Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -

Atemmufo 19 - New Revised Asante Twi Bible


Gibeafoɔ mmusuo

1 Na nna no mu a ɔhene biara nni Israel no, na Lewini bi wɔ hɔ, na ɔkɔyɛɛ hɔhoɔ Efraim bepɔ asase no so akyirikyiri baabi na ɔkɔfaa mpena bi firii Betlehem Yuda.

2 Na ne mpena no firii n’akyi kɔbɔɔ adwaman, na ɔfirii ne nkyɛn kɔɔ n’agya fie Betlehem Yuda na ɔkɔdii hɔ nna bi, abosome nnan.

3 Na ne kunu no sɔre tii no sɛ ɔrekɔka no abodwosɛm na ɔde no asane aba, na n’abɔfra ne mfunumu mmienu ka ne ho. Na ɔbaa no de no kɔɔ n’agya fie; na ababaa no agya hunuu no no, ɔde anigyeɛ hyiaa no.

4 Na n’ase, ababaa no agya no, worɔɔ no, na ɔtenaa ne nkyɛn nnansa. Na wɔdidii, nomee na wɔtenaa hɔ.

5 Na da a ɛtɔ so nnan no, ɔsɔree anɔpatutu, na ɔsiesiee ne ho sɛ anka ɔresim; na ababaa no agya no ka kyerɛɛ no sɛ: Fa paanoo afono ma bi dwodwo w’akoma, na ɛno akyiri no, moasi kwan so.

6 Na wɔtenatenaa ase, na wɔn baanu no nyinaa didii na wɔnomee. Na ababaa no agya no ka kyerɛɛ ɔbarima no sɛ: Pene ɛ, na da anadwo yi, na gye w’ani.

7 Na ɔbarima no sɔree sɛ ɔresim no, n’ase no worɔɔ no, na ɔtenaa ase daa hɔ.

8 Na ɛda a ɛtɔ so nnum no, ɔsɔree anɔpatutu sɛ ɔrekɔ. Na ababaa no agya no kaa sɛ: Dwodwo w’akoma, na montwɛn nkɔsi sɛ owia bɛdane ne ho; na wɔn baanu no didii.

9 Na ɔbarima no sɔree sɛ ɔrekɔ, ɔno ne ne mpena ne n’abɔfra no. Na n’ase, ababaa no agya no, ka kyerɛɛ no sɛ: Enwunu redwo na adeɛ reyɛ asa, monna ɛ, hwɛ, adesaeɛ abɛn, da ha na gye w’ani, na ɔkyena moatua nhema atu mo kwan akɔ wo fie.

10 Na ɔbarima no ampene sɛ ɔbɛda hɔ anadwo no; na ɔsɔre kɔe, na ɔkɔduruu Yebus (a ɛne Yerusalem) no ntentensoɔ; na mfunumu mmienu a wɔahyehyɛ wɔn no ne ne mpena no ka no ho.

11 Wɔduruu Yebus no, na adeɛ resa pa ara. Na abɔfra no ka kyerɛɛ ne wura no sɛ: Ma yɛmmane nkɔ Yebusifoɔ kuro yi mu nkɔda hɔ.

12 Na ne wura ka kyerɛɛ no sɛ: Mma yɛmmmane nnkɔ ananafoɔ a Israelfoɔ mu bi nni ha kuro mu, na yɛntwam nkɔ Gibea.

13 Na ɔka kyerɛɛ n’abɔfra no sɛ: Duom na yɛmmɛn nkuro no mu baako nkɔda Gibea anaa Rama.

14 Na wɔtwaa mu kɔe, na owia kɔtɔɔ wɔn wɔ Gibea a ɛyɛ Benyamin deɛ no ho.

15 Na wɔmane kɔɔ hɔ sɛ wɔrekɔda Gibea. Na ɔduruiɛ no, ɔtenaa kuro no abɔntene so, na obiara ammɛfa wɔn ankɔ ne fie sɛ wɔnkɔda hɔ.

16 Na hwɛ, akɔkoraa bi firi n’adwuma ano afuom anwummerɛ bae; na onipa no firi Efraim bepɔ so na ɔbɛyɛɛ hɔhoɔ Gibea, na kurom hɔfoɔ yɛ Benyaminfoɔ.

17 Na ɔmaa n’ani so, na ɔhunuu ɔbarima kwantenni no, kuro no abɔntene so, na akɔkoraa no ka kyerɛɛ no sɛ: Ɛhe na worekorɔ, na ɛhe nso na wofire?

18 Na ɔka kyerɛɛ no sɛ: Yɛfiri Betlehem Yuda retwam akɔ Efraim bepɔ asase no so akyirikyiri baabi; ɛhɔ na mefire na mekɔɔ Betlehem Yuda. Na AWURADE fie na merekorɔ yi, nso obiara mmɛfa me nkɔsoɛ ne fie.

19 Nanso ɛserɛ ne aduane wɔ hɔ ma yɛn mfunumu no, na paanoo ne nsa wɔ hɔ ma me ne w’afenaa ne abɔfra a ɔka wo nkoa ho no nso, biribiara nhia yɛn.

20 Na akɔkoraa no kaa sɛ: Asomdwoeɛ nka wo. Ma deɛ ɛhia woɔ nyinaa nna me so. Abɔntene so nko ara na nna!

21 Na ɔde no kɔɔ ne fie, na ɔmaa mfunumu no aduane, na wɔhohoroo wɔn nan ho, na wɔdidi nomee.

22 Wɔn deɛ, wɔrema wɔn bo atɔ wɔn yam no, hwɛ, kurom hɔfoɔ mma busufoɔ bi bɛtwaa efie no ho hyiae, na wɔpempem ɛpono no, na wɔka kyerɛɛ efiewura akɔkoraa no sɛ: Fa ɔbarima a ɔbɛsoɛɛ wo fie no firi adi bra na yɛne no nna.

23 Na ɔbarima efiewura no firii adi kɔɔ wɔn nkyɛn hɔ kɔka kyerɛɛ wɔn sɛ: Dabi, me nuanom, monnyɛ adebɔne yi! Sɛ ɔbarima yi anya abɛsoɛ me fie yi, monnni nkwaseasɛm yi.

24 Na me ba ɔbaabunu, ne ne mpena nie, momma memfa wɔn mfiri adi na mommrɛ wɔn ase na monyɛ wɔn deɛ ɛyɛ wɔ mo ani soɔ. Na ɔbarima yi deɛ, monnyɛ no nkwaseadeɛ a ɛte sɛɛ.

25 Nanso mmarima no ampɛ sɛ wɔbɛtie no; ɛnna ɔbarima no sɔɔ ne mpena no mu de no firii adi brɛɛ wɔn abɔntene soɔ; na wɔne no dae yɛɛ no biribiara a wɔpɛ anadwo no ara kɔsii anɔpa, na adeɛ kyeeɛ no, wɔgyaa no maa no kɔe.

26 Na anim reyɛ abae no, ɔbaa no bae, na ɔbɛhwee ɔbarima no fie a ne wura wɔ mu no pono ano daa hɔ kɔsii sɛ anim teteeɛ.

27 Na ne wura no sɔree anɔpa hinii efie no apono firii adi sɛ ɔrekɔ ne kwan no, na hwɛ, ne mpena no da efie no pono no ano, na ne nsa gu aponnwa aseɛ deɛ no so.

28 Na ɔka kyerɛɛ no sɛ: Sɔre na yɛnkɔ. Na obiara annye so. Ɛnna ɔbarima no faa no too afunumu no soɔ, na ɔsɔre kɔɔ ne kurom.

29 Na ɔduruu ne fie no, ɔfaa sekan na ɔsɔɔ ne mpena no mu de fefaa ne nnompe ntam kyɛɛ ne mu asinasini dummienu, na ɔmaa wɔde kɔɔ Israel asase nyinaa so.

30 Na obiara a ɔhunuiɛ no, ɔkaa sɛ: Wɔnyɛe nso wɔnhunuu saa adeɛ yi bi da ɛfiri da a Israelfoɔ firi Misraim baeɛ de bɛduru nnɛ da yi; monnwene yei ho mo tirim, montu ho fo na monkasa.

The Bible Society of Ghana, 2012

Bible Society of Ghana
Lean sinn:



Sanasan