Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -

Atemmufo 16 - New Revised Asante Twi Bible


Samson soa Gasa apono kɔ

1 Na Samson sii mu kɔɔ Gasa, na ɔkɔhunuu ɔbaa dwamamfoɔ bi hɔ, na ɔkɔɔ ne nkyɛn.

2 Na wɔka kyerɛɛ Gasafoɔ no sɛ: Samson aba ha, na wɔtwaa ne ho hyiae, na wɔtɛɛ no anadwo no kuro no pono ano, na wɔtaree dinn anadwo no nyinaa kaa sɛ: Adeɛ kye anɔpa a, yɛbɛku no.

3 Na Samson da kɔsii dasuo mu, na ɔsɔree dasuo no mu, na ɔsɔɔ kuro no apono ne aponnwa mmienu no mu, na ɔtuu ɛne akyire adaban no nyinaa, na ɔde bɔɔ akɔnkɔn soa de kɔɔ bepɔ a ɛkyerɛ Hebron anim no atifi.


Delila ho asɛm

4 Na ɛno akyiri no, ɔdɔɔ ɔbaa bi Sorek subonhwa mu a ne din de Delila.

5 Na Filistifoɔ asafohene baa ne nkyɛn bɛka kyerɛɛ no sɛ: Daadaa no na hwɛ adekodeɛ a n’ahoɔden kɛseɛ no wɔ mu ne adekodeɛ a yɛde bɛtumi no na yɛakyekyere no abrɛ no ase, na yɛn mu biara bɛma wo nnwetɛbena apem ne ɔha.

6 Na Delila ka kyerɛɛ Samson sɛ: Ka kyerɛ me ɛ, ɛdeɛn mu na w’ahoɔden kɛseɛ no wɔ, na ɛdeɛn na wɔde bɛkyekyere woɔ abrɛ wo aseɛ?

7 Na Samson ka kyerɛɛ no sɛ: Sɛ wɔde nhomamono nson a ɛnwoeɛ kyekyere me a, ɛnneɛ mɛhodwo, na mayɛ sɛ onipa biara.

8 Ɛnna Filistifoɔ asafohene no de nhomamono kyeaoo nson a ɛnwoeɛ brɛɛ no, na ɔde kyekyeree no.

9 Nso na ɔwɔ atɛfoɔ hyɛ pia mu. Na ɔka kyerɛɛ no sɛ: Filistifoɔ wɔ wo so oo, Samson! Na ɔtetee nhoma no mu sɛdeɛ ogya ka firaeɛ a, ɛteteɛ no. Na wɔanhunu n’ahoɔden no ase.

10 Ɛnna Delila ka kyerɛɛ Samson sɛ: Hwɛ, woasisi me, na woatwa me nkontompo. Afei mesrɛ wo, kyerɛ me deɛ wɔbɛtumi de akyekyere woɔ ɛ.

11 Na ɔka kyerɛɛ no sɛ: Sɛ wɔde ntampehoma foforɔ a wɔmfa nyɛɛ adwuma da kyekyere me a, ɛnna mɛhodwo mayɛ sɛ onipa biara.

12 Na Delila faa ntampehoma foforɔ de kyekyeree no na ɔka kyerɛɛ no sɛ: Filistifoɔ wɔ wo so oo, Samson! Nso na atɛfoɔ no hyɛ pia mu. Na ɔtete firii ne basa ho sɛ asaawa.

13 Na Delila ka kyerɛɛ Samson sɛ: Woasisi me de abɛduru sɛsɛɛ yi, na woatwa me nkontompo. Kyerɛ me deɛ wɔbɛtumi de akyekyere woɔ. Na ɔka kyerɛɛ no sɛ: Sɛ wode me tirinwi mpɛsɛmpɛsɛ nson de fra ntomaban nwono a.

14 Na ɔde akoroteaa bɔɔ mu, na ɔkaa sɛ: Filistifoɔ wɔ wo so oo, Samson! Na ɔnyane firii ne nna no mu, na ɔtuu deɛ wanwono no mu akoroteaa no ne anwonneɛ no.

15 Na ɔka kyerɛɛ no sɛ: Ɛbɛyɛ dɛn na wobɛtumi aka sɛ: Medɔ wo, na w’akoma nni me ho yi? Mprɛnsa ni a woasisi me, na wonkyerɛɛ me adekodeɛ a w’ahoɔden kɛseɛ yi wɔ mu.

16 Na ɔde ne nsɛm dwan ne ho daa nyinaa yeraa ne ho na ne kra home tee no kɔɔ owuo mu no,

17 ɛnna ɔyii n’akoma mu nyinaa ka kyerɛɛ no sɛ: Yiwan nkaa m’atifi da, ɛfiri sɛ Nyankopɔn hotuafoɔ ne me firi me na yam; sɛ wɔyi me tiri a, na m’ahoɔden bɛfiri me ho, na mahodwo mayɛ sɛ onipa biara.

18 Na Delila hunuu sɛ waka no n’akoma mu asɛm nyinaa no, ɔsoma maa wɔkɔfrɛfrɛɛ Filistifoɔ asafohene no sɛ: Mommra prɛko yi, ɛfiri sɛ waka me n’akoma mu asɛm nyinaa. Na Filistifoɔ asafohene no baa ne nkyɛn, na wɔkurakura sika no wɔn nsam.

19 Na ɔdedaa no ne nankoroma so, na ɔfrɛɛ ɔbarima bi maa no bɛyii ne tirinwi mpɛsɛmpɛsɛ nson no, na ɔfirii aseɛ brɛɛ no ase, na n’ahoɔden no firii ne ho kɔe.

20 Na ɔkaa sɛ: Filistifoɔ wɔ wo so oo, Samson! Na ɔnyane firii ne nna no mu, na ɔse: Mɛfiri adi sɛ kane no, na mawoso me ho. Nanso ɔno deɛ, na ɔnnim sɛ AWURADE afiri ne ho.

21 Na Filistifoɔ no kyeree no tutuu n’ani, na wɔde no kɔɔ Gasa, na wɔde kɔbere mfrafraeɛ nkɔnsɔnkɔnsɔn guu no, na ɔyam ayuo apokyerɛfoɔ fie.

22 Na ne tirinwi firi aseɛ fui, n’ayie no akyi.


Samson nneyɛɛ a ɛtwa toɔ ne ne wuo

23 Na Filistifoɔ asafohene no hyiaa sɛ wɔrebɛbɔ afɔdeɛ kɛseɛ ama wɔn nyame Dagon na wɔagye wɔn ani; na wɔkaa sɛ: Yɛn nyame de yɛn tamfo Samson ahyɛ yɛn nsa.

24 Na ɔman no hunuu no no, wɔyii wɔn nyame no ayɛ, na wɔkaa sɛ: Yɛn nyame de yɛn tamfo ne yɛn asase sɛefoɔ a wakunkum yɛn mu pii no ahyɛ yɛn nsa.

25 Na berɛ a na wɔn ani agyeɛ no, wɔkaa sɛ: Momfrɛ Samson na ɔmmɛgoro nkyerɛ yɛn. Na wɔkɔfrɛɛ Samson firii apokyerɛfoɔ fie bae, na ɔgoroo wɔn anim, na wɔde no gyinaa adum no ntam.

26 Na Samson ka kyerɛɛ abɔfra a ɔkura ne nsa no sɛ: Gyaa me na mensosɔ adum mmienu a ɛdan no si soɔ no mu, na mentwere.

27 Nso na mmarima ne mmaa ayɛ efie hɔ ma, na Filistifoɔ asafohene nyinaa nso wɔ hɔ, na mmarima ne mmaa bɛyɛ mpensa wɔ ɛdan no atifi rehwɛ Samson agorɔ no.

28 Na Samson frɛɛ AWURADE sɛ: AWURADE Nyankopɔn, afei kae me, na hyɛ me den prɛko pɛ yi nko ara, Onyankopɔn, na mentɔ m’ani mmienu yi so were prɛko Filistifoɔ so.

29 Na Samson sosɔɔ mfimfini adum mmienu a ɛdan no si soɔ na ɛso no no mu, na ɔde ne nifa sɔɔ baako mu na ɔde benkum sɔɔ baako mu.

30 Na Samson kaa sɛ: Ma me ne Filistifoɔ no nwuwu! Na ɔde n’ahoɔden nyinaa kuntunii, na efie no dwiri guu asafohene no ne nnipa a wɔwɔ mu no nyinaa so. Na awufoɔ a ɔmaa wɔwuiɛ ne wuo mu dɔɔso sene wɔn a ɔmaa wɔwuiɛ ne nkwa berɛ mu.

31 Ɛnna ne nuanom ne n’agya fie nyinaa siane kɔ kɔfaa no de no foro ba bɛsiee no Sora ne Estaol ntam wɔ n’agya Manoa asieeɛ. Na ɔno deɛ, ɔbuu Israel atɛn mfirinhyia aduonu.

The Bible Society of Ghana, 2012

Bible Society of Ghana
Lean sinn:



Sanasan