Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -

Daniel 3 - New Revised Asante Twi Bible


Nebukadnessar sika honi

1 Ɔhene Nebukadnessar yɛɛ sika honi a ne tentene yɛ basafa dunum, na ne tɛtrɛtɛ yɛ basafa baako ne fa. Ɔde sii Dura asaseta so wɔ Babel asase so.

2 Na Ɔhene Nebukadnessar somaa sɛ wɔnkɔhyiahyia amantam ahemfo, mmakoma ne amradofoɔ, atemmufoɔ mpanin, nsannaafoɔ, mmaratwerɛfoɔ, atemmufoɔ ne nsase no so atumfoɔ nyinaa sɛ wɔmmra na wɔnna ohoni a Ɔhene Nebukadnessar de sii hɔ no adi.

3 Ɛnna amantam ahemfo, mmakoma ne amradofoɔ, atemmufoɔ mpanin, nsannaafoɔ, mmaratwerɛfoɔ, asennifoɔ ne nsase no so atumfoɔ nyinaa bɛhyiaa sɛ wɔrebɛda ohoni a Ɔhene Nebukadnessar de sii hɔ no adi, na wɔbɛgyinaa ohoni a Nebukadnessar de sii hɔ no anim.

4 Na ɛsɛn bi teaa mu denden sɛ: Mo, nkurɔfoɔ, aman ne kasa ahodoɔ, wɔka kyerɛ mo sɛ:

5 Ɛberɛ a mobɛte abɛn, odurugya sankuo, sambuka sankuo, bɛnta, atɛntɛbɛn ne nsanku ahodoɔ nyinaa gyegyeɛ no, monhwe fam nsɔre sika honi a Ɔhene Nebukadnessar de asi hɔ no.

6 Na deɛ ɔrenhwe ase nsɔre no, dɔn no ara mu wɔde no bɛto ogya a ɛrefranam fononoo mu.

7 Saa nti berɛ a wɔtee abɛn, odurugya, sankuo, sambuka sankuo bɛnta, atɛntɛbɛn ne nsankuo ahodoɔ nyinaa no gyegyeɛ ara pɛ no, aman, nkurɔfoɔ ne kasa ahodoɔ no nyinaa hwehwee ase sɔree sika honi a Ɔhene Nebukadnessar de asi hɔ no.


Mmarima baasa wɔ ogya fononoo mu

8 Saa berɛ no ara mu Kaldeafoɔ bi kɔtoatoaa Yudafoɔ no;

9 kyerɛɛ Ɔhene Nebukadnessar sɛ: Ɔhene nnya nkwa daa!

10 Wo na woahyɛ mmara sɛ onipa biara a ɔbɛte abɛn, odurugya, sankuo, sambuka sankuo, bɛnta, atɛntɛbɛn ne nsankuo ahodoɔ nyinaa gyegyeɛ no, ɔnhwe ase nsɔre sika honi no,

11 na deɛ wanhwe ase ansɔre no, wɔde no bɛto ogya a ɛrefranam fononoo mu:

12 Ɔhene, Yudafoɔ bi wɔ hɔ a wode wɔn asisi Babel asase mu nsɛm so ahwɛfoɔ, Sadrak, Mesak ne Abed-Nego; mmarima yi mmu wo, wɔnsom w’anyame, na wɔnsɔre sika honi a wode asi hɔ no.

13 Ɛnna Nebukadnessar de abufuo ne anibereɛ kaa sɛ wɔnkɔfa Sadrak, Mesak ne Abed-Nego mmra. Na wɔde mmarima yi baa ɔhene anim.

14 Nebukadnessar bisaa wɔn sɛ: Sadrak, Mesak ne Abed-Nego, moboapa na monsom m’anyame, na monsɔre sika honi a mede masi hɔ no anaa?

15 Afei deɛ, sɛ moasiesie mo ho sɛ berɛ a mobɛte abɛn, odurugya, sankuo, sambuka sankuo, bɛnta, atɛntɛbɛn ne nsankuo ahodoɔ nyinaa gyegyeɛ no, mobɛhwe ase asɔre ohoni a mayɛ a, ɛyɛ na sɛ moansɔre no a, dɔn no ara mu wɔde mo bɛgu ogya a ɛrefranam fononoo no mu, na onyame bɛn na ɔbɛyi mo afiri me nsam?

16 Sadrak, Mesak ne Abed-Nego buaa Ɔhene Nebukadnessar sɛ: Ɛnhia yɛn sɛ yɛbɛbua wo yei ho asɛm biara.

17 Hwɛ, yɛn Nyankopɔn a yɛsom no no bɛtumi ayi yɛn afiri ogya a ɛrefranam fononoo no mu, na ɔbɛgye yɛn afiri wo, ɔhene, nsam.

18 Na sɛ amma saa mpo a, ɔhene, hunu sɛ yɛrensom w’anyame, na yɛrensɔre sika honi a wode asi hɔ no.

19 Ɛno na abufuhyeɛ hyɛɛ Nebukadnessar ma, na n’anim tebea sakyera tiaa Sadrak, Mesak ne Abed-Nego; ɔkaa sɛ wɔmma fononoo no mu nnɔ mprɛnson nkyɛne deɛ daa ɛyɛ no.

20 Na ɔhyɛɛ mmarima bi, ne dɔm mu mmarima ahoɔdenfoɔ, sɛ wɔnkyekyere Sadrak, Mesak ne Abed-Nego mfa wɔn nkɔgu ogya a ɛrefranam fononoo no mu.

21 Ɛnna wɔkyekyeree mmarima yi, wɔn ntwontwo, togase, wɔn ntadeɛ ne wɔn mmotire ne wɔn ntoma mu, na wɔtoo wɔn guu ogya a ɛrefranam no mu.

22 Na ɛsiane sɛ ɔhene asɛm no mu yɛ den, na fononoo no adɔ hyehyeehye aboro soɔ no nti, mmarima a wɔde Sadrak, Mesak ne Abed-Nego kɔforoeɛ no, ogyaframa no kumm wɔn.

23 Na mmarima baasa yi, Sadrak, Mesak, ne Abed-Nego a wɔakyekyere wɔn no hwehwee ogya a ɛrefranam fononoo no mu.

24 Ɛnna Ɔhene Nebukadnessar ho dwirii no, na ɔsɔre ntɛmntɛm, na ɔbisaa n’agyinatufoɔ no sɛ: Ɛnyɛ mmarima baasa na yɛkyekyeree wɔn guu ogya no mu? Wɔbuaa ɔhene no sɛ: Ampa, ɔhene.

25 Ɔkaa sɛ: Hwɛ, mehunu mmarima baanan a wɔasane wɔn sɛ wɔnenam ogya no mu, na wɔn ho ntɔɔ kyema, na deɛ ɔtɔ so nnan no tebea te sɛ anyame ba bi.

26 Ɛnna Nebukadnessar bɛn ogya a ɛrefranam fononoo no mu no ano na ɔkaa sɛ: Sadrak, Mesak ne Abed-Nego, ɔsorosoro Nyankopɔn nkoa, momfiri adi mmra! Ɛnna Sadrak, Mesak ne Abed-Nego firii adi firii ogya no mu.

27 Na amantam ahemfo, mmakoma ne amradofoɔ ne ɔhene agyinatufoɔ hyia bɛhwɛɛ mmarima yi, sɛ ogya annya wɔn honam so tumi, na wɔn tiri so nwi anhyeɛ, na wɔn ntwontwo ansakyera, na ogya no ho hwa amfa wɔn ho.

28 Nebukadnessar kaa sɛ: Nhyira ne Sadrak, Mesak ne Abed-Nego Nyankopɔn a wasoma ne bɔfoɔ, na wabɛyi ne nkoa a wɔde wɔn ho too ne soɔ na wɔsakyeraa ɔhene asɛm na wɔde wɔn honam maeɛ, deɛ ɛbɛyɛ na wɔrensom na wɔrensɔre anyame biara sɛ wɔn Nyankopɔn.

29 Ne saa nti, mehyɛ mmara sɛ ɔman, nkurɔfoɔ ne kasa ahodoɔ nyinaa mu biara a ɔka Sadrak, Mesak ne Abed-Nego Nyankopɔn ho abususɛm no, wɔbɛtwitwa no asinasini, na wɔama ne fie adane amamfo, ɛfiri sɛ onyame biara nni hɔ a ɔbɛtumi agye onipa seyie.

30 Ɛnna ɔhene maa Sadrak, Mesak ne Abed-Nego dii yie Babel asase soɔ.

The Bible Society of Ghana, 2012

Bible Society of Ghana
Lean sinn:



Sanasan