Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -

Daniel 8 - New Revised Asante Twi Bible


Odwennini ne ɔpapo ho anisoadehunu

1 Ɔhene Belsasar ahennie afe a ɛtɔ so mmiɛnsa mu no, wɔyii anisoadehunu bi kyerɛɛ me, Daniel, akane deɛ a wɔyi kyerɛɛ me no akyi.

2 Na mehunuu no anisoadehunu no mu sɛ, na mewɔ Susa ahemfie a ɛwɔ Elam asase soɔ no mu. Na mehunuu no anisoadehunu no mu bio sɛ, na mewɔ Asuo Ulai ho.

3 Na memaa m’ani so mehwɛe, na hwɛ, odwennini a ɔwɔ mmɛn mmienu gyina asuo no ano, na mmɛn no woware, na baako ware sene baako, na deɛ ɛwareɛ no na ɛdii akyire firiiɛ.

4 Mehunuu odwennini no sɛ ɔrepempem kɔ atɔeɛ ne atifi fam ne anafoɔ fam, na aboa biara ntumi nnyina n’anim, na obi nni hɔ a ɔbɛgye obi afiri ne nsam, na ɔyɛ sɛdeɛ ɔpɛ, na ɔdi akokurokosɛm.

5 Na m’ani gu so rehwɛ no, hwɛ, ɔpapo bi firi atɔeɛ bae a ɔnam asase nyinaa ani, na ne ho nka fam, na ɔpapo no wɔ abɛn a wɔhwɛ a, ɛso, n’ani ntam.

6 Na ɔbaa odwennini a ɔwɔ mmɛn mmienu a mehunuu no sɛ ɔgyina asuo no ano no ho, na ɔde n’ahoɔden tuu mmirika hyiaa no.

7 Na mehunuu no sɛ ɔduruu odwennini no nkyɛn no, n’ani beree ne so, na ɔpem odwennini no bubuu ne mmɛn mmienu no, na ahoɔden biara nni odwennini no mu sɛ ɔbɛgyina n’anim, na ɔtoo no twenee fam, na ɔtiatiaa ne so, na obiara nni hɔ a ɔbɛgye odwennini no afiri ne nsam.

8 Na ɔpapo no yɛɛ kɛse kokuroo kɔduruu ne mpɔmpɔnsoɔ no, abɛn kɛseɛ no bui, na mmɛn nnan a wɔhwɛ a, ɛsosoo fifirii ananmu kyerɛkyerɛ ɔsoro mframa nnan.

9 Na abɛn ketewa baako firi emu baako mu bae, na ɛyɛɛ kɛseɛ boroo so kyerɛɛ anafoɔ fam ne apueeɛ ne asase fɛfɛ no;

10 na ɛyɛɛ kɛseɛ kɔpem ɔsoro asafo, na ɛtotoo asafo no bi ne nsoromma no bi guguu fam, na ɔtiatiaa wɔn so.

11 Na ɔmaa ne ho so kɔduruu asafo no safohene so, na ɔyii daa afɔdeɛ no firii n’anim, na wɔtoo ne kronkron tenabea hwee fam.

12 Na wɔde dɔm sii hɔ hyɛɛ daa som no mmarato mu, na ɔtoo nokorɛ twenee fam, na ɔdii yie wɔ adeɛ a ɔyɛɛ no mu.

13 Na metee sɛ ɔkronkronni bi rekasa, na ɔkronkronni foforɔ no ka kyerɛɛ ɔbaako a ɔrekasa no sɛ: Da bɛn na daa som ne amamfoyɛ mmarato a wɔde kronkronbea ne asafo no ma sɛ wɔntiatia soɔ no ho adehunu no bɛkɔ akɔsie?

14 Na ɔka kyerɛɛ me sɛ: Ɛbɛkɔ akɔsi anwummerɛ ne anɔpa mpennu ahasa, ansa na wɔayɛ kronkronbea hɔ yie.


Anisoadehunu no nkyerɛaseɛ

15 Na me, Daniel, mehunuu anisoadeɛ no na merepere sɛ mɛte aseɛ no, hwɛ, na obi gyina m’anim, sɛ ɔbarima nsɛsoɔ,

16 na metee onipa nne, Ulai nsunoa a ɔfrɛɛ sɛ: Gabriel, ma oyi nte adehunu no ase.

17 Na ɔbaa deɛ megyina hɔ, na ɔbaeɛ no, mesuroe, na mede m’anim butuu fam. Na ɔka kyerɛɛ me sɛ: O onipa ba, te aseɛ, na adehunu no fa awieeɛ berɛ ho.

18 Na ɔne me rekasa no, mebutuu fam daa nnahɔɔ, na ɔsɔɔ me mu de megyinaa me nan so bio.

19 Na ɔse: Hwɛ, merema woahunu deɛ ɛbɛba abohuro no akyiri berɛ mu, na ɛfa awieeɛ berɛ a wɔahyɛ no ho.

20 Odwennini a wohunuu no a ɔwɔ mmɛn mmienu no ne Media ne Persia ahemfo.

21 Na ɔpapo a ɔyɛ werɛmfoɔ no ne Hela hene. Na abɛn kɛseɛ a ɛwɔ n’ani ntam no ne ɔhene a ɔdi kan.

22 Na deɛ ɛbuiɛ a nnan fifiri sii ananmu no, ahennie nnan bɛsɔre ɔman no mu, nso ɛnnuru akane deɛ no ahoɔden.

23 Na wɔn ahennie no akyire berɛ mu a mmaratofoɔ awie wɔn adeɛ yɛ no, ɔhene a n’ani yɛ den na ɔhunu nsɛm a emu yɛ kusuu mu no bɛsɔre.

24 Na ne tumi mu bɛyɛ den, nso ɛnyɛ ɔno ara ne tumi; na ɔbɛsɛe adeɛ ama no ayɛ nwanwa, na ɔbɛdi yie na ɔbɛyɛ deɛ ɔpɛ, na wasɛe ahoɔdenfoɔ ne akronkronfoɔ man no.

25 Na n’aniteɛ nti ne nnaadaa bɛkɔ so ne nsam, na ɔbɛdi n’akoma mu akokurokosɛm na ɔbɛfiri nkurɔfoɔ bebree awora asɛe wɔn; na ɔbɛsɔre atia ahene mu hene no, nanso ɔbɛbubu a ɛnyɛ onipa nsa na ɛbɛbubu no.

26 Na anwummerɛ ne anɔpa adehunu a wɔkaeɛ no yɛ nokorɛ. Enti sɔ anisoadehunu no ano, na ɛfa mmerɛ pii ho.

27 Na me, Daniel, meyɛɛ siamoo, na meyaree nna bi, ansa na meresɔre mayɛ ɔhene adwuma, na adehunu no yɛɛ me ahodwiri, na obiara ante aseɛ.

The Bible Society of Ghana, 2012

Bible Society of Ghana
Lean sinn:



Sanasan