Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -

Atemmufo 15 - New Revised Asante Twi Bible


Samson ne nsakraman ahasa no

1 Na ɛbaa sɛ ɛkyɛree kakra no, ayuotwa berɛ mu no, Samson de abirekyie ba kɔɔ sɛ ɔrekɔhwɛ ne yere anim, na ɔkaa sɛ: Mɛkɔ me yere nkyɛn pia mu. Nanso ɔbaa n’agya amma no kwan amma no ankɔ mu.

2 Na ɔbaa n’agya kaa sɛ: Me deɛ, mese wompɛ no bio, enti mede no mama wo yɔnko bi. Ne nua kumaa no ho nyɛ fɛ nsene no anaa? Fa no si n’ananmu.

3 Na Samson ka kyerɛɛ wɔn sɛ: Yei deɛ, sɛ me ne Filistifoɔ di no bɔne a, merenni ho so biara.

4 Na Samson sii mu kɔ kɔkyeree nsakraman ahasa, na ɔfaa ogyatɛnee na ɔde dua sii dua anim de gyatɛnee hyɛɛ dua mmienu biara ntam.

5 Na ɔsosɔɔ ogyatɛnee no ano no, ɔgyaa wɔn maa wɔkɔɔ Filistifoɔ no ayufuo mu maa no hyee ayuo akuakuo ne ayuo a ɛsisi hɔ ne ngodua nturo no.

6 Ɛnna Filistifoɔ no kaa sɛ: Hwan mpo na ɔyɛɛ yei? Na wɔse: Timnani no ase Samson, sɛ ɔde ne yere ama ne yɔnko nti. Ɛnna Filistifoɔ no sii mu kɔeɛ de ogya kɔhyee ɔbaa no ne n’agya fie.

7 Na Samson ka kyerɛɛ wɔn sɛ: Sɛ moayɛ saa a, gye sɛ matɔ mo were ansa na magyae.

8 Na ɔbobɔɔ wɔn srɛ ne dwonkuo so kunkumm wɔn okunkɛseɛ. Na ɔsii mu kɔtenaa Etam botan tokuro mu.


Samson ne afunumu abɔgye

9 Ɛnna Filistifoɔ ba bɛkyeree Yuda so nsraban, na wɔtrɛɛ wɔn mu wɔ Lehi.

10 Na Yuda mmarima no kaa sɛ: Adɛn nti na moaba yɛn soɔ yi? Na wɔse: Yɛreba abɛkyekyere Samson na yɛayɛ no sɛdeɛ ɔyɛɛ yɛn no.

11 Na Yuda mu mmarima mpensa sii mu kɔɔ Etam botan tokuro no mu, na wɔka kyerɛɛ Samson sɛ: Wonnim sɛ Filistifoɔ na wɔdi yɛn soɔ, na ɛdeɛn na woayɛ yɛn yi? Na ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ: Sɛ wɔyɛɛ me no, saa ara na mayɛ wɔn.

12 Na wɔka kyerɛɛ no sɛ: Yɛreba abɛkyekyere wo na yɛde wo akɔhyɛ Filistifoɔ no nsa. Na Samson ka kyerɛɛ wɔn sɛ: Monka ntam nkyerɛ me sɛ mo ara deɛ, morenyɛ me hwee.

13 Na wɔka kyerɛɛ no sɛ: Dabi, na kyekyerɛ nko na yɛrebɛkyekyere woɔ de wo akɔhyɛ wɔn nsa. Na kum deɛ, yɛrenku wo. Na wɔde ntampehoma foforɔ mmienu kyekyeree no, na wɔde no foro firii ɔbotan no mu.

14 Ɔreyɛ aduru Lehi no, Filistifoɔ no bɔɔ ne so ose. Na AWURADE honhom sii ne so, na ntampehoma a ɛwɔ ne basa ho no yɛɛ sɛ asaawa a wɔde ogya aka na ne homa no sanesane firii ne nsa.

15 Na ɔhunuu afunumu abɔgye foforɔ bi, na ɔtenee ne nsa fa de kunkumm mmarima apem.

16 Na Samson kaa sɛ: Mede afunumu abɔgye, ekuo nie, akuo mmienu nie, mede afunumu abɔgye makunkum mmarima apem.

17 Na ɛbaa sɛ ɔwiee kasa no, ɔtoo abɔgyeɛ no mu firi ne nsam twenee, na wɔfrɛɛ hɔ sɛ Ramat-lehi.

18 Na sukɔm de no sɛ, na ɔsu frɛɛ AWURADE sɛ: Wo na wode gyeɛ kɛseɛ yi ahyɛ w’akoa nsa, na afei sukɔm reku me, na mahwe momonotofoɔ nsam.

19 Na Onyankopɔn paee tokuro a ɛwɔ Lehi no mu, na nsuo firi hɔ bae, na ɔnomee. Na ne honhom sane bae na ɔnyaa nkwa. Enti wɔfrɛ hɔ En-hakore a ɛwɔ Lehi de bɛsi nnɛ yi.

20 Na ɔbuu Israel atɛn Filistifoɔ berɛ no so mfirinhyia aduonu.

The Bible Society of Ghana, 2012

Bible Society of Ghana
Lean sinn:



Sanasan