Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -

Atemmufo 14 - New Revised Asante Twi Bible


Samson awadeɛ ne n’aborɔme no

1 Na Samson siane kɔɔ Timna, na ɔkɔhunuu ɔbaa bi wɔ Timna a ɔyɛ Filistifoɔ mmammaa no bi.

2 Na ɔforo ba bɛka kyerɛɛ n’agya ne ne na sɛ: Makɔhunu ɔbaa bi wɔ Timna, Filistifoɔ mma mu, na monkɔfa no mmrɛ me nware.

3 Na n’agya ne ne na ka kyerɛɛ no sɛ: Wo nuanom mma mmaa ne me man nyinaa mu nni ɔbaa bi, na worekɔ akɔware ɔbaa Filistifoɔ momonotofoɔ no mu? Na Samson ka kyerɛɛ n’agya sɛ: Ɔno na kɔfa no brɛ me, na ɔno na ɔsɔ m’ani.

4 Na n’agya ne ne na nnim sɛ yei firi AWURADE, na ɔrepɛ Filistifoɔ ho kwan; ɛfiri sɛ saa berɛ no na Filistifoɔ di Israel so.

5 Na Samson ne n’agya ne ne na sii mu kɔɔ Timna. Na wɔduruu Timna bobe nturo ho, na hwɛ, gyataburuwa bi boboom hyiaa no.

6 Na AWURADE honhom sii ne so, na ɔtetee ne mu, sɛdeɛ wɔtete abirekyie ba mu, nanso na hwee nkuta ne nsam. Na wanka deɛ ɔyɛeɛ no ankyerɛ n’agya ne ne na.

7 Na ɔsii mu kɔ kɔnee ɔbaa no kasae, na ɔsɔɔ Samson ani.

8 Na nna bi akyiri no, ɔsane kɔɔ sɛ ɔrekɔhyia no, na ɔmane kɔhwɛɛ gyata funu no, na hwɛ nwowa manyamanya ne ɛwoɔ adɔre gyata no yam.

9 Na ɔfaa bi kura kɔe, na ɔrekorɔ na ɔredi, na ɔkɔduruu n’agya ne ne na nkyɛn, na ɔmaa wɔn bi dii; nanso wanka ankyerɛ wɔn sɛ gyata no yam na ɔyii ɛwoɔ no.

10 Na n’agya sii mu kɔɔ ɔbaa no nkyɛn, na Samson too pono wɔ hɔ, ɛfiri sɛ saa na na mmeranteɛ taa yɛ.

11 Na wɔhunuu no no, wɔde nnamfonom aduasa bɛkaa ne ho.

12 Na Samson ka kyerɛɛ wɔn sɛ: Merebɛto mo aborɔme bi. Sɛ motumi kyerɛ me aseɛ nnanson apontoɔ yi mu na mohunu a, ɛnneɛ mɛma mo nkamisaa aduasa ne ntadeɛ nsakyeraho aduasa;

13 na sɛ moantumi ankyerɛ me a, mo nso momma me nkamisaa aduasa ne ntadeɛ nsakyeraho aduasa. Na wɔka kyerɛɛ no sɛ: To w’aborɔme no na yɛntie.

14 Na ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ: Odidifoɔ mu na aduane firi baeɛ, na ɔhoɔdenfoɔ mu na nnɔkɔnnɔkɔwadeɛ firi baeɛ. Na wɔantumi ankyerɛ aborɔme no ase nnansa.

15 Na ɛbaa sɛ da a ɛtɔ so nson no, wɔka kyerɛɛ Samson yere no sɛ: Daadaa wo kunu na ɔnkyerɛ yɛn aborɔme no ase, na yɛamfa ogya anhye wo ne w’agya fie! Yɛn hia mu nti na mobɛhyiaa yɛn? Ɛnte saa anaa?

16 Na Samson yere no su guu ne so kaa sɛ: Tane nko na wotane me na wonnɔ me. Woato me nkurɔfoɔ aborɔme, nso wonkyerɛɛ me aseɛ. Na ɔka kyerɛɛ no sɛ: Hwɛ, m’agya ne me na mpo menkyerɛɛ wɔn, na wo na menkyerɛ woɔ anaa?

17 Na ɔsu guu ne so nnanson no a apontoɔ no gu soɔ no nyinaa. Na da a ɛtɔ so nson no ɔka kyerɛɛ no, ɛfiri sɛ na ɔha no. Na ɔkɔka kyerɛɛ ne nkurɔfoɔ no.

18 Na kuro no mu mmarima ka kyerɛɛ no da a ɛtɔ so nson no ansa na owia retɔ sɛ: Ɛdeɛn na ɛyɛ dɔkɔdɔkɔ sene ɛwoɔ, na ɛdeɛn na ne ho yɛ den sene gyata? Na ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ: Moamfa me nantwie amfuntum a, anka moanhunu m’aborɔme no ase.

19 Na AWURADE honhom sii ne so, na ɔsii mu kɔɔ Askelon kɔkunkumm wɔn mu mmarima aduasa, na ɔfaa wɔn ho adeɛ, na ɔde ntadeɛ nsakyeraho no memaa wɔn a wɔkyerɛɛ aborɔme no aseɛ no. Na ne bo fui. Na ɔsane kɔɔ n’agya fie.

20 Na wɔde Samson yere no maa ne yɔnko a ɔfaa no adamfo no.

The Bible Society of Ghana, 2012

Bible Society of Ghana
Lean sinn:



Sanasan