Atemmufo 20 - New Revised Asante Twi BibleBenyamin so asatuo 1 Ɛnna Israelfoɔ nyinaa tuiɛ, na asafo no ano bɛhyiaa sɛ onipa baako, ɛfiri Dan kɔsi Beer-seba ne Gilead asase, na wɔbaa Mispa AWURADE nkyɛn. 2 Na ɔman no nyinaa, Israel mmusuakuo nyinaa mu mpanimfoɔ no, bɛgyinaa Nyankopɔn man dwabɔ no mu, wɔyɛ mmarima mpemahanan a wɔnam anammɔn mu a wɔtwe nkrantɛ. 3 (Na Benyaminfoɔ tee sɛ Israelfoɔ asim kɔ Mispa.) Na Israelfoɔ no kaa sɛ: Monka nkyerɛ yɛn, ɛyɛɛ dɛn na wɔyɛɛ bɔne a ɛte seyie? 4 Ɛnna ɔbarima Lewini a ɔyɛ ɔbaa a wɔdii no awuo no kunu no buaa sɛ: Meduruu Gibea a ɛyɛ Benyamin deɛ no mu, me ne me mpena no, na yɛbɛdaa hɔ. 5 Na Gibeafoɔ no sɔre tiaa me, na me nti wɔtwaa efie no ho hyiaa anadwo, anka me na wɔrepɛ me aku me, na me mpena no, wɔbrɛɛ no ase ara ma no wui. 6 Na mesɔɔ me mpena no mu twitwaa no asinasini, na memaa wɔde kɔɔ Israel agyapadeɛ asase nyinaa so, ɛfiri sɛ wɔayɛ abusudeɛ ne nkwaseadeɛ Israel mu. 7 Na afei mo Israelfoɔ nyinaa nie, momma yɛn mo adwene ne afotuo wɔ ha yi ara. 8 Na ɔman no nyinaa sɔre gyinaa sɛ ɔbarima baako kaa sɛ: Yɛn mu biara renkɔ ntomadan mu, na yɛn mu biara remmane ne fie. 9 Na afei yei ne asɛm a yɛne Gibea bɛdie, yɛbɛkɔ wɔn so, ntonto so, 10 na yɛayi nnipa ɔha mu du Israel mmusuakuo nyinaa mu ne apem mu ɔha ne mpemdu mu apem, na wɔakɔfa aduane abrɛ ɔman no, na sɛ wɔba a, wɔabɛyɛ Gibea a ɛwɔ Benyamin sɛ nkwaseasɛm a wɔdii no Israel mu no nyinaa teɛ. 11 Na Israel mmarima no nyinaa kɔhyia tiaa kuro no; na wɔapam ayɛ sɛ ɔbarima baako. 12 Na Israel mmusuakuo somaa nnipa maa wɔkɔɔ Benyamin abusuakuo nyinaa mu kaa sɛ: Ɛdeɛn adebɔne ara ne deɛ wɔayɛ no mo mu yi? 13 Na afei monyi mma busufoɔ a wɔwɔ Gibea no mmra na yɛnku wɔn, na yɛnyi bɔne no mfiri Israel. Na Benyaminfoɔ no ampɛ sɛ wɔtie wɔn nuanom Israelfoɔ nne. 14 Na Benyaminfoɔ no fifiri nkuro mu bɛboaa wɔn ano Gibea, sɛ wɔbɛfiri ne Israelfoɔ no akɔko. 15 Na wɔkan Benyaminfoɔ no da no ara, wɔn a wɔfifiri nkuro mu, nnipa mpemaduonu nsia a wɔtwe nkrantɛ; ɛsono Gibeafoɔ a wɔkan wɔn a wɔyɛ mmarima a wɔayi wɔn ahanson no. 16 Dɔm yi nyinaa mu mmarima a wɔayi wɔn ahanson yɛ abenkumma, wɔn nyinaa tumi to enwi mu ntɔmmoɔ a ɛmfom. 17 Na Israel mmarima a wɔkan wɔn no, wɔyi Benyamin firi mu a, wɔyɛ mmarima mpemahanan a wɔtwe nkrantɛ. Yeinom nyinaa yɛ mmarima akofoɔ. 18 Na Israelfoɔ sɔree, na wɔsii mu kɔɔ Betel kɔbisaa Onyankopɔn; na wɔse: Yɛn mu hwan na ɔnkɔ kane ne Benyaminfoɔ no nkɔko? Na AWURADE kaa sɛ: Yuda nkɔ kane. 19 Na Israelfoɔ no sɔree anɔpa kɔkyeree Gibea so nsraban. 20 Na Israel mmarima no tu kɔɔ sɛ wɔne Benyamin rekɔko, na Israel mmarima no twitwaa wɔn so mpasua wɔ Gibea. 21 Na Benyaminfoɔ no firii adi firii Gibea, na wɔbɛkaa Israel mmarima mpemaduonu mmienu guu fam da no ara. 22 Na Israel mmarima dɔm no miaa wɔn ani, na wɔtwitwaa wɔn mpasua bio deɛ wɔtwitwaa no da a ɛdi kan hɔ no ara. 23 Na Israelfoɔ no kɔ kɔsuu AWURADE anim kɔsii anwummerɛ, na wɔbisaa AWURADE kaa sɛ: Mentwe mpini bio na me ne me nua Benyamin mma nkɔko? Na AWURADE kaa sɛ: Monkɔ ne so. 24 Na Israelfoɔ no pinkyɛɛ Benyaminfoɔ baa wɔn so da a ɛtɔ so mmienu no. 25 Na Benyamin firii adi firii Gibea da a ɛtɔ so mmienu no, na wɔkaa Israelfoɔ no mu mmarima mpem dunwɔtwe guu fam bio, yeinom nyinaa yɛ mmarima a wɔtwe nkrantɛ. 26 Ɛnna Israelfoɔ no nyinaa ne ɔman no nyinaa sii mu kɔɔ Betel, na wɔsui, na wɔtenaa AWURADE anim hɔ dii abuada da no de kɔsii anwummerɛ, na wɔbobɔɔ hyeɛ afɔdeɛ ne asomdwoeɛ afɔdeɛ AWURADE anim. 27 Na Israelfoɔ no bisaa AWURADE, (ɛfiri sɛ ɛhɔ na na Nyankopɔn apam adaka no wɔ nna no mu, 28 na Aaron ba Eleasa ba Pinehas na ɔgyina n’anim nna no mu.) Na wɔkaa sɛ: Memfiri adi bio ne me nua Benyamin mma nkɔko anaasɛ mennyae? Na AWURADE kaa sɛ: Monkɔ, na ɔkyena mede no bɛhyɛ mo nsa. 29 Ɛnna Israel de atɛfoɔ twaa Gibea ho hyiaeɛ. 30 Na Israelfoɔ no sii mu kɔɔ Benyaminfoɔ no so da a ɛtɔ so mmiɛnsa no, na wɔtwitwaa Gibea so mpasua sɛ kane no. 31 Na Benyaminfoɔ no firii adi bɛhyiaa dɔm no, na wɔtwee wɔn firii kuro no mu, na wɔfirii aseɛ bobɔɔ nnipa no bi kunkumm wɔn sɛ kane no, atempɔn a baako kɔ Betel na baako nso kɔ Gibea petee mu no so, Israel mu mmarima bɛyɛ aduasa. 32 Na Benyaminfoɔ no kaa sɛ: Wɔadi yɛn anim nkoguo sɛ kane no. Na Israelfoɔ kaa sɛ: Momma yɛnnwane, na yɛntwe wɔn mfiri kuro no mu mmra atempɔn so. 33 Na Israel mmarima no nyinaa sɔresɔre firii wɔn afa, na wɔkɔtwaa mpasua wɔ Baal-tamar. Na Israel atɛfoɔ no firii adi firii wɔn afa, Geba bodan no ho. 34 Na mmarima mpemdu a wɔayi wɔn Israel nyinaa mu no bɛfirii Gibea nkyɛn mu, na ɔko no mu yɛɛ den. Nso na Benyaminfoɔ no nnim sɛ amaneɛ rebɛto wɔn. 35 Na AWURADE kumm Benyamin Israel anim, na Israelfoɔ no dwerɛɛ Benyamin mmarima mpemaduonu nnum ne ɔha da no. Yeinom nyinaa yɛ mmarima a wɔtwe nkrantɛ. 36 Na Benyaminfoɔ no hunuu sɛ wɔaka wɔn agu, na Israel mmarima bɔɔ twi na wɔmaa Benyamin kwan, ɛfiri sɛ na wɔn ani da atɛfoɔ a wɔama wɔakɔtetɛ Gibea no so. 37 Na atɛfoɔ no yɛɛ ntɛm kɔto hyɛɛ Gibea so, na atɛfoɔ no sɔɔ mu de nkrantɛ ano kunkumm kuro mufoɔ no nyinaa. 38 Nso kasasie a na ɛda Israel mmarima no ne atɛfoɔ no ntam ne sɛ: Sɛ wɔma wisie kumoo a ɛso firi kuro no mu sɔre kɔ soro a, 39 Israel mmarima no nnane wɔn ho dɔm no ano. Nso na Benyamin afiri aseɛ abobɔ Israel mmarima no akunkum wɔn mu nnipa bɛyɛ aduasa, na wɔse: Ka ara na yɛaka wɔn aguo wɔ yɛn anim sɛ kane ko no mu. 40 Na egyahyeɛ no firi aseɛ maa wisie kumoo no sɔre firii kuro no mu kɔɔ soro no, Benyamin hwɛɛ wɔn akyi, na hwɛ, na kuro mu no rehye na ne wisie reforo kɔ soro. 41 Na Israel mmarima no nso danedanee wɔn ho, na nketenkete kutaa Benyamin mmarima no, ɛfiri sɛ wɔhunuu sɛ amaneɛ ato wɔn. 42 Na wɔdanee wɔn akyi Israel mmarima no anim faa ɛserɛ so kwan; na ɔko no tu taree wɔn, na wɔn a wɔfifiri nkuro mu baeɛ no dwerɛɛ wɔn wɔn mu. 43 Wɔkaa Benyamin hyɛɛ mu hyiae tii wɔn ara kɔduruu wɔn asoɛeɛ pamm wɔn kɔsii Gibea ntentensoɔ, owiapueeɛ. 44 Na Benyamin mmarima mpemdunwɔtwe totɔe; yeinom nyinaa yɛ mmarima akofoɔ. 45 Ɛnna wɔdanee wɔn ho dwane kɔɔ ɛserɛ so fam Rimon botan no ho; na wɔkunkumm wɔn sɛdeɛ wɔtase mpɛpɛ, atempɔn no so, mmarima mpemnum; na wɔtu taree wɔn dii wɔn akyi kɔduruu Gidom, na wɔkunkumm wɔn mu mmarima mpennu. 46 Na Benyamin atɔfoɔ a wɔtotɔɔ da no nyinaa yɛ mmarima mpemaduonu nnum a wɔtwe nkrantɛ; yeinom nyinaa yɛ mmarima akofoɔ. 47 Na mmarima ahansia nko na wɔdanee wɔn ho dwane kɔɔ ɛserɛ soɔ kɔɔ Rimon botan no soɔ, na wɔkɔtenaa Rimon botan no so, abosome nnan. 48 Na Israel mmarima no sane wɔn akyi baa Benyaminfoɔ no so, na wɔde nkrantɛ ano kunkumm wɔn, ne mmoa, ne deɛ wɔn nsa kaeɛ nyinaa; nso wɔtotoo nkuro a wɔduruu soɔ no nyinaa mu gya. |
The Bible Society of Ghana, 2012