Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -

Atemmufo 21 - New Revised Asante Twi Bible


Ɔman no su Benyamin sɛeɛ ho

1 Nso na Israel mmarima no akeka ntam Mispa sɛ: Yɛn mu biara mmfa ne ba mmma Benyamin awareɛ.

2 Na ɔman no baa Betel bɛtenaa Nyankopɔn anim kɔduruu anwummerɛ, na wɔmemaa wɔn nne so suu su kɛseɛ.

3 Na wɔkaa sɛ: O AWURADE, Israel Nyankopɔn, adɛn nti na yei aba Israel sɛ nnɛ aka Israel mu abusuakuo baako?

4 Na adeɛ kyeeɛ no, ɔman no tuaa nhema sii afɔrebukyia wɔ hɔ, na wɔbobɔɔ hyeɛ afɔdeɛ ne asomdwoeɛ afɔdeɛ.

5 Na Israelfoɔ no kaa sɛ: Israel mmusuakuo nyinaa mu hwan na wamma dwabɔ no mu AWURADE nkyɛn? Ɛfiri sɛ wɔaka ntankɛseɛ agu deɛ wamma AWURADE nkyɛn Mispa no so sɛ: Kum na wɔnku no.

6 Na Israelfoɔ no yam hyehyee wɔn maa wɔn nua Benyamin, na wɔse: Ɛnnɛ wɔatwa abusuakuo baako afiri Israel mu atwene.

7 Ɛdeɛn na yɛbɛyɛ ama wɔn a wɔaka no ɛyerenom fam, ɛfiri sɛ yɛaka AWURADE ntam sɛ yɛremfa yɛn mma mu biara mma wɔn awareɛ?

8 Na wɔkaa sɛ: Israel mmusuakuo mu hwan ara mpo na wamma AWURADE nkyɛn Mispa? Na hwɛ, obiara amfiri Yabes-gilead amma badwa no mu, nsraban no mu.

9 Na wɔkan ɔman no, na hwɛ, na Yabes-gileadfoɔ mu biara nni hɔ.

10 Ɛnna asafo no somaa akofoɔ no mu mmarima mpemdumienu, na wɔhyɛɛ wɔn sɛ: Monkɔ nkɔkum Yabes-gileadfoɔ no ne mmaa ne mmɔfra nkrantɛ ano.

11 Na yei ne adeɛ a monyɛ, mmarima nyinaa ne mmaa a wɔnim mmarima nna nyinaa, monsɛe wɔn pasapasa.

12 Na wɔhunuu Yabes-gileadfoɔ no mu mmabaa ahanan a wɔnnim mmarima nna, na wɔde wɔn baa nsraban no mu Silo a ɛwɔ Kanaan asase soɔ.

13 Ɛnna asafo no nyinaa soma maa wɔne Benyaminfoɔ a wɔwɔ Rimon botan mu no kɔkasaeɛ, na wɔkaa wɔn asomdwoeɛsɛm.

14 Na Benyamin sane baa berɛ no mu, na wɔde mmaa a wɔgyee wɔn nkwa wɔ Yabes-gilead mmaa mu no memaa wɔn aware; nanso anso wɔn.

15 Na ɔman no yam hyehyee wɔn maa Benyamin, sɛ AWURADE ama ntemu aba Israel mmusuakuo mu.


Benyaminfoɔ wia mmabaa

16 Na asafo no mu mpanimfoɔ no kaa sɛ: Ɛdeɛn na yɛbɛyɛ ama wɔn a wɔaka no ɛyerenom fam? Ɛfiri sɛ Benyamin mu mmaa ase ahye.

17 Na wɔkaa sɛ: Adwanefoɔ a wɔfirii mu no agyapadeɛ ntena hɔ mma Benyamin, na wɔampepa abusuakuo biara amfiri Israel.

18 Na yɛn deɛ, yɛrentumi mfa yɛn mma mu biara mma wɔn aware, ɛfiri sɛ Israelfoɔ akeka ntam sɛ: Nnome nka deɛ ɔde ɔbaa bi bɛma Benyamin awareɛ.

19 Na wɔkaa sɛ: Hwɛ, wɔhyɛ AWURADE fa afe daa Silo a ɛwɔ Betel atifi fam, tempɔn a ɛfiri Betel kɔ Sekem no apueeɛ fam ne Lebona anafoɔ fam.

20 Na wɔhyɛɛ Benyaminfoɔ no sɛ: Monkɔ nkɔtetɛ wɔn bobe nturo no mu,

21 na monhwɛ, na sɛ Silo mmabaa no firi adi bɛsa wɔn asa no a, momfiri adi mfiri bobe nturo no mu mmra, na obiara mmɛkyere ɛyerɛ mfiri Silo mmabaa no mu mfa nkɔ Benyamin asase so.

22 Na sɛ wɔn agyanom anaa wɔn nuanom ba yɛn nkyɛn ne yɛn bɛham a, yɛbɛse wɔn sɛ: Monhwɛ yɛn anim nnom wɔn, na yɛannya ɛyerenom amma wɔn mmaako mmaako, akodie no mu; nso ɛnyɛ mo na mode wɔn maa wɔn, na anka sɛsɛɛ deɛ, moadi so.

23 Na Benyaminfoɔ no yɛɛ saa, na wɔfefaa yerenom sɛdeɛ wɔn dodoɔ teɛ firii wɔn a wɔbɛsaeɛ a wɔkyekyeree wɔn no mu. Na wɔsii mu sane kɔɔ wɔn agyapadeɛ so, na wɔkyekyeree nkuro no tenatenaa mu.

24 Na Israelfoɔ no nso firii hɔ berɛ no mu kɔɔ wɔn mmusuakuo ne wɔn mmusua mu, na wɔfirii hɔ kɔɔ wɔn agyapadeɛ ho.

25 Nna no mu no, na ɔhene biara nni Israel; obiara yɛ deɛ ɛtene wɔ n’ani so.

The Bible Society of Ghana, 2012

Bible Society of Ghana
Lean sinn:



Sanasan