Daniel 11 - New Revised Asante Twi BibleƆbɔfoɔ no abakɔsɛm ho nkɔmhyɛ 1 Na me deɛ, Mediani Dario afe a ɛdi kan mu no megyinaa sɛ meresɔ ne mu na mahyɛ no den. 2 Na afei na merekyerɛ wo nokorɛ no: Hwɛ, ahemfo baasa bɛda so asɔre wɔ Persia, na deɛ ɔtɔ so nnan no bɛnya ahonyadeɛ kɛse asene wɔn nyinaa, na sɛ ɔnya n’ahonyadeɛ no mu ahoɔden a, ɔbɛhwanyan ade nyinaa atia Hela ahemman. 3 Na ɔhene dɔmmarima bi bɛsɔre, na ɔde tumi kɛseɛ bɛdi hene, na ɔbɛyɛ deɛ ɔpɛ. 4 Na ɔgyina a, n’ahennie bɛbɔ, na wɔakyɛ mu akɔ ɔsoro mframa nnan no mu; nanso wɔremfa mma n’asefoɔ, na ɛrenyɛ sɛ ne tumi a ɔde dii hene no; na wɔbɛtutu n’ahennie de ama afoforɔ na ɛnyɛ yeinom. 5 Na anafoɔ fam hene no bɛyɛ den, nanso ne mmapɔmma mu baako bɛyɛ den akyɛne no, na wanya tumi; na ne tumi bɛyɛ tumi kɛseɛ. 6 Na mfeɛ bi akyiri no, wɔbɛfefa wɔn ho ayɔnkoɔ, na anafoɔ fam hene no babaa aba atifi fam hene nkyɛn sɛ ɔne no rebɛyɛ asomdwoeɛ apam; nanso ɔbaa no renkura ne basa ahoɔden no mu, na ɔbarima no ne ne basa nso rennyina; na wɔbɛyi ɔbaa no ne wɔn a wɔde no baeɛ, deɛ ɔwoo no ne deɛ ɔsɔɔ no mu, mmerɛ no mu no ama. 7 Na ɔbaa no nhini mu duban bi a ɛfefɛeɛ bɛsɔre asi n’ananmu, na ɔde dɔm bɛba, na wabɛhyɛne atifi fam hene no abankɛseɛ mu, na ɔne wɔn ako na wadi wɔn so. 8 Na ɔbɛfa wɔn anyame nso ne wɔn guo ahoni ne wɔn dwetɛ ne sika nnwinneɛ afɛfɛ nnommum akɔ Misraim. Na mfeɛ bi ɔbɛtwe ne ho afiri atifi fam hene no ho. 9 Na ɔbɛba anafoɔ fam hene no ahennie mu deɛ, nanso ɔbɛsane akɔ n’asase so. 10 Na ne mma bɛdi ako, na wɔbɛboa dɔm akɛseɛ asafo yuu ano, na ɔbaako bɛba sɛ nsuo a ayiri asram so, na ɔbɛsane adi ako akɔduru n’abankɛseɛ ho. 11 Na anafoɔ fam hene no ani bɛbere, na ɔbɛfiri aba ne ɔno atifi fam hene no abɛko. Na atifi fam hene de asafo yuu kɛseɛ bɛgyina hɔ, nanso wɔbɛdi nkoguo. 12 Na anafoɔ hene asafo yuu no bɛsɔre, na n’akoma ama ne ho so, na ɔbɛka mpem du du agu fam, nanso ɔrenni nim nkyɛre. 13 Na atifi fam hene no bɛsane de asafo yuu a ɛso sene kane deɛ no abɛgyina hɔ, na mfeɛ bi akyiri no, ɔde dɔm kɛseɛ ne ade pii bɛba anafoɔ hene so. 14 Na mmerɛ no mu no, nnipa pii bɛsɔre atia anafoɔ fam hene no, na wo man atuatefoɔ bi bɛma wɔn ho so sɛ wɔrema anisoadehunu no atim, nanso wɔbɛhwehwe ase. 15 Na atifi fam hene no bɛba, na wabɛhɔre dosie, na wafa kuro bi a ɛyɛ den, na anafoɔ fam abasa rentumi nnyina, na ne man a wɔayi wɔn nso rennya ahoɔden nnyina. 16 Na deɛ ɔba ne soɔ no bɛyɛ sɛdeɛ ɔpɛ, na obiara nni hɔ a ɔbɛgyina n’anim; na ɔbɛgyina asase fɛfɛ no so, na ɔde ne nsa asɛe no. 17 Na ɔde bɛsi n’anim sɛ ɔde n’ahemman nyinaa mu ahoɔden bɛba, na ɔne no abɛyɛ asomdwoeɛ apam. Na ɔde mmaa no mu bi bɛma no de asɛe ahemman no; nanso ɛrennyina, na ɛrenyɛ no mfasoɔ biara. 18 Na ɔbɛdane n’ani akyerɛ nsuano aman, na ɔbɛfa bebree. Na ɔsafohene bi bɛma no agyae ahohora no bɔ, na mpo wadane ahohora no agu ɔno ara ne so. 19 Na ɔbɛdane n’ani akyerɛ ɔno ara n’asase so abankɛseɛ, nanso ɔbɛsunti ahwe ase, na wɔrenhu no. Ɔhene no ho nkɔmhyɛ 20 Na obi bɛsɔre asi n’ananmu a ɔbɛma ɔtogyefoɔ pempensifoɔ bi abɛfa ahemman no animuonyanneɛ mu akorɔ, nanso nna kakraa bi mu wɔbɛsɛe no, nso ɛnyɛ abufuo anaa ɔsa mu. 21 Na ɔhohorani bi bɛsɔre asi n’ananmu a wɔmfaa ahennie mu animuonyam mmaa no; na ɔbɛfiri awora aba de tɛkyerɛmakyene abɛfa ahennie no mu. 22 Na wɔde abasa a ɛte sɛ nsuyire bɛpia wɔn akɔ na wɔabubu wɔn ne apam berempɔn no nso wɔ n’anim. 23 Nanso ɔne no pam wie a, ɔbɛtwa no nkontompo, na watu aba de wɔn dɔm ketewa bi abɛdi nim; 24 ɔbɛfiri awora aba asase no so deɛ ɛhɔ yɛ fɔɔfɔɔ, na wabɛyɛ deɛ n’agyanom ne ne nananom nyɛɛ da, ɔbɛpete afom adeɛ ne asadeɛ ne ahodeɛ ama wɔn, na ɔbɛbɔ ne tirim pɔ, aban a ɛyɛ den no ho akɔduru berɛ bi so. 25 Na ɔde dɔm kɛseɛ bɛkanyan n’ahoɔden ne mmaninyɛ atia anafoɔ fam hene no, na anafoɔ fam hene no de dɔm a ɛyɛ den bebree pa bɛtu sa, na ɔrennyina, ɛfiri sɛ wɔakɔ ne tiri so apam. 26 Na wɔn a wɔne no to nsa didie na ɛbɛsɛe no, na wɔapia ne dɔm akɔ, na nnipa bebree bɛtotɔ. 27 Na ahemfo baanu no deɛ, wɔn akoma bɛdwene asɛmmɔne na wɔaka atorosɛm didipono baako ho; nanso ɛrenyɛ wɔn mfasoɔ biara, ɛfiri sɛ awieeɛ no bɛba ara ɛberɛ a wɔahyɛ no mu. 28 Na atifi hene no de ahodeɛ kɛseɛ bɛsane akɔ n’asase so, nanso n’ani bɛsa apam kronkron no ara, na ɔbɛyɛ deɛ ɔpɛ na wasane akɔ n’asase so. 29 Berɛ a wɔahyɛ no mu, ɔbɛsane aba anafoɔ fam, nanso akyire deɛ no renyɛ sɛ kane deɛ no. 30 Na Kitifoɔ ahyɛn bɛba ne so; enti n’akoma bɛtu na wasane, na ne bo bɛhuru apam kronkron no, na ɔbɛyɛ deɛ ɔpɛ, na wasane na n’ani aba wɔn a wɔgyaa apam kronkron no so. 31 Na ɔde asraafoɔ bɛsisi hɔ, na wɔagu kronkronbea ne aban no ho fi, na wɔayi daa afɔdeɛ no hɔ, na wɔde akyiwadeɛ a ɛbɔ ɔman no asi hɔ. 32 Na wɔn a wɔbɔ apam no ho mmusuo no, ɔde tɛkyerɛmakyene bɛsɛe wɔn ara; nanso wɔn a wɔnim wɔn Nyankopɔn no bɛhyɛ wɔn ho den, na wɔayɛ adeɛ. 33 Na ɔman no mu wɔn a wɔnim de no bɛma nnipa bebree anya nhunumu, nanso wɔbɛtotɔ nkrantɛ ano ne ogyaframa mu, nnommumfa ne ɛfomfa mu, nna bi. 34 Na sɛ wɔtotɔ saa a, wɔde mmoa ketewaa bi na ɛbɛboa wɔn, na nnipa bebree de adɔkɔdɔkɔsɛm bɛbata wɔn ho. 35 Na mmadwemma no bi bɛtotɔ na wɔde ayi wɔn mu fi de ate wɔn ho ahoa wɔn ho fitaa akɔsi awieeɛ berɛ no, ɛfiri sɛ ɛberɛ a wɔahyɛ no bɛba ara. 36 Na ɔhene no bɛyɛ deɛ ɔpɛ, na ɔbɛma ne ho so adi onyame biara so akokurokosɛm, na ɔbɛka anwanwasɛm atia anyame mu Nyame no, na ɛbɛsi no yie akɔsi sɛ wɔbɛda abufuo no adi awie; na deɛ wɔahyɛ no pintinn no, wɔbɛyɛ. 37 Na ɔremmu ne nananom anyame, na ɔremmu mmaa anigyedeɛ no ne onyame biara, na ɔbɛdi ade nyinaa so akokurokosɛm. 38 Na ɔbɛdi abandenden nyame no ni asi wɔn ananmu, na onyame a ne nananom nnim no no, ɔde sika ne dwetɛ ne abohene ne afɛfɛdeɛ bɛdi no ni. 39 Na ɔde onyame nanani bi na ɛne abandenden a ɛyɛ den koraa no bɛdie; deɛ ɔbu no no, ɔbɛma n’animuonyam ayɛ kɛseɛ na wama no adi nkurɔfoɔ bebree so, na wakyɛ asase de ayɛ akatua. 40 Na awieeɛ berɛ no mu na anafoɔ fam hene no ne no de bɛbɔ anim, na atifi fam hene no de nteaseɛnam ne apɔnkɔfoɔ ne ahyɛn bebree bɛtu aba ne so sɛ ahum, na waba nsase no so sɛ nsuo a ayiri asram so. 41 Na ɔbɛba asase fɛfɛ no so, na nnipa bebree bɛtotɔ; na yeinom bɛfiri ne nsam afi: Edom ne Moab ne Amonfoɔ mu fa titire. 42 Na ɔbɛtene ne nsa nsase no so, na Misraim asase remfiri mu mfi, 43 na ɔbɛnya sika ne dwetɛ akoradeɛ ne Misraim afɛfɛdeɛ nyinaa adi so, na Libiafoɔ ne Etiopiafoɔ bɛdi n’anammɔn akyi. 44 Nanso nsɛm a ɔbɛte afiri apueeɛ ne atifi fam bɛyi no hu, na ɔde anibereɛ kɛseɛ bɛfiri akɔ sɛ ɔrekɔsɛe na wadwerɛ nnipa bebree. 45 Na ɔbɛsi n’ahemfie ntomadan ɛpo no ne bepɔ fɛfɛ kronkron no ntam, nanso n’awieeɛ bɛba a obiara nni hɔ a ɔbɛdi aboa no. |
The Bible Society of Ghana, 2012