Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -

Ester 7 - New Revised Asante Twi Bible


Wɔsɛne Haman

1 Na ɔhene ne Haman baa sɛ wɔne Ɔhemmaa Ester rebɛnom nsa.

2 Na ɔhene ka kyerɛɛ Ester da a ɛtɔ so mmienu no mu nso apontoɔ no ase sɛ: Ɛdeɛn ne w’adesrɛ, Ɔhemmaa Ester, na wɔmma wo, na ɛdeɛn ne w’adeɛ a worehwehwɛ? Ɛduru ahennie no fa mpo a, wɔbɛyɛ.

3 Ɛnna Ɔhemmaa Ester buaa sɛ: Ɔhene, sɛ m’anim aba nyam wɔ w’anim, na sɛ ɔhene pɛ a, ma wɔmfa me nkwa nkyɛ me sɛ m’adeɛ a meresrɛ, ne me nkurɔfoɔ deɛ sɛ m’adeɛ a merehwehwɛ,

4 na wɔatɔn yɛn, me ne me man, sɛ wɔnsɛe yɛn nkunkum yɛn nnwerɛ yɛn. Na sɛ wɔretontɔn yɛn ayɛ nkoa ne mfenaa a, anka mɛyɛ komm, nanso ɔtamfoɔ no ntumi nhyɛ ɔhene adeɛ a ɛbɛsɛeɛ no ananmu.

5 Ɛnna Ɔhene Akas-weros bisaa Ɔhemmaa Ester sɛ: Hwan ne no na ɛhe na ɔwɔ, na wabɔ ne tirim sɛ ɔbɛyɛ saa no?

6 Na Ester se: Onipa ɔhohiahiafoɔ ne ɔtamfoɔ no ne saa Haman otirimuɔdenfoɔ yi. Ɛnna nketenkete kutaa Haman ɔhene ne ɔhemmaa no anim.

7 Na ɔhene no sɔree n’abufuo no mu firii nsa pono no ho kɔɔ ahemfie turo no mu. Na Haman sɔre gyinaa sɛ ɔrepa Ɔhemmaa Ester ne nkwa ho kyɛw, ɛfiri sɛ na wahunu sɛ ɔhene no abɔ ne ho pɔbɔne.

8 Na ɔhene no sane firii ahemfie turo no mu baa nsa pono no ase, na Haman ahwe nnaeɛ a Ester wɔ soɔ no so. Na ɔhene kaa sɛ: Ɔrebɛhyɛ ɔhemmaa ne no ada mpo m’anim wɔ me ara me fie ha nso? Asɛm no firii ɔhene anomu ara pɛ, na wɔkataa Haman ani.

9 Na Harbona, mpiafoɔ no mu baako, kaa no ɔhene no anim sɛ: Hwɛ, dua a Haman ayɛ ama Mordekai a ɔkaa ɔhene ho asɛmpa no si Haman fie, ne tentene yɛ basafa aduonu nnum. Na ɔhene no se: Monkɔsɛne no wɔ so.

10 Na wɔsɛnee Haman dua a wasiesie ama Mordekai no so. Na ɔhene abufuo ano dwoe.

The Bible Society of Ghana, 2012

Bible Society of Ghana
Lean sinn:



Sanasan