mmom kyɛne sɛ ɔbɛte bɔne mu dɛ nna tiaa bie.

26 Ɔbuu Kristo ahohora sɛ ahonya kɛseɛ senee Misraim ahonyadeɛ, ɛfiri sɛ ɔhwɛɛ akatua no.

27 Gyidie nti na ɔgyaa Misraim hɔ, na wansuro ɔhene abufuo, na mmom ɔmiaa n’ani tenaa mu sɛdeɛ ɔhunu deɛ wɔnhunuu no no.

28 Gyidie na ɔde dii Twam ne mogyapete no, na mmakan no sɛefoɔ no anka wɔn.


Israelfoɔ

29 Gyidie na wɔde twaa Mmɛwa Po no sɛ fam a awoɔ. Ɛno na Misraimfoɔ resɔ ahwɛ no, ɛmenee wɔn.

30 Gyidie nti na Yeriko afasuo a wɔtwaa ho hyiaa nnanson no dwiriiɛ.


Rahab

31 Gyidie nti na odwamamfoɔ Rahab a ɔgyee akwansrafoɔ no asomdwoeɛ soɔ no ansɛe amfra wɔn a wɔannye annie no mu.


Agyidifoɔ a aka no

32 Na ɛdeɛn na menka bio? Na sɛ mereka Gideon, Barak, Samson, Yefta, Dawid ne Samuel ne adiyifoɔ no ho asɛm a, anka adagyeɛ bɛbɔ me.

33 Wɔn na wɔnam gyidie so ko dii ahennie ahodoɔ so nkonim, dii asɛntenenee, nyinyaa bɔhyɛ, sii agyata ano,

34 dumm ogya tumi, dwanee nkrantɛ ano, nyaa ahoɔmmerɛ mu ahoɔden, yɛɛ ɔko mu ahoɔdenfoɔ, kaa ananafoɔ mpasua guiɛ.

35 Mmaa nsa kaa wɔn awufoɔ a wɔasɔreɛ; na ebinom nso, wɔde wɔn goroo atɔprɛ, na wɔampɛ ɔgyeɛ, na wɔn nsa aka owusɔreɛ a ɛyɛ kyɛne soɔ.

36 Na afoforɔ hunuu animguasedeɛ ne ɔhweɛ, mpokyerɛ ne afiase nna nso.

37 Wɔsii wɔn aboɔ, de sradaa paee wɔn mu, sɔɔ wɔn hwɛɛ, de nkrantɛ kunkumm wɔn. Wɔkyinii nnwanten ne mmirekyie nwoma mu, ɛhiaa wɔn, wɔn ho dwanee wɔn, wɔhunuu amane.

38 Wɔn a wɔnsɛ wiase, wɔkyinkyinii ɛserɛ so, ne mmepɔ so, abodan ne asase so abɔn mu.

39 Na yeinom nyinaa a wɔnam gyidie so nyaa adanseɛ pa no, wɔn nsa anka bɔhyɛ no,

40 ɛfiri sɛ Onyankopɔn asiesie biribi a ɛyɛ kyɛne soɔ asie yɛn, na wɔankwati yɛn anyɛ wɔn pɛ.

The Bible Society of Ghana, 2012

Bible Society of Ghana
Lean sinn:



Sanasan